Ɔde Kɔmaa Hebrifo 6:1-20

  • Monyere mo ho nyin wɔ gyidi no mu (1-3)

  • Wɔn a wɔawae no bɔ Onyankopɔn Ba no asɛndua mu bio (4-8)

  • Momfa awerɛhyem a edi mu nhwɛ mo anidaso no kwan (9-12)

  • Onyankopɔn bɔhyɛ nni huammɔ (13-20)

    • Onyankopɔn bɔhyɛ ne ne ntam nsakra (17, 18)

6  Ɛno nti seesei, Kristo ho nsɛm a yedii kan suae no,+ yɛatra hɔ. Enti momma yɛmfa nyɛ yɛn botae sɛ yɛbɛyere yɛn ho anyin wɔ gyidi no mu,+ na yɛanto fapem foforo a ɛne nnwuma funu ho adwensakra ne Onyankopɔn mu gyidi,  asubɔ ahorow ho nkyerɛkyerɛ ne nsa a wɔde gu nkurɔfo so,+ owusɔre+ ne daa atemmu.  Eyi na sɛ Onyankopɔn ma kwan a, yɛbɛyɛ.  Na wɔn a wɔahu hann pɛn,+ na wɔaka ɔsoro akyɛde a wɔde ma kwa no ahwɛ, na wɔanya honhom kronkron no bi,  na wɔaka Onyankopɔn asɛm a eye ne wiase* a ɛreba no ahoɔden ahwɛ,  nanso wɔawae+ no, ɛrentumi nyɛ yiye sɛ wɔbɛsan ama wɔasakra wɔn adwene, efisɛ wɔbɔ Onyankopɔn Ba no asɛndua mu bio ma wɔn ho, na wogu n’anim ase wɔ baguam.+  Sɛ asaase nom osu a ɛtaa tɔ gu so no, na sɛ ɛma afifide fifi ma wɔn a wodua maa wɔn no nya so mfaso a, enya Onyankopɔn hɔ nhyira.  Nanso sɛ efifi nsɔe ne nwura* a, wɔpo, na ɛfrɛfrɛ nnome, na nea ɛbɛkɔ akowie ara ne sɛ wɔbɛhyew.  Adɔfo, ɛwom sɛ yɛrekasa wɔ saa kwan yi so de, nanso yɛwɔ awerɛhyem sɛ mo fam de, ɛbɛyɛ nneɛma pa, nneɛma a ɛde nkwagye ba. 10  Efisɛ Onyankopɔn nyɛ obi a ɔnteɛ, enti ne werɛ remfi mo adwuma ne sɛnea moasom akronkronfo na moda so som wɔn de kyerɛ sɛ modɔ ne din no.+ 11  Nanso yɛpɛ sɛ mo mu biara da nsi ne ahokeka koro no ara bi adi, sɛnea ɛbɛyɛ a mode awerɛhyem a edi mu bɛhwɛ mo anidaso+ no kwan akosi sɛ ɛbɛba mu,+ 12  na amma moanyɛ anihaw,+ na mmom moasuasua wɔn a wɔnam gyidi ne abotare so nya bɔhyɛ ahorow no. 13  Na bere a Onyankopɔn hyɛɛ Abraham bɔ no, esiane sɛ na obiara nni hɔ a ɔyɛ kɛse sen no a ɔde no bɛka ntam nti, Onyankopɔn de ɔno ara ne ho kaa ntam,+ 14  na ɔkae sɛ: “Ɔkwan biara so mehyira wo, na ɔkwan biara so mɛma w’asefo ayɛ bebree.”+ 15  Enti bere a Abraham nyaa abotare no, ne nsa kaa bɔhyɛ yi. 16  Nnipa de nea ɔso sen wɔn na ɛka ntam, na wɔn ntam no ma akasakasa* biara to twa, efisɛ ɛyɛ mmara kwan so adanse ma wɔn.+ 17  Saa ara na Onyankopɔn nso, bere a ɔbɔɔ ne tirim sɛ ɔbɛma bɔhyɛ no ho adedifo*+ no ahu pefee sɛ n’atirimpɔw* rentumi nsakra no, ɔkaa ntam de sii so,* 18  sɛnea ɛbɛyɛ a, nneɛma abien a ɛnsakra a Onyankopɔn ntumi nni atoro+ wom nti, yɛn a yɛaguan akonya guankɔbea no benya nkuranhyɛ a emu yɛ den a ɛbɛma yɛaso anidaso a wɔde asi yɛn anim no mu pintinn. 19  Saa anidaso+ a yɛwɔ yi, ɛte sɛ sɛkyɛ* ma ɔkra;* etim hɔ na enhinhim. Na ɛfa ntwamutam no mu kɔ mu,+ 20  baabi a odikanfo bi akɔ hɔ ama yɛn no. Ɔno ne Yesu+ a wabɛyɛ ɔsɔfo panyin daa te sɛ Melkisedek+ no.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “bere.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “nkyɛkyerɛ.”
Anaa “ɔham.”
Anaa “adehye.”
Anaa “n’agyinatu.”
Anaa “ɔde ntam baa mu.” Nt., “ɔde ntam bɛhyɛɛ mfinimfini.”
Ɛtaa yɛ dade bi a emu yɛ duru a ɛwɔ po so hyɛn mu a nkɔnsɔnkɔnsɔn sa so; wogyaa mu to nsu mu ma hyɛn no gyina faako.
Anaa “ma yɛn nkwa.”