Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Na Bible Ka Fa Ɔbaabun Maria Ho?

Dɛn Na Bible Ka Fa Ɔbaabun Maria Ho?

 Nea Bible ka

 Bible ka sɛ Maria a na ɔyɛ Yesu maame no nyaa hokwan soronko de woo Yesu bere a na ɔda so ɔyɛ ɔbaabun no. Bible hyɛɛ saa anwonwade yi ho nkɔm wɔ Yesaia nhoma no mu, na Nsɛmpa a Mateo ne Luka kyerɛwee no nso ma yehu sɛ ɛbaa mu.

 Bere a Yesaia rehyɛ nkɔm afa Mesia no awo ho no, ɔkaa sɛ: “Hwɛ, ababaa no benyinsɛn awo ɔbabarima.” (Yesaia 7:14) Honhom kaa Asɛmpa kyerɛwfo Mateo ma ɔkaa sɛ, nkɔmhyɛ a ɛwɔ Yesaia no fa Maria a na obenyinsɛn Yesu no ho. Mateo kaa sɛ Maria nyinsɛnee wɔ anwonwakwan so. Owiei no, ɔde kaa ho sɛ: “Eyinom nyinaa sii na ama nea Yehowa nam ne diyifo so kae no aba mu sɛ: ‘Hwɛ! Ɔbaabun no a benyinsɛn na wawo ɔbabarima, na wɔbɛto ne din Imanuel,’ a n’asekyerɛ ne sɛ, ‘Onyankopɔn ne Yɛn Wɔ Hɔ.’”—Mateo 1:22, 23.

 Sɛnea Maria nyinsɛnee anwonwakwan so no, Asɛmpa kyerɛwfo Luka nso kaa ho asɛm. Ɔkyerɛwee sɛ Onyankopɔn somaa ɔbɔfo Gabriel kɔɔ “ɔbaabun bi a wɔde no ama ɔbarima bi a wɔfrɛ no Yosef a ofi Dawid fie aware no nkyɛn; na ɔbaabun no din de Maria.” (Luka 1:26, 27) Maria ankasa nso ka too so sɛ ɔyɛ ɔbaabun. Bere a Maria tee sɛ ɔno na ɔrebɛyɛ Yesu a ɔyɛ Mesia no maame no, obisae sɛ: “Ɛbɛyɛ dɛn na eyi ayɛ yiye bere a me ne ɔbarima nnae?”—Luka 1:34.

 Ɛbɛyɛ dɛn na ɔbaabun atumi awo?

 Honhom kronkron a ɛyɛ Onyankopɔn tumi a ɛreyɛ adwuma no na ɛmaa Maria nyinsɛnee. (Mateo 1:18) Ɔbɔfo no ka kyerɛɛ Maria sɛ: “Honhom kronkron bɛba wo so, na Ɔsorosoroni no tumi bɛkata wo so. Ɛno nso nti na wɔbɛfrɛ nea wobɛwo no no kronkron, Onyankopɔn Ba.” b (Luka 1:35) Onyankopɔn faa anwonwakwan so yii ne Ba no nkwa bɛhyɛɛ Maria awotwaa mu, na ɛma onyinsɛnee.

 Adɛn nti na na ɛsɛ sɛ ɔbaabun wo Yesu?

 Onyankopɔn maa ɔbaabun woo Yesu sɛnea ɛbɛyɛ a obenya nipadua a sintɔ biara nni ho na ama watumi agye adesamma afi bɔne ne owu mu. (Yohane 3:16; Hebrifo 10:5) Onyankopɔn yii Yesu nkwa bɛhyɛɛ Maria awotwaa mu. Ɛno akyi no, ɛda adi sɛ Onyankopɔn honhom kronkron bɔɔ abofra a na ɔrenyin wɔ yafunu mu no ho ban fii sintɔ biara ho.—Luka 1:35.

 Wei nti, wɔwoo Yesu no na sintɔ biara nni ne ho. Ɛno nti sɛ yɛyɛ ntotoho a, na Yesu te sɛ Adam bere a na Adam nyɛɛ bɔne no. Bible ka Yesu ho asɛm sɛ: “Wanyɛ bɔne biara.” (1 Petro 2:22) Esiane sɛ na Yesu yɛ onipa a bɔne biara nni ne ho nti, na obetumi atua agyede no de agye nnipa afi bɔne ne owu mu.—1 Korintofo 15:21, 22; 1 Timoteo 2:5, 6.

 Maria yɛɛ ɔbaabun ne nkwa nna nyinaa anaa?

 Bible nkyerɛkyerɛ sɛ Maria kɔɔ so yɛɛ ɔbaabun ne nkwa nna nyinaa. Mmom, ɛma yehu sɛ Maria woo mma foforo.—Mateo 12:46; Marko 6:3; Luka 2:7; Yohane 7:5.

