Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

TI 24

Biribiara Rentumi “Ntew Yɛn Mfi Onyankopɔn Dɔ” Ho

Biribiara Rentumi “Ntew Yɛn Mfi Onyankopɔn Dɔ” Ho

1. Nnipa bebree wɔ adwene bi a ɛmfata a ɛrehaw wɔn, na nokware Kristofo bi mpo tumi nya saa adwene no bi. Ɛyɛ adwene bɛn?

 WOTE nka sɛ Yehowa Nyankopɔn dɔ wo? Ebinom gye di sɛ Onyankopɔn dɔ nnipa nyinaa sɛnea Yohane 3:16 ka no. Nanso wɔn ankasa de, wɔte nka sɛ, ‘Onyankopɔn rentumi nnɔ wɔn da.’ Ɛtɔ bere bi a, nokware Kristofo binom mpo tumi nya saa adwene no bi. Bere bi, ɔbarima bi a na n’abam abu kaa sɛ: “Ɛyɛ den ma me sɛ megye atom sɛ Onyankopɔn dwen me ho.” Ɛtɔ da a, wutumi nya saa adwene no bi anaa?

2, 3. Hena na ɔpɛ sɛ yenya adwene sɛ yɛnsɛ hwee na Yehowa rentumi nnɔ yɛn? Dɛn na ebetumi aboa yɛn ama yɛayi saa adwene no afi yɛn tirim?

2 Nea Satan pɛ ara ne sɛ yebenya adwene sɛ Yehowa Nyankopɔn nnɔ yɛn, na yɛnsɛ hwee wɔ n’ani so. Satan taa daadaa nkurɔfo ma wɔnya adwene a ɛmfata. (2 Korintofo 11:3) Nea ɔyɛ ne sɛ, ɛyɛ a ɔma ebinom nya adwene sɛ wɔkyɛn afoforo. Ebinom nso wɔ hɔ a ɔma wɔte nka sɛ wɔnsɛ hwee. (Yohane 7:47-49; 8:13, 44) “Awiei mmere” yi mu paa na Satan redaadaa nkurɔfo ama wɔanya saa adwene no. Nnipa bebree wɔ hɔ a, abusua a wɔtetee wɔn wɔ mu no, ‘wɔnni tema.’ Ebinom nso wɔ hɔ a, nkurɔfo a da biara a wɔne wɔn kɔ ba no, ebi di atirimɔdensɛm, wɔyɛ pɛsɛmenkominya, na wɔn aso yɛ den. (2 Timoteo 3:1-5) Ebia ɔman anaa abusua a wɔfi mu anaa kasa a wɔka nti, nkurɔfo atan wɔn ani mfe pii. Wei ma wɔnya adwene sɛ wɔnsɛ hwee, na obiara rentumi nnɔ wɔn.

3 Wo nso, sɛ saa na wote nka a, mma w’abam mmmu. Yɛn mu bebree wɔ hɔ a, ɛtɔ da a yetumi te nka sɛ yɛnsɛ hwee anaa yebu yɛn ho abomfiaa. Nanso kae sɛ, Onyankopɔn de n’Asɛm Bible no ama yɛn sɛ ‘ɛnteɛteɛ nneɛma,’ na ‘entutu nneɛma a ase atim denneennen no ngu.’ (2 Timoteo 3:16; 2 Korintofo 10:4) Bible ka sɛ: “Eyi na ɛbɛma yɛahu sɛ yefi nokware no mu, na yɛbɛma yɛn koma anya awerɛhyem wɔ n’anim. Na sɛ yɛn koma bu yɛn fɔ wɔ biribi mu mpo a, Onyankopɔn so sen yɛn koma, na onim nneɛma nyinaa.” (1 Yohane 3:19, 20) Momma yɛnhwɛ nneɛma nnan bi wɔ Kyerɛwnsɛm no mu a ɛbɛboa yɛn; ɛbɛma ‘yɛanya awerɛhyem wɔ yɛn koma mu’ sɛ Yehowa dɔ yɛn.

Wosom Bo Ma Yehowa

4, 5. Yesu mfatoho a ɛfa nkasanoma ho no, ɛma yehu sɛ yɛsom bo ma Yehowa. Adɛn nti na yɛreka saa?

