Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI ADUONU

“Migye Di”

“Migye Di”

1. Ka awerɛhow a na Marta redi ne nea na ama ɔredi awerɛhow no ho asɛm.

NÁ Marta betumi de n’adwene atwa ɔboda a wɔde ɔbo ato ano a na ne nuabarima no da mu no ho mfonini. Ná awerɛhow ama wabotow paa. Ná ɛyɛ den ma no sɛ obegye atom sɛ ne nua Lasaro a ɔdɔ no no awu. Ná awerɛhow a Marta redi, ahɔho a wɔredi fie hɔ akɔneaba, ne nkurɔfo a wɔrema wɔn hyɛden fi nnanan a ne nuabarima no wui no ama onhu nea ɔnyɛ ne ho.

2, 3. (a) Ɛbɛyɛ sɛ bere a Marta huu Yesu no, ɛkaa no dɛn? (b) Dɛn na asɛntitiriw a Marta kae no ma yehu fa no ho?

2 Afei, ná ɔbarima a ɔyɛ Lasaro adamfo paa na ogyina Marta anim yi. Bere a Marta huu Yesu no, ɛsan maa ne werɛ how kɛse, efisɛ wɔ wiase nyinaa no, na Yesu nkutoo ne obi a na anka obetumi agye ne nuabarima no nkwa. Nanso, Yesu nkyɛn a Marta kɔe wɔ Betania kurow ketewa a ɛda bepɔw so no kurotia no ma onyaa awerɛkyekye kakra. Yesu anim yɛbea ne tema a ɔdaa no adi wɔ bere tiaa a Marta dii wɔ ne nkyɛn no nyinaa san maa Marta nyaa awerɛkyekye. Obisaa Marta nsɛm bi a ɛboaa no ma ɔde n’adwene sii ne gyidi ne owusɔre no mu gyidi a ɔwɔ no so. Nkɔmmɔ a wɔbɔe no maa Marta kaa asɛntitiriw bi a na ɔnkaa bi da: “Migye di sɛ wone Kristo, Onyankopɔn Ba a ɔreba wiase no.”—Yoh. 11:27.

3 Saa asɛm a Marta kae no ma yehu sɛ na ɔyɛ ɔbea a ɔwɔ gyidi kɛse. Ne ho asɛm kakra a Bible ka no ma yenya asuade kɛse a ebetumi aboa yɛn ma yɛahyɛ yɛn ankasa gyidi den. Nea ɛbɛma yɛahu eyi no, ma yensusuw Marta ho kyerɛwtohɔ a edi kan a ɛwɔ Bible mu no ho.

‘Wudwinnwen Bebree na Wohaw Wo Ho’

4. Ɔkwan bɛn so na na Marta abusua no yɛ soronko, na na abusua no ne Yesu ntam te dɛn?

4 Saa asɛm yi sii wɔ asram kakra a na atwam bere a na Lasaro te ase na ɔte apɔw no. Ná Yesu Kristo a ɔyɛ onipa titiriw paa no rebɛsra wɔn wɔ wɔn fie a ɛwɔ Betania no. Ná Lasaro, Marta, ne Maria abusua no yɛ abusua soronko. Ná wɔyɛ anuanom baasa a wɔn ani afi a ɛda adi sɛ na wɔda so te ofie biako mu. Nhwehwɛmufo bi kyerɛ sɛ, ɛbɛyɛ sɛ na Marta na ɔyɛ anuanom baasa no mu panyin, efisɛ ɛrekame ayɛ sɛ ɔno na odii anim gyee Yesu hɔho, na afei ɔno na na wɔtaa di kan bɔ ne din. (Yoh. 11:5) Biribiara nni hɔ a ɛbɛma yɛahu sɛ na wɔn mu bi aware. Sɛnea ɛte biara no, wɔbɛyɛɛ Yesu nnamfo paa. Bere a na Yesu reyɛ ne som adwuma wɔ Yudea, baabi a ohyiaa ɔsɔretia na wɔtan n’ani pii no, wɔn fie na na ɔkɔsoɛ. Akyinnye biara nni ho sɛ, n’ani gyee kɛse wɔ wɔn fie hɔ, efisɛ na asomdwoe wɔ hɔ, na na wɔboa no.

5, 6. (a) Dɛn nti na na Marta nni adagyew koraa wɔ Yesu nsrahwɛ yi mu? (b) Bere a Yesu duu wɔn fie hɔ no, dɛn na Maria yɛe wɔ hokwan a na wanya no ho?