Bible kyerɛkyerɛ sɛ na Yesu wɔ anuanom afoforo

 Nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ ɔbaabun na ɔwoo Yesu no, ɛno ara ne nkyerɛkyerɛ a ɛka sɛ “Wɔannyinsɛn Maria Wɔ Bɔne Mu” no anaa?

 Dabi. Sɛnea New Catholic Encyclopedia ma yehu no, nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ Wɔannyinsɛn Maria Wɔ Bɔne Mu no, ɛno ne “gyidi a ɛkyerɛ sɛ Ɔbaabun Maria annya BƆNE A YENYA FII AWO MU no bi. Wɔwo nnipa a aka nyinaa wɔ bɔne mu . . . Nanso Maria de, ADOM soronko bi nti, wɔbɔɔ ne ho ban fii bɔne a yenya fi awo mu no ho.” c

 Nanso baabiara nni Bible mu a ɛkyerɛkyerɛ sɛ wɔanwo Maria wɔ bɔne mu. (Dwom 51:5; Romafo 5:12) Nokwasɛm ne sɛ, Maria woo Yesu akyi no, ɔkɔbɔɔ bɔne ho afɔre a na Mose Mmara no hwehwɛ sɛ ɔbaatan foforo biara bɔ no bi. Saa a Maria yɛe no di adanse sɛ bɔne a yenya fi awo mu no, na ebi wɔ ne ho. (Leviticus 12:2-8; Luka 2:21-24) New Catholic Encyclopedia no ka sɛ: “Nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ Wɔannyinsɛn Maria Wɔ Bɔne Mu no, Kyerɛwnsɛm no nka ho asɛm tẽẽ . . . Ɛyɛ Asɔre no na ɛkyerɛkyerɛ saa.”

 Ɛsɛ sɛ yebu Maria sɛn?

 Maria yɛɛ gyidi, osetie, ne ahobrɛase ho nhwɛso pa. Afei nso, na ɔdɔ Onyankopɔn pa ara. Weinom yɛ biribi a yebetumi asua. Nnipa anokwafo a ɛsɛ sɛ yesuasua wɔn no, Maria ka ho.—Hebrifo 6:12.

 Nanso ɛmfa ho hokwan soronko a Maria nyae sɛ Yesu maame no, Bible nkyerɛkyerɛ sɛ yɛnsom no anaasɛ yɛmmɔ no mpae. Yesu amfa nidi soronko biara amma ne maame, na saa ara nso na wanka ankyerɛ n’akyidifo no sɛ wɔnyɛ saa. Nsɛmpa nnan no ka Maria ho asɛm. Afei, nkyekyɛm baako nso wɔ Asomafo Nnwuma no mu a ɛka ne ho asɛm. Wei akyi no, baabiara nni nhoma 22 a aka wɔ nea nkurɔfo frɛ no Apam Foforo no mu a ɛka Maria ho asɛm.—Asomafo Nnwuma 1:14.

 Adanse biara nni Kyerɛwnsɛm no mu a ɛkyerɛ sɛ tete Kristofo no de nidi soronko maa Maria anaa wɔsom no. Mmom, Bible kyerɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo som Onyankopɔn nko ara.—Mateo 4:10.

a Hebri asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “ababaa” wɔ Yesaia nkɔmhyɛ no mu ne ʽal·mahʹ. Saa asɛmfua no betumi akyerɛ ɔbaabun anaa ɔbaa bi a ɔnyɛ ɔbaabun. Nanso bere a Onyankopɔn honhom kaa Mateo ma ɔkyerɛw Asɛmpa no, ɔde Hela asɛmfua pɔtee bi a ɛne par·theʹnos, a ɛkyerɛ “ɔbaabun” na edii dwuma.

b Ebinom ka sɛ ɛnyɛ papa sɛ yɛde asɛm “Onyankopɔn Ba” bɛfrɛ Yesu, efisɛ wosusuw sɛ ɛno kyerɛ sɛ Onyankopɔn ne ɔbea dae ansa na wɔrewo Yesu. Nanso, Kyerɛwnsɛm no nkyerɛkyerɛ saa. Mmom, Bible ka sɛ Yesu yɛ “Onyankopɔn Ba” ne “abɔde nyinaa mu abakan” efisɛ ɔno ne abɔde a edi kan, na ɔno nkutoo na Onyankopɔn bɔɔ no tẽẽ. (Kolosefo 1:13-15) Bible ka onipa a odi kan, Adam nso ho asɛm sɛ “Onyankopɔn ba.” (Luka 3:38) Nea enti a ɛte saa ne sɛ Onyankopɔn na ɔbɔɔ Adam.

c Second Edition, Po 7, kratafa 331.