4 Nea edi kan, Bible kyerɛkyerɛ sɛ, Onyankopɔn somfo biara som bo ma no. Asɛm bi a Yesu kae ma yehu saa. Ɔkaa sɛ: “Wɔtɔn nkasanoma abien gye kaprɛ, ɛnte saa? Nanso wɔn mu baako mpo ntɔ fam a mo Agya renhu. Na mo ti nwi mpo, wakan ne nyinaa. Enti munnsuro; mo ho hia sen nkasanoma bebree.” (Mateo 10:29-31) Wɔn a wɔtee nsɛm a Yesu kae yi, wohwɛ a wɔtee nka sɛn?

“Mosen nkasanoma bebree”

5 Ebia wubebisa wo ho sɛ, na akasanoma de, obi retew sika akɔtɔ ayɛ dɛn? Nea ɛte ne sɛ Yesu bere so no, na nnomaa a nkurɔfo we no, akasanoma na na ɛyɛ fow paa. Saa bere no, sɛ obi kura kaprɛ a, na otumi tɔ nkasanoma mmienu. Nanso akyiri yi mpo Yesu kaa sɛ, sɛ obi kura nkaprɛ mmienu a, na obetumi anya nkasanoma nnum, kyerɛ sɛ, wɔto no so baako. Adɛn ntia? Efisɛ baako a wɔde to so no, na wɔmmu no sɛ ɛsom bo. Ɛwom, nnipa ani so de na mmoa no nsom bo koraa, nanso Ɔbɔadeɛ no nso ɛ, na ohu wɔn sɛn? Yesu kaa sɛ: “Wɔn mu baako mpo nni hɔ a Onyankopɔn werɛ fi no [nea wɔde to so no mpo ka ho].” (Luka 12:6, 7) Nea na Yesu rekyerɛ no, wei ma yɛte ase yiye. Sɛ akasanoma baako mpo som bo ma Yehowa saa a, ɛnde wohwɛ a obu nnipa sɛn? Wunnye nni sɛ yɛsom bo ma no paa? Sɛnea Yesu kae no, Yehowa nim yɛn ho biribiara. Yɛn ti nwi mpo wakan!

6. Yesu asɛm a ɛne sɛ Onyankopɔn akan yɛn ti nwi no, adɛn nti na yebetumi asi yɛn bo aka sɛ ɛnyɛ anihaahae?

6 Asɛm a Yesu kae a ɛne sɛ Onyankopɔn nim nwi dodow a egu yɛn ti so no, ebia ebinom adwene bɛyɛ wɔn sɛ na ɔrehaahaa n’ani. Nanso wo de, to wo bo ase dwen wei ho hwɛ. Yenim sɛ Onyankopɔn ahyɛ bɔ sɛ daakye obenyan awufo. Sɛ Yehowa nnim yɛn ho nsɛm nyinaa a, ɛbɛyɛ dɛn na yewu a watumi ayɛ yɛn foforo? Esiane sɛ yɛsom bo paa ma Yehowa nti, onim biribiara a ɛfa yɛn ho, kyerɛ sɛ, onim yɛn suban, yɛn nipaban, nea yɛafa mu wɔ abrabɔ mu ne yɛn asetena mu nsɛm nyinaa. a Enti sɛ onim yɛn ho nsɛm nyinaa sei a, ɛnde nwi a egu yɛn ti so no, wohwɛ a ɛbɛyɛ den sɛ obehu ne dodow anaa? Daabi, ɛyɛ fow ma no koraa. Efisɛ animdefo kyerɛ sɛ nwi dodow a ɛwɔ onipa biara ti so bɛyɛ 100,000.

Dɛn Na Ɛma Yɛsom Bo Ma Yehowa?

7, 8. (a) Sɛ Yehowa hwehwɛ yɛn komam a, suban ahorow bɛn na ohu wɔ yɛn ho a ɛma n’ani gye? (b) Nnwuma a yɛyɛ a ɛsom bo ma Yehowa no, ebi ne dɛn?