5 Ná Marta bɔ mmɔden sɛ ɔbɛma wɔn fie hɔ tena ayɛ anika na ahɔho nso ani agye wɔ hɔ. Esiane sɛ na ɔyɛ mmɔdenbɔfo, na onni ne ho adagyew koraa nti, na ɔtaa wɔ nnwuma pii a ɔyɛ. Bere a Yesu kɔsraa wɔn no, na ɔreyɛ nneɛma pii. Ntɛm ara na ɔyɛɛ nhyehyɛe sɛ ɔbɛyɛ nnuan ahorow a ɛyɛ dɛ ama ɔhɔho titiriw no, ne ebia nnipa a ɔne wɔn nam a na wɔabɛsra wɔn no. Saa bere no, na wɔntoto ahɔhoyɛ ase koraa. Sɛ obi nya ɔhɔho a, na ɔfew n’ano de ma no akwaaba. Afei nso, na oyi ɔhɔho no mpaboa, hohoro ne nan ho, na na ɔde ngohuam sra ne tirim. (Monkenkan Luka 7:44-47.) Ɛdefa baabi a ɔhɔho no bɛda ne aduan a obedi ho de, na wonni ho agoru koraa.

6 Ná Marta ne Maria ani abere reyɛ nneɛma pii a wɔde bɛhwɛ wɔn hɔho no. Ɛda adi sɛ, bere a na wɔn hɔho no nnya mmae no, Maria a nnipa pii susuw sɛ ɔno na na bere nyinaa ɔrepɛ biribi ahu na ɔhwɛ nneɛma kɔ akyiri no boaa ne nuabea no. Nanso, bere a Yesu bedui no, nneɛma sesae. Yesu de hokwan no kyerɛkyerɛɛ wɔn a ɔkɔtoo wɔn no. Yesu anyɛ n’ade te sɛ nyamesom akannifo a na wɔwɔ ne bere so no. Ɔno de, na obu mmea, na na wayɛ krado sɛ ɔbɛka Onyankopɔn Ahenni a na ɛyɛ n’asɛnka adwuma no asɛmti no ho asɛm akyerɛ wɔn. Maria a na n’ani agye hokwan a wanya no ho no tenaa Yesu nan ase tiee nea ɔkae biara.

7, 8. Dɛn nti na biribi bɛhyɛɛ Marta bo, na ɔkwan bɛn so na awiei koraa no, ɔdaa n’abufuw no adi?

7 Yebetumi de yɛn adwene abu nea na abɛhyɛ Marta bo. Esiane nnuan ahorow ne nnwuma pii a na ɔreyɛ ama ahɔho no nti, odwinnwen nneɛma pii ho a na onhu nea ɔnyɛ. Bere a n’ani abere a na ɔredi akɔneaba na ohui sɛ ne nuabea no te hɔ a ɔnyɛ hwee mmoa no no, so n’anim sesae, oguu ahome, anaa omunae? Sɛ ɔyɛɛ saa mpo a, anka ɛnyɛ nwonwa. Ná ɔno nkutoo rentumi nyɛ saa nnwuma no nyinaa!

8 Awiei koraa no, Marta antumi anhyɛ ne ho so bio. Otwaa Yesu ano kae sɛ: “Awurade, wunhu sɛ me nuabea no agyaw me nkutoo na mereyɛ ade? Enti ka kyerɛ no na ɔmmɛka me ho mmoa me.” (Luka 10:40) Asɛm a Marta kae yi kyerɛ sɛ na n’ani abere. Nkyerɛase ahorow bi kyerɛ n’asɛmmisa no ase sɛ: “Awurade, enti ɛnhaw wo sɛ . . . ?” Ɛno akyi no, ɔka kyerɛɛ Yesu sɛ ɔnka nkyerɛ Maria sɛ ɔnsɔre mmɛboa no.

9, 10. (a) Mmuae bɛn na Yesu de maa Marta? (b) Yɛyɛ dɛn hu sɛ ɛnyɛ teɛ na na Yesu reteɛ Marta so wɔ adwumaden a na ɔreyɛ no ho?

9 Ɛbɛyɛ sɛ mmuae a Yesu de maa Marta no yɛɛ no nwonwa, sɛnea ɛde besi nnɛ ayɛ Bible akenkanfo pii nwonwa no. Ɔtɔɔ ne bo ase ka kyerɛɛ no sɛ: “Marta, Marta, wudwinnwen bebree na wode nneɛma pii haw wo ho. Nanso, nneɛma kakraa bi na ehia, anaasɛ biako pɛ. Maria de, wapaw nea ɛyɛ papa, na wɔrennye mfi ne nsam.” (Luka 10:41, 42) Ná Yesu repɛ akyerɛ dɛn? So na ɔrepɛ akyerɛ sɛ honam fam nneɛma ho hia Marta dodo? So na ɔreteɛ Marta so esiane sɛ na ɔreyɛ adwumaden de asiesie aduan pa nti?

