Yesaia 43:1-28

  • Yehowa san boaboa ne nkurɔfo ano (1-7)

  • Wɔfrɛ anyame no sɛ wɔmmɛkyerɛ sɛ wɔyɛ anyame (8-13)

    • “Mone m’adansefo” (10, 12)

  • Wogye wɔn fi Babilon (14-21)

  • “Ma yenhyia nni asɛm” (22-28)

43  Afei asɛm a Yehowa,Nea ɔbɔɔ wo, O Yakob, nea ɔnwenee wo, O Israel,+ aka ni; “Nsuro, na magye wo.+ Mabɔ wo din afrɛ wo. Woyɛ me dea.   Sɛ wutwa nsu a, medi w’akyi;+Wofa nsubɔnten mu a, ɛremfa wo.+ Sɛ wofa ogya mu a, ɛrenhyew wo,Na ogyaframa renhyew wo ho nwi mpo.   Efisɛ mene Yehowa wo Nyankopɔn,Israel Kronkronni no, wo Gyefo no. Mede Egypt ayɛ agyede ama wo,Na mede Etiopia ne Seba asi w’ananmu.   Wosom bo wɔ m’ani so+ nti,Midi wo ni, na medɔ wo.+ Ɛno nti mede nnipa besi w’ananmu,Na mede aman asi wo nkwa* ananmu.   Nsuro, efisɛ meka wo ho.+ Mede w’asefo* befi apuei fam aba,Na maboaboa wo ano afi atɔe fam.+   Mɛka akyerɛ atifi fam sɛ, ‘Gyaa wɔn!’+ Na maka akyerɛ anaafo fam sɛ, ‘Nnye wɔn nka hɔ. Fa me mma mmarima fi akyirikyiri bra, na fa me mma mmea fi asaase ano bra,+   Obiara a me din da no so,+Ne nea mabɔ no de ahyɛ me ho anuonyam,Nea manwene no, ne nea mayɛ no biara.’+   Fa ɔman a wɔwɔ aniwa nanso wɔn ani afura no bra,Ne wɔn a wɔwɔ aso nanso wɔn aso asiw no.+   Ma aman nyinaa nhyia wɔ faako,Na amanaman mmoaboa wɔn ho ano.+ Wɔn mu hena na obetumi aka eyi? Anaa wobetumi ama yɛate kan nneɛma* no ho asɛm?+ Ma wɔmfa wɔn adansefo mmra na wɔmfa mmebu wɔn ho bem,Anaasɛ ma wɔnte na wɔnka sɛ, ‘Ɛyɛ nokware!’”+ 10  Yehowa asɛm ni: “Mone m’adansefo,+Yiw, m’akoa a mapaw no,+Na ama moahu, na moagye me adi,*Na moahu sɛ me ara mene no.+ Wɔnnwenee Onyankopɔn bi m’anim,Na m’akyi nso, obi nni hɔ.+ 11  Me ara mene Yehowa,+ na m’akyi no, ogyefo biara nni hɔ.”+ 12  Yehowa asɛm ni: “Me na mekae, na migyee nkwa, na mema wɔtee,Bere a na onyame foforo biara nni mo mu no.+ Enti mone m’adansefo, na mene Onyankopɔn.+ 13  Bio nso, mete sɛnea mete bere nyinaa;+Obiara rentumi nhwim biribiara mfi me nsam.+ Sɛ mekeka me ho a, hena na obetumi asiw me kwan?”+ 14  Yehowa, mo Gyefo,+ Israel Kronkronni+ no asɛm ni: “Mo nti, mɛsoma akɔ Babilon akobubu apon akyi nnade nyinaa,+Na ahoyeraw nti, Kaldeafo a wɔte po so ahyɛn mu no besu buei! buei!+ 15  Mene Yehowa, mo Kronkronni no,+ Israel Bɔfo+ no, mo Hene+ no.” 16  Nea YehowaA ɔpae kwan to po mu,Nea oyi kwan to nsu a ɛrebu fa so mu,+ 17  Nea ɔma ɔko nteaseɛnam ne apɔnkɔ fi adi,+Na ɔma asraafodɔm ne mmarima a wonim ko fi adi no aka ni: “Wɔbɛda fam, na wɔrensɔre.+ Wobedum wɔn, wobedum wɔn te sɛ nea wodum ntamaban a ɛredɛw.” 18  “Monnkae kan nneɛma no,Na munnnwen tete nneɛma ho. 19  Hwɛ! Mereyɛ ade foforo bi;+Seesei mpo ɛrepue. Munhu anaa? Mede ɔkwan bɛto sare so,+Na mama nsubɔnten asen anwea pradadaa so.+ 20  Wuram mmoa bɛhyɛ me anuonyam,Sakraman ne nsohori,Efisɛ mɛma nsu aba sare so,Na nsubɔnten asen anwea pradadaa so,+Na me man, nea mapaw no+ no, anom, 21  Ɔman a manwene wɔn afa no, Sɛnea ɛbɛyɛ a wɔbɛka m’ayeyi akyerɛ.+ 22  Nanso womfrɛɛ me, O Yakob,+Efisɛ me ho afono wo, O Israel.+ 23  Womfaa oguan mmɔɔ ɔhyew afɔre mmaa me,Na womfaa w’afɔre nhyɛɛ me anuonyam. Menhyɛɛ wo sɛ fa akyɛde brɛ me,Na menhyɛɛ wo sɛ fa ɛhyɛ* brɛ me, memfa nhyɛɛ wo brɛ.+ 24  Womfaa wo sika ntɔɔ sibiri huamhuam* biara mmaa me,Na wommaa w’afɔre srade mmee me.+ Na mmom wo bɔne ayɛ adesoa wɔ me so,Na wo mfomso ama mabrɛ.+ 25  “Me, me na mepopa wo mmarato,*+ me din nti.+Na merenkae wo bɔne bio.+ 26  Kaakae me; ma yenhyia nni asɛm;Ka w’asɛm na fa kyerɛ sɛ wudi bem. 27  Wo nana a odi kan no yɛɛ bɔne,Na wɔn a wɔkasa ma wo* no atew me so atua.+ 28  Enti megu kronkronbea hɔ mpanyimfo no ho fĩ,Na mede Yakob bɛma ɔsɛeNa mama wɔatwa Israel adapaa.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “wo kra.”
Nt., “w’aba.”
Ebetumi akyerɛ nneɛma a ebedi kan aba daakye.
Anaa “na mode mo werɛ ahyɛ me mu.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Ɛyɛ afifide bi a ɛyɛ huam. Nanso obiara nhyɛ da nnim afifide pɔtee a ɛyɛ.
Anaa “w’atuatew.”
Ebetumi akyerɛ wɔn a wɔkyerɛkyerɛ Mmara no.