7 Nea ɛtɔ so mmienu, Bible no ma yehu nea Yehowa ani gye ho wɔ n’asomfo ho. Sɛ yebetwa no tiawa a, suban pa a yɛwɔ ne mmɔden a yɛrebɔ sɛ yɛbɛyɛ nea ɛsɔ Yehowa ani no, n’ani gye ho paa. Ɔhene Dawid ka kyerɛɛ ne ba Solomon sɛ: “Yehowa hwehwɛ koma nyinaa mu, na yɛn tirim adwene nyinaa, ohu.” (1 Beresosɛm 28:9) Ɛwom wiase a yɛte mu yi, awudisɛm ne ɔtan ahyɛ mu ma. Nanso nnipa ɔpepepem pii a ɛte saa wiase yi mu no, sɛ Onyankopɔn hwehwɛ wɔn komam na ohu sɛ obi pɛ asomdwoe, ɔyɛ ɔnokwafo, na ɔrebɔ mmɔden sɛ ɔbɛyɛ nea ɛteɛ a, ɛma n’ani gye paa. Na sɛ Onyankopɔn hu obi a ɔdɔ no paa a ɔpɛ sɛ osua ne ho ade, na ɔka nea ɔresua no bi kyerɛ afoforo a, dɛn na ɔyɛ? Yehowa ma yehu sɛ obi biara a ɔka ne ho asɛm kyerɛ afoforo no, onni ne ho agorɔ koraa. Na mpo ɔwɔ “nkae nhoma bi” a ɔkyerɛw ‘wɔn a wosuro no ne wɔn a wodwinnwen ne din ho no’ wom. (Malaki 3:16) Wei ma yehu sɛ wɔn a wɔwɔ suban pa saa no, wɔda ne koma so.

8 Nnwuma pa a yɛyɛ a Yehowa ani gye ho no, ebi ne nea ɛwɔ he? Ade baako ne sɛ, sɛ ohu sɛ yɛreyɛ nea yebetumi biara asuasua ne Ba Yesu Kristo a, ɛma n’ani gye paa. (1 Petro 2:21) Adwuma baako a ɛda Onyankopɔn koma so ne sɛ yɛbɛka Ahenni no ho asɛmpa akyerɛ nkurɔfo. Romafo 10:15 ka sɛ: “Wɔn a wɔka nneɛma pa ho asɛmpa no nan ase yɛ fɛ dodo!” Mpɛn pii no, sɛ yɛreka nneɛma a ɛyɛ fɛ wɔ obi ho a, yɛntaa nka sɛ ne nan ase yɛ fɛ. Nanso ɛha no, ɛnyɛ yɛn nan a esisi fam no ho asɛm na ɛreka, mmom egyina hɔ ma mmɔden a Yehowa asomfo bɔ de ka asɛmpa no. Saa mmɔdenbɔ no yɛ Yehowa fɛ, na ɛsom bo wɔ n’ani so.—Mateo 24:14; 28:19, 20.

9, 10. (a) Adɛn nti na yebetumi anya awerɛhyem sɛ sɛ yɛrehyia ɔhaw a emu yɛ den, na sɛ yemia yɛn ani di nokware ma Yehowa a, ɛma n’ani gye paa? (b) Yehowa nkurɔfo a wɔdi nokware ma no no, sɛ ɔrehwehwɛ wɔn koma mu a, ɛdɛn na ɔnyɛ?

9 Sɛ Yehowa hu sɛnea yɛde animia resom no no a, ɛno nso ma n’ani gye paa. (Mateo 24:13) Kae sɛ, nea Satan pɛ ara ne sɛ wubegyae Yehowa som. Ɛno da nkyɛn a, otwa Yehowa adapaa da biara. Enti bere biara a wubedi Yehowa nokware no, ɛma onya asɛm de bua Satan a otwa no adapaa no. (Mmebusɛm 27:11) Yɛreka yi, nneɛma a yɛfa mu wɔ abrabɔ mu ma etumi yɛ den sɛ yɛde animia bɛsom Yehowa. Yare tumi teetee yɛn, yɛn sikasɛm tumi yɛ basaa, yetumi botow, na ɔhaw afoforo ma nneɛma mu tumi yɛ den ma yɛn da biara. Afei nso, sɛ yɛrehwɛ biribi kwan na yɛn nsa nka a, etumi ma yɛn abam bu. (Mmebusɛm 13:12) Sɛ yɛrefa ɔhaw a yɛaka ho asɛm yi bi mu na sɛ yɛde animia som Yehowa a, ɛma n’ani gye paa. Ɔhene Dawid nso faa ɔhaw a ɛtete saa mu bi. Enti ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ ɔmfa ne nisu ngu “kotoku” mu. Ɔsan de ahotoso nso kaa sɛ: “Wonkyerɛwee wɔ wo nhoma mu anaa?” (Dwom 56:8) Nea ɛwom ne sɛ, sɛ yɛrehu amane, na yɛrete nisu na sɛ ne nyinaa mu no yemia yɛn ani di nokware ma Yehowa a, ɛka ne koma paa, na ne werɛ remfi da.