Ɛwom sɛ na Marta ‘dwinnwen bebree na ɔde nneɛma pii haw ne ho’ de, nanso ofi ahobrɛase mu gyee nteɛso toom

10 Dabi. Yesu hui pefee sɛ ɛyɛ ɔdɔ ne adwempa na na Marta de reyɛ saa. Bio nso, wante nka sɛ nneɛma pii a wɔyɛ de som ahɔho no yɛ mfomso. Bere tiaa bi a na atwam no, na Yesu fi ne pɛ mu akɔ ‘apontow kɛse’ bi a Mateo tow maa no no ase. (Luka 5:29) Ná ɛnyɛ aduan a Marta reyɛ no ne asɛm no; na mmom, ɛyɛ nneɛma a na ɔde di kan wɔ n’asetena mu ho asɛm na na Yesu reka. Marta de n’adwene sii nnuan ahorow a na ɔreyɛ no so araa ma ne werɛ fii nea na ɛho hia paa no. Ná ɛyɛ dɛn?

Yesu ani sɔɔ ahɔhoyɛ a Marta daa no adi no, na ohui sɛ ɔdɔ ne adwempa na ɔde yɛɛ saa

11, 12. Ɔkwan bɛn so na Yesu fi ɔdɔ mu teɛɛ Marta adwene?

11 Yesu a ɔyɛ Yehowa Nyankopɔn Ba a ɔwoo no koro no kɔɔ Marta fie sɛ ɔrekɔkyerɛkyerɛ nokware no. Ná aduan pa a Marta resiesie ne nnwuma a ɔreyɛ no mu biara nni hɔ a ɛho hia sen Yesu nkyerɛkyerɛ no. Akyinnye biara nni ho sɛ, Yesu werɛ howee sɛ na Marta rema hokwan soronko a ɛbɛma ne gyidi ayɛ den no repa ne ti so, nanso wansi gyinae amma no. * Saa ara nso na na Marta nni hokwan sɛ ɔhyɛ Yesu ma ɔkyerɛ nea ɛsɛ sɛ Maria yɛ.

12 Enti Yesu fi ɔdɔ mu teɛɛ Marta adwene, na ɔtɔɔ ne bo ase bɔɔ ne din toatoaa so sɛnea ɛbɛyɛ a obedwudwo ne bo, na ɔmaa no awerɛhyem sɛ ɛho nhia sɛ ‘odwinnwen bebree na ɔde nneɛma pii haw no ho.’ Sɛ honhom fam aduan wɔ hɔ a, na ɛho nhia sɛ ɔyɛ nnuan pii. Enti, na biribiara nni hɔ a ɛbɛma Yesu akasa atia Maria wɔ “nea ɛyɛ papa” a na wapaw no ho—sɛ́ obesua biribi afi Yesu nkyɛn!

13. Dɛn na yebetumi asua afi ɔkwan a Yesu faa so teɛɛ Marta adwene no mu?

13 Kristo akyidifo a wɔwɔ hɔ nnɛ betumi asua nneɛma pii afi asɛm kakra a esii wɔ Marta fie hɔ no mu. Ɛnsɛ sɛ yɛma biribiara sɛe hokwan a yebenya de adi yɛn “honhom mu ahiade” ho dwuma no. (Mat. 5:3) Ɛwom sɛ yɛpɛ sɛ yesuasua Marta ayamye ne ne mmɔdenbɔ no de, nanso ɛnsɛ sɛ ‘yedwinnwen bebree na yɛhaw yɛn ho’ wɔ nneɛma a ɛho nhia pii wɔ ahɔhoyɛ ho no ho, na amma nneɛma a ɛho hia paa no ampa yɛn ti so. Ɛnyɛ nnuan pa a yɛde bɛma anaa yebenya afi yɛn mfɛfo gyidifo hɔ titiriw nti na yɛne wɔn bɔ fekuw, na mmom sɛ yɛbɛhyɛ yɛn ho yɛn ho nkuran, na yɛama yɛn ho yɛn ho honhom fam akyɛde. (Monkenkan Romafo 1:11, 12.) Aduan kakraa bi mpo a yɛbɛyɛ no betumi ama fekubɔ a ɛte saa no ayɛ nea ɛhyɛ gyidi den.