Sɛ yehyia sɔhwɛ na yemia yɛn ani gyina mu a, ɛma Yehowa ani gye paa

10 Nea yɛaka yi nyinaa ma yehu sɛ yɛsom bo ma Onyankopɔn, nanso yɛn koma betumi adaadaa yɛn ama yɛate nka sɛ yɛnsɛ hwee wɔ n’ani so. Nanso mpɛn pii no, ebia yebetumi anya adwen sɛ: ‘Oo sɛ́ nnipa bebree wɔ hɔ a wɔyɛ ade sen me. Sɛ Yehowa hwɛ nea wɔreyɛ na ɔde toto me de ho a, obedi me ho yaw paa!’ Nanso Yehowa mfa yɛn ntoto obi foforo ho; saa ara nso na ɔnhwɛ kwan sɛ yɛbɛyɛ biribi a ɛboro yɛn ahoɔden so. (Galatifo 6:4) Enti sɛ Yehowa rehwehwɛ yɛn mu a, biribi papa biara a ɛwom no, sɛ esua te sɛ dɛn mpo a, ɛsom bo ma no.

Yehowa Hwehwɛ Yɛn Mu a, Suban Pa a Yɛwɔ No Na Ɔde N’adwene Si So

11. Sɛ yɛhwɛ sɛnea Yehowa yɛɛ n’ade wɔ Abia asɛm no ho a, ɛdɛn na ɛma yehu fa Yehowa ho?

11 Nea ɛtɔ so mmiɛnsa, sɛ Yehowa hwehwɛ yɛn mu a, suban pa a yɛwɔ no, ɛno na ɔde n’adwene si so. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, Ɔhene Yeroboam fiefo nyinaa wae fii Yehowa ho, enti Yehowa hyɛɛ mmara sɛ wɔnkum ne fiefo nyinaa. Nanso ɔkaa sɛ ɔhene no ba baako a ɔde Abia de, owu a wɔnhyɛ da nsie no. Adɛn ntia? Efisɛ ‘ɔno nko ara na Yehowa, Israel Nyankopɔn huu adepa bi wɔ ne ho.’ (1 Ahene 14:1, 10-13) Wei ma yehu sɛ, Yehowa too ne bo ase hwehwɛɛ aberante Abia komam, na ohuu “adepa bi” wom. Adepa a Yehowa hui no, ebetumi aba sɛ na esua koraa, nanso na ɛsom bo ma Yehowa, enti ɔma wɔkyerɛw ho asɛm wɔ Bible mu. Ɛnyɛ ɛno nko ara na Yehowa yɛe. Ɔsan daa mmɔborɔhunu adi kyerɛɛ Abia. Ne papa fiefo nyinaa, ɔno nko ara ne obi a owui a Yehowa ma wɔsiee no kama.

12, 13. (a) Ɔhene Yehosafat asɛm no ma yehu sɛ yɛyɛ bɔne mpo a, Yehowa remmu n’ani ngu suban pa a yɛwɔ no so, adɛn ntia? (b) Yehowa dɔ ne mma paa, enti nnwuma pa a yɛyɛ ne suban pa a yɛwɔ no, sɛn na ohu no?

12 Ɔhene Yehosafat asɛm no yɛ biribi foforo a ɛma yehu sɛ suban pa a yɛwɔ no, ɛno na Yehowa de n’adwene si so. Ɔyɛɛ bɔne a emu yɛ duru paa maa Yehowa diyifo ka kyerɛɛ no sɛ: “Nea woayɛ yi nti, Yehowa bo afuw wo.” Asɛnkɛse paa na Yehowa soma ma wɔkɔka kyerɛɛ ɔhene no. Ɛnyɛ ɛno nko ara ne asɛm a Yehowa ma wɔkɔka kyerɛɛ ɔhene no. Ɔsan maa wɔka kyerɛɛ no sɛ: “Nanso wɔahu adepa bi wɔ wo ho.” (2 Beresosɛm 19:1-3) Ɛwom, na ɛfata sɛ Yehowa bo fuw, nanso abufuw no amma wammu n’ani angu Yehosafat suban pa so. Yehowa de, ɔnte sɛ nnipa. Nnipa de, sɛ yɛn bo fuw obi a, na yɛn werɛ afi ne suban pa nyinaa. Afei nso yɛyɛ bɔne a, yɛn ani tumi wu, na ɛhaw yɛn ma yebu yɛn ho fɔ ara ma suban pa a yɛwɔ no mpo yenhu. Ɛba saa a yɛnkae sɛ, sɛ yenu yɛn ho na yegyae bɔne no na yɛankɔyɛ bio a, Yehowa de bɛkyɛ yɛn.

13 Sɛ obi rehwehwɛ sika kɔkɔɔ a, ɔde anwea no gu ade mu horo yiyi abo ne efi biara a ɛwom no. Saa ara na Yehowa nso yɛ. Sɛ ɔhwehwɛ wo mu a, oyiyi bɔne biara a woayɛ no tow gu. Na suban pa a ohu wɔ wo ho, ne nnwuma pa a woyɛ no nso ɛ, ohu no sɛn? N’ani so no, ɛte sɛ “sika kɔkɔɔ” a ɛsom bo! Awofo bi wɔ hɔ a, wɔn mma drɔ mfoni anaa wɔtumi de wɔn nsa yɛ biribi wɔ sukuu a, wɔn mma no ho dɔ nti, wɔtumi de sie mfe pii. Ɛtɔ da mpo a na wɔn mma no werɛ afi. Ɔwofo biara nni hɔ a ɔdɔ ne mma sen Yehowa. Enti yɛkɔ so di nokware ma Yehowa nko ara de a, ne werɛ remfi suban pa a yɛwɔ ne nnwuma pa a yɛyɛ no da. Sɛ Yehowa werɛ fi a, n’ani so no, ɛbɛyɛ te sɛ nea wayɛ ade a ɛnteɛ; ɔno nso de, ɔrenyɛ ade a ɛnteɛ da. (Hebrifo 6:10) Yehowa wɔ kwan foforo bi a ɔfa so hwehwɛ nneɛma pa a ɛwɔ yɛn mu.

14, 15. (a) Ɛwom sɛ yɛtɔ sin, nanso yɛn sintɔ nyinaa akyi no, yɛda so ara som bo ma Yehowa. Adɛn ntia? (b) Sɛ Yehowa hu suban pa bi wɔ yɛn ho a, ɛdɛn na ɔbɛboa yɛn ama yɛayɛ? Na wɔn a wɔdi nokware ma no no nso ɛ, ohu wɔn sɛn?

14 Yehowa nim sɛ, ɛnyɛ bɔne a ɛwɔ yɛn ho a, anka nneɛma bebree na yebetumi ayɛ. Enti sɛ ɔhwehwɛ yɛn mu a, saa nneɛma no na ɔde n’adwene si so na ɛnyɛ sintɔ a ɛwɔ yɛn ho seesei no. Sɛ yɛbɛyɛ mfatoho a, wɔn a wɔn ani gye mfoni a yɛadrɔ ho no, sɛ mfoni bi a yɛadrɔ sɛe a, wɔyɛ nea wɔbetumi biara sɛ wɔbesiesie ama no asan asi ne dada mu. Sɛ yɛbɛyɛ nhwɛso a, obi kɔtoo tuo sɛee Leonardo da Vinci mfoni bi a ɔdrɔe. Ná saa mfoni no wɔ baabi a wɔkora mfoni ne nneɛma a ɛtete saa wɔ London, England. Ná mfoni no adi bɛyɛ mfe 500, na na ne bo bɛyɛ dɔla ɔpepem 30. Obiara anka sɛ esiane sɛ mfoni no asɛe nti wɔnkɔtow nkyene. Mmom, wɔn a wɔhwɛ tete akorae hɔ no yɛɛ nhyehyɛe siesiee mfoni no ma ɛsan sii ne dada mu. Wohwɛ a, adɛn nti na wɔyɛɛ saa? Efisɛ wɔn a wɔn ani gye mfoni a yɛadrɔ ho no, na saa mfoni no da wɔn koma so paa. Enti hwɛ o, sɛ mfoni a yɛde bidie ne pɛnsere adrɔ mpo som bo a, wunnye nni sɛ wosom bo koraa sen saa? Ɛwom, ɛtɔ da a wo sintɔ nti, wubetumi anya adwene sɛ wonsɛ hwee anaa wo so nni mfaso. Nanso Onyankopɔn nhu wo saa koraa; n’ani so de, wosom bo paa. (Dwom 72:12-14) Ɔbɔadeɛ Yehowa Nyankopɔn a ne nsa ano adwuma yɛ fɛ no, daakye wɔn a wɔdɔ no na wɔyɛ setie ma no no, ɔbɛyɛ nea obetumi biara ayi bɔne ne sintɔ nyinaa afi wɔn ho ama wɔadi mu.—Asomafo Nnwuma 3:21; Romafo 8:20-22.