Onuabarima Bi a Wɔdɔ no Wui—Na Ɔsan Nyanee

14. Dɛn nti na yebetumi aka sɛ Marta yɛɛ nhwɛso pa sɛ ogyee nteɛso toom?

14 So Marta gyee Yesu nteɛso a efi ɔdɔ mu no toom, na osuaa biribi fii mu? Akyinnye biara nni ho sɛ, ɔyɛɛ saa. Bere a ɔsomafo Yohane reka biribi afa Marta nuabarima no ho no, ɔkae sɛ: “Na Yesu dɔ Marta ne ne nuabea ne Lasaro.” (Yoh. 11:5) Sɛnea yɛadi kan aka ho asɛm no, na asram kakra atwam fi bere a Yesu kɔɔ Betania no. Ɛda adi pefee sɛ, Marta anka n’anim ansi so; na wannya Yesu ho menasepɔw sɛ ofi ɔdɔ mu de afotu maa no. Ɔde koma pa tiee no. Wɔ saa asɛm yi mu nso, Marta yɛɛ gyidi ho nhwɛso pa a ɛkyɛn so maa yɛn, efisɛ yɛn nyinaa hia nteɛso bere ne bere mu.

15, 16. (a) Bere a yare bɔɔ Marta nuabarima no, dɛn na ɛbɛyɛ sɛ Marta yɛe? (b) Dɛn nti na Marta ne Maria anidaso no yɛɛ kwa?

15 Bere a yare bɔɔ Marta nuabarima no, yebetumi aka sɛ ɔbɔɔ mmɔden hwɛɛ no yiye. Ɔyɛɛ nea obetumi biara sɛ ɔbɛma ne ho atɔ no na waboa no ma ne ho ayɛ no den. Nanso, ne mmɔdenbɔ nyinaa akyi no, Lasaro yare no mu kɔɔ so yɛɛ den. Ne nuabeanom no tenaa ne ho bere nyinaa hwɛɛ no. Susuw mpɛn dodow a ɛbɛyɛ sɛ Marta hwɛɛ ne nuabarima no anim a na ayɛ hoyaa ne n’ani a na atotom no, ne sɛnea ɔbɛkae mfe pii a na wɔde atena ase wɔ bere pa ne bere bɔne mu no ho hwɛ!

16 Bere a Marta ne Maria hui sɛ Lasaro yare no mu ayɛ den no, wɔtoo Yesu nkra. Ná ɔreyɛ asɛnka adwuma no wɔ baabi a ɛyɛ nnanu kwan. Asɛm a wɔkɔka kyerɛɛ Yesu ara ne sɛ: “Awurade, hwɛ! nea wopɛ n’asɛm no yare.” (Yoh. 11:1, 3) Ná wonim sɛ Yesu dɔ wɔn nuabarima no, na na wɔwɔ gyidi sɛ ɔbɛyɛ nea obetumi biara de aboa n’adamfo no. So na wɔwɔ anidaso paa sɛ Yesu bɛba ansa na aka akyi dodo? Sɛ ɛte saa a, ɛnde wɔn anidaso no yɛɛ kwa. Efisɛ Lasaro wui.

17. Dɛn na ɛmaa Marta ho yeraw no, na bere a ɔtee sɛ Yesu adu kurow no kurotia no, dɛn na ɔyɛe?

17 Marta ne Maria nyinaa suu wɔn nuabarima no yɛɛ n’ayi ho nhyehyɛe, na wogyee ahɔho bebree a wofi Betania ne ne mpɔtam bae no. Ne nyinaa akyi no, na wɔntee Yesu nka. Ɛbɛyɛ sɛ, bere a bere rekɔ so no, Marta ho yeraw no paa. Awiei koraa no, bere a Lasaro wui akyi nnanan no, Marta tee sɛ Yesu adu kurow no kurotia. Wɔ saa bere a na Marta regyam ne nuabarima mpo no, ogyaee nea na ɔreyɛ nyinaa de ahopere kohyiaa Yesu a wammɔ Maria amanneɛ.—Monkenkan Yohane 11:18-20.

18, 19. Anidaso bɛn na Marta kaa ho asɛm, na dɛn nti na gyidi a na ɔwɔ no yɛ nwonwa?