15 Suban pa a yɛwɔ no, ebi wɔ hɔ a yɛn a yɛde yɛn ho koraa no yenhu. Nanso Yehowa de ohu ne nyinaa. Sɛ yɛtoa so som no a, saa suban pa no, ɔbɛboa yɛn ama yɛanya bi aka ho akosi sɛ daakye bɔne ne sintɔ befi yɛn ho korakora. Ɛwom, Satan ne ne wiase no ne yɛn nni no yiye, nanso yɛnkae sɛ Yehowa nni n’asomfo anokwafo ho agorɔ; wɔda ne koma so paa.—Hagai 2:7.

Yehowa Yɛ Nea Obetumi Biara De Kyerɛ Sɛ Ɔdɔ Yɛn

16. Ade kɛse bɛn na Yehowa ayɛ de akyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn paa? Adɛn nti na wubetumi anya awerɛhyem sɛ Yesu wu maa wo?

16 Nea ɛtɔ so nnan, Yehowa ayɛ nneɛma bebree de akyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn. Satan pɛ sɛ ɔma yɛte nka sɛ Yehowa rentumi nnɔ yɛn na yɛnsɛ hwee wɔ n’ani so, nanso saa asɛm no nyɛ nokware da. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, esiane sɛ Yehowa dɔ yɛn nti, ɔmaa ne Ba no bewu maa yɛn. Hwɛ ɛyaw ne amanehunu a Yesu faa mu ansa na ɔrewu wɔ asɛndua no so. Ɛno nka mfua, hwɛ nea Yehowa faa mu bere a ohuu sɛ ne dɔba no sɛn dua so a ɔrewu, na ɔrentumi nyɛ ho hwee no. Wunnye nni sɛ wei yɛ adanse kɛse paa a ɛkyerɛ sɛ Yehowa ne ne Ba no dɔ yɛn? Awerɛhosɛm ne sɛ, nnipa bebree wɔ hɔ a wɔte nka sɛ yɛreka wɔn a Yesu wu maa wɔn no a, wɔnka ho. Nanso kae sɛ ɔsomafo Paul sei, ansa na ɔrebɛyɛ Kristoni no, na odi Kristo akyidifo no ani. Nanso akyiri yi ɔkyerɛw sɛ: ‘Onyankopɔn Ba no dɔɔ me na ɔde ne ho too hɔ maa me.’Galatifo 1:13; 2:20.

17. Dɛn na Yehowa yɛ de twe yɛn ba ɔno ne ne Ba no nkyɛn?

17 Dɛn bio na Yehowa yɛ de kyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn? Ɛne sɛ, Yehowa boa yɛn mu biara ma onya afɔre a Kristo bɔ maa yɛn no so mfaso. Yesu kaa sɛ: “Obiara rentumi mma me nkyɛn gye sɛ Agya a ɔsomaa me no twe no.” (Yohane 6:44) Enti Yehowa ankasa twe yɛn ba ne Ba no nkyɛn, na ɔsan ma yenya anidaso sɛ yɛbɛtena ase daa. Ɔyɛ no sɛn? Nea edi kan, Yehowa nam asɛnka adwuma no so ama yɛn mu biara ate asɛmpa no. Ɛno da nkyɛn a, ɛmfa ho sɛ bɔne ne sintɔ wɔ yɛn ho no, ɔde ne honhom kronkron no aboa yɛn ama yɛate Bible no ase yiye na yɛde nea Bible kyerɛkyerɛ no rebɔ yɛn bra. Bere bi, Yehowa kaa asɛm bi kyerɛɛ Israelfo no, na yebetumi aka sɛ saa asɛm no fa yɛn ho. Ɔkaa sɛ: “Ɔdɔ a enni awiei na mede adɔ wo. Ɛno nti na mede ɔdɔ a enni huammɔ atwe wo aba me nkyɛn no.”—Yeremia 31:3.

18, 19. (a)Akwannya bɛn na Yehowa de ama yɛn a ɛkyerɛ sɛ ɔdɔ yɛn paa, na hokwan bɛn na ɔmfa mmaa obiara? (b) Dɛn na Onyankopɔn Asɛm aka a ɛma yehu sɛ Yehowa ntie yɛn kɛkɛ, na mmom ɔte yɛn ase na ɔwɔ tema?

18 Yehowa de akwannya no ama onipa biara sɛ ɔmmɔ no mpae. Saa akwannya no ma yehu sɛ Yehowa dɔ yɛn paa. Bible no hyɛ yɛn nkuran sɛ, ɛnsɛ sɛ ‘yegyae mpaebɔ da.’ (1 Tesalonikafo 5:17) Sɛ yɛbɔ mpae a, otie. Bible mpo ka sɛ Yehowa yɛ “mpaebɔ Tiefo.” (Dwom 65:2) Sɛ yɛbɔ mpae a, ɔno ankasa na otie. Ɔmfaa saa hokwan no mmaa obiara. Ne Ba no mpo nni saa hokwan no. Enti wo de hwɛ o, sɛ Yehowa a ɔbɔɔ ɔsoro ne asaase no pɛ sɛ yɛka yɛn komam nsɛm nyinaa kyerɛ no a, wohwɛ a obetie yɛn kɛkɛ na watwii n’ani te sɛ nea yɛn asɛm mfa ne ho anaa? Ɔrenyɛ saa da.

19 Yehowa te yɛn ase paa na ɔwɔ tema. Sɛ yɛka sɛ obi wɔ tema a, ɛkyerɛ sɛn? Kristoni nokwafo bi a n’ani afi kaa sɛ: “Sɛ yɛka sɛ obi wɔ tema a, ɛkyerɛ sɛ yaw a obi foforo refa mu no, ɔte wɔ ne koma mu,” kyerɛ sɛ nipa no asɛm yɛ n’asɛm. Enti wohwɛ a yehu amane a, Yehowa te nka sɛn? Bere a na Israelfo no refa ateetee mu no, Bible no ka sɛ: “Bere a wɔn ho hiahiaa wɔn no, ne ho hiahiaa no.” (Yesaia 63:9) Ɛnyɛ sɛ Yehowa huu wɔn amanehunu no kɛkɛ, mmom na ɔte nka ma wɔn. Asɛm a ɛwɔ Sakaria 2:8 no ma yehu sɛnea na ɔte nka ma ne nkurɔfo no. Ɛhɔ ka sɛ: “Obiara a ɔde ne nsa ka mo no, ɔde ne nsa aka m’aniwa kosua.” b Sɛ obi de ne nsa wɔ yɛn ani a, hwɛ sɛnea ɛyɛ yaw fa. Saa na Yehowa te nka ma yɛn. Yɛn haw yɛ ne haw.