18 Bere a Marta huu ne Wura no, ɔkaa nsɛm a na ɔne Maria de nna pii adwinnwen ho no sɛ: “Awurade, sɛ wowɔ ha a, anka me nua no anwu.” Nanso, na Marta da so ara wɔ gyidi, na na n’anidaso nsae. Ɔtoaa so sɛ: “Na seesei mpo, minim sɛ ade biara a wubebisa Onyankopɔn no, Onyankopɔn de bɛma wo.” Ɛhɔ ara na Yesu kaa biribi de hyɛɛ ne gyidi den. Ɔkae sɛ: “Wo nua no bɛsɔre.”—Yoh. 11:21-23.

19 Ná Marta susuw sɛ owusɔre a ɛbɛba daakye no ho asɛm na na Yesu reka, enti obuae sɛ: “Minim sɛ owusɔre mu, da a etwa to no, ɔbɛsɔre.” (Yoh. 11:24) Ná gyidi a ɔwɔ wɔ saa nkyerɛkyerɛ no mu no yɛ nwonwa. Nanso, ɛmfa ho sɛ Kyerɛwnsɛm no kyerɛkyerɛ owusɔre mu pefee no, na Yudafo nyamesom akannifo binom a wɔfrɛ wɔn Sadukifo no nnye ntom. (Dan. 12:13; Mar. 12:18) Ɛwom sɛ na Yesu nnyanee obi a wawu bere tenten te sɛ Lasaro da de, nanso Marta de, na onim sɛ Yesu ka owusɔre ho anidaso ho asɛm, na na wanyan awufo binom mpo pɛn. Ná onnim nea ebesi akyiri yi.

20. Kyerɛkyerɛ anwonwasɛm a Yesu ka kyerɛɛ Marta ne mmuae a Marta de mae a ɛwɔ Yohane 11:25-27 no mu.

20 Afei Yesu kaa asɛm bi a na ɛyɛ nwonwa: “Mene owusɔre ne nkwa.” Nokwarem no, Yehowa Nyankopɔn ama ne Ba no tumi a ɔde benyan awufo wɔ wiase nyinaa daakye. Yesu bisaa Marta sɛ: “Wugye eyi di?” Ɛyɛ saa bere no na ɔde mmuae a yɛde fii saa ti yi ase no mae. Ná ogye di sɛ Yesu ne Kristo, anaa Mesia no, na ɔyɛ Yehowa Nyankopɔn Ba, na ɔno na na adiyifo no ahyɛ ne ho nkɔm sɛ ɔbɛba wiase no.—Yoh. 5:28, 29; monkenkan Yohane 11:25-27.

21, 22. (a) Dɛn na Yesu yɛe a ɛmaa wɔn a na wɔredi awerɛhow no hui sɛ ɔredi yaw? (b) Ka Lasaro wusɔre no ho asɛm.

21 So gyidi a ɛte sɛ Marta de no som bo ma Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba Yesu Kristo? Asɛm a esii akyiri yi wɔ Marta anim no ma yenya ho mmuae a ɛtɔ asom. Marta de ahoɔhare kɔfrɛɛ ne nuabea no. Ɛno akyi no, bere a na Yesu ne Maria ne nnipadɔm a na wɔrebegyam wɔn no rekasa no, Marta hui sɛ awerɛhow ahyɛ Yesu mã. Ohuu sɛnea nusu guu Yesu bere a ɔredi yaw a owu de ba ho awerɛhow no. Ɔtee sɛ Yesu reka sɛ wonyi ɔbo no mfi ne nuabarima no damoa no ano.—Yoh. 11:28-39.

22 Marta a yenim no sɛ obi a ɔka n’asɛm sɛnea ɛte no kae sɛ, sesɛɛ de, wabɔn, efisɛ adi nnanan. Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Manka ankyerɛ wo sɛ wugye di a, wubehu Onyankopɔn anuonyam?” Ogye dii, na ohuu Yehowa Nyankopɔn anuonyam nso. Ɛhɔ ara na Yehowa maa ne Ba no tumi ma ɔde nyanee Lasaro baa nkwa mu bio! Susuw sɛnea Marta werɛ remfi nsɛm a esisii saa da no wɔ n’asetenam da no ho hwɛ. Saa nsɛm no ne: Ɛnne kɛse a Yesu de teɛɛm sɛ, “Lasaro, fi bra!”; nnyigyei a wɔtee wɔ ɔboda no mu bere a Lasaro nyanee a ɔrepue a na ntama a wɔde kyekyeree n’amu no da so ara wɔ no ho, sɛnea ɔnantew brɛoo baa ɔboda no ano; ka a Yesu kae sɛ “monsan no na momma ɔnkɔ”; ne sɛnea Marta ne Maria de anigye kɛse tuu mmirika kɔbam wɔn nuabarima no. (Monkenkan Yohane 11:40-44.) Afei de, na Marta anya nea ɔrehwehwɛ!