20. Afotu a ɛwɔ Romafo 12:3 no, adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden de yɛ adwuma?

20 Kristoni a ne ho akokwaw biara nni hɔ a ɔbɛka sɛ, esiane sɛ Onyankopɔn dɔ no na ɔsom bo ma no nti, ɔbɛma ne ho so ayɛ nea ɔpɛ anaa obenya adwene sɛ ɔkyɛn afoforo. Ɔsomafo Paul kaa sɛ: “Menam adom a wɔde adom me no so ka kyerɛ mo mu biara sɛ, ɛnsɛ sɛ obu ne ho tra nea ɛsɛ. Mmom onnwen na onnya adwene a emu da hɔ, sɛnea gyidi a Onyankopɔn asusuw ama no no te.” (Romafo 12:3) Bible nkyerɛase foforo ka sɛ: “Mereka akyerɛ mo mu biara sɛ ommmu ne ho nnsen sɛnea ɔte ankasa, na mmom ɔmfa ahobrɛase nsese ne ho na onhu sɛnea ɔte ankasa.” (A Translation in the Language of the People; Charles B. Williams na ɔyɛe) Enti momma yɛmma yɛn ani nnye sɛ yɛn Agya a ɔwɔ soro no dɔ yɛn saa. Nanso bere nyinaa yɛnkae sɛ ɔdɔ a ɔdɔ yɛn no, ɛnyɛ adwuma bi a yɛayɛ anaa ɛfata yɛn ntia, mmom ɛyɛ n’adom ara kwa.—Luka 17:10.

21. Atosɛm bɛn na Satan akeka a ɛsɛ sɛ yɛyere yɛn ho yi fi yɛn tirim? Nokwasɛm bɛn na Yehowa aka a ɛma yɛn koma tɔ yɛn yam?

21 Atosɛm a Satan akeka a ebi ne sɛ Yehowa rentumi nnɔ yɛn na yɛnsɛ hwee wɔ n’ani so no, momma yɛnyɛ nea yebetumi biara mmɔ ngu. Ebinom wɔ hɔ a nneɛma a wɔafa mu wɔ abrabɔ mu nti, wɔte nka sɛ wɔn so nipabɔnefo de, ebi mmaa da, na ɛnyɛ ade a Onyankopɔn betumi adɔ wɔn. Ebi nso te nka sɛ nneɛma pa a wɔreyɛ no nnu baabiara, ɛnyɛ ade a Onyankopɔn a ohu biribiara no behu mpo na kampɛsɛ wabu ho akontaa. Ebinom nso koraa de, ɛyɛ wɔn sɛ wɔn bɔne so ara ma Yesu agyede afɔre no mpo rentumi ntua ho ka. Sɛ saa na wote nka a, ɛnde Satan atu mfuturu agu w’ani. Bɔ mmɔden na yi saa atosɛm no nyinaa fi wo tirim. Momma yennya awerɛhyem sɛ nokwasɛm a Yehowa de ne honhom kaa Paul ma ɔkyerɛw no fa yɛn nso ho. Ɔkaa sɛ: “Migye di yiye sɛ owu anaa nkwa anaa abɔfo anaa aban anaa nneɛma a ɛwɔ hɔ anaa nneɛma a ɛrebɛba anaa tumi anaa nea ɛwɔ soro anaa nea ɛwɔ fam anaa abɔde foforo biara rentumi ntew yɛn mfi Onyankopɔn dɔ a ɛwɔ yɛn Awurade Kristo Yesu mu no ho.”—Romafo 8:38, 39.

a Sɛ Bible reka owusɔre ho asɛm a, ɛtaa de sɛnea Yehowa kae ade no bata ho. Ɔbarima nokwafo Hiob sei, ɔka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “O, minyae a  . . . anka woahyɛ me da a wode bɛkae me!” (Hiob 14:13) Yesu nso kaa sɛ wɔbenyan “wɔn a wɔwɔ nkae ada mu nyinaa.” Saa nsɛm yi yɛ nokware, efisɛ wɔn a Yehowa pɛ sɛ onyan wɔn no, ɔkae wɔn, na onim wɔn ho nsɛm nyinaa.—Yohane 5:28, 29.

b Bible nkyerɛase bi ka sɛ, nea ɔde ne nsa bɛka Onyankopɔn nkurɔfo no, ɔde ne nsa aka ɔno ankasa ani kosua anaa Israelfo ani kosua, na ɛnyɛ Onyankopɔn ani kosua. Wɔn a wɔhwɛɛ tete Bible nsaano nkyerɛwee no so kyerɛw bi no na wɔdii saa mfomso no. Ná wɔte nka sɛ ɛnkyerɛ obu na nidi nnim sɛ obi bɛka sɛ ɔde nsa aka Onyankopɔn ani kosua. Sɛnea wɔadan asɛm no ani nti, ama nkurɔfo nhu sɛnea Yehowa wɔ tema ma ne nkurɔfo no yiye.