Wohyiraa Marta wɔ Yesu mu gyidi a onyae bere a ɔne Maria hui sɛ wɔanyan wɔn nuabarima no

23. Dɛn na Yehowa ne Yesu pɛ sɛ wunya, na dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?

23 Saa kyerɛwtohɔ yi ma yehu sɛ, awufo a wobenyan wɔn no nyɛ nsusuwii hunu bi kɛkɛ; ɛyɛ Bible nkyerɛkyerɛ a ɛka koma, na abakɔsɛm ada no adi sɛ ɛyɛ nokware ankasa. (Hiob 14:14, 15) Yehowa ne ne Ba no ani gye ho sɛ wobehyira obiara a obenya wɔn mu gyidi, sɛnea wɔyɛɛ Marta, Maria, ne Lasaro no. Sɛ wunya gyidi a emu yɛ den a, wɔbɛma wo nso woanya nhyira a ɛte saa daakye.

“Marta Som Wɔn”

24. Dɛn ne asɛm a etwa to a Bible no ka fa Marta ho?

24 Bible no san kaa Marta ho asɛm bio. Ná ɛyɛ dapɛn a etwa to wɔ Yesu asase so asetena no mu. Bere a na Yesu nim amanehunu a ɔrebɛfa mu no, ɔsan kɔsoɛɛ ne nnamfonom no fie wɔ Betania. Ná obefi hɔ atwa kilomita abiɛsa akɔ Yerusalem. Ná Yesu ne Lasaro redidi wɔ Simon, ɔkwatani no fie, na ɛhɔ na wɔkaa Marta ho asɛm a etwa to yi sɛ: “Marta som wɔn.”—Yoh. 12:2.

25. Dɛn nti na ɛyɛ nhyira sɛ yɛwɔ mmea a wɔte sɛ Marta wɔ asafo ahorow mu nnɛ?

25 Ɔbea mmɔdenbɔfo bɛn ara ni! Bere a yedii kan tee ne ho asɛm wɔ Bible mu no, na ɔreyɛ adwuma; asɛm a etwa to a ɛfa ne ho no nso, na ɔda so ara reyɛ adwuma. Ná ɔreyɛ nea obetumi biara de asom nnipa a wɔne no wɔ hɔ no. Ɛnnɛ, yɛwɔ mmea a wɔwɔ akokoduru na wɔn yam ye te sɛ Marta wɔ Kristofo asafo ahorow mu—wɔde wɔn ho bɔ afɔre de da wɔn gyidi adi bere nyinaa. So Marta kɔɔ so yɛɛ saa? Ɛbɛyɛ sɛ ɔyɛɛ saa. Sɛ ɛte saa a, ɛnde ɔyɛɛ n’ade nyansam, efisɛ na ɔrebehyia sɔhwɛ afoforo.

26. Dɛn na gyidi a na Marta wɔ no boaa no ma ɔyɛe?

26 Wɔ nna kakraa bi akyi no, na Marta Wura Yesu a Marta dɔ no no rebewu yayaayaw. Afei, saa nyaatwomfo awudifo a wokum Yesu no sii wɔn bo sɛ wobekum Lasaro nso, efisɛ na ne wusɔre no ama nnipa pii regye Yesu di. (Monkenkan Yohane 12:9-11.) Na sɛnea ɛte no, awiei koraa no, owu tetew ɔdɔ a na ɛda Marta ne ne nuanom ntam no mu. Yennim ɔkwan a ɛfaa so bae anaa bere a esii, nanso yebetumi aka paa sɛ: Marta gyidi a ɛsom bo no boaa no ma ogyinaa mu kosii awiei. Ɛno nti na ɛyɛ papa sɛ Kristofo a wɔwɔ hɔ nnɛ bɔ mmɔden suasua Marta gyidi no.

^ nky. 11 Wɔ afeha a edi kan no mu no, na Yudafo mma mmea nsua nhoma. Ná nnwuma a wɔyɛ wɔ fie na na wɔkyerɛ wɔn. Enti, ɛbɛyɛ sɛ ɛyɛɛ Marta nwonwa paa sɛ ohui sɛ ɔbea te nhomanimfo bi nan ase sɛ ɔresua ade.