Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Wote Sɛn?

Sɛn paa na wote? Nea obiara bɛka biara na wudi akyi, anaa wunim nea woreyɛ? Sɛ wunim nea woreyɛ wɔ abrabɔ mu a, ɛrenkɔba sɛ nea obiara bɛka biara na wudi so.

Me Nipaban

Meyɛ Nipa Bɛn?

Sɛ wunim nea wugye di, nea wobɔ mu mmɔden, nea wotɔ mu sin, ne wo botae a, wubetumi asi gyinae pa wɔ tebea biara mu.

Me Mmabunbere—Me Ara Mahwehwɛ Mu Ahu Anaa?

Sɛ woyɛ Bible no mu nhwehwɛmu na wohyɛ wo gyidi den a, ebetumi aboa wo ma woagyina ɔhaw biara a wubehyia ano.

Dɛn Nti Na Ɛsɛ Sɛ Midi Nokware?

Wunnye nni sɛ nnipa a wonni nokware mmom na esi wɔn yiye?

Meyɛ Obi a Memma Ɔhaw Mmu Mfa Me So Anaa?

Ɛyɛ dɛn ara a yebehyia ɔhaw. Ɔhaw biara a yebehyia no, ketewa oo, kɛse oo, ɛsɛ sɛ yesua sɛ yɛremma emmu mfa yɛn so.

Sɛ Nneɛma Sesa a, Dɛn na Wobɛyɛ?

Nsakrae deɛ, ɛyɛ dɛn ara a, ɛbɛba. Hwɛ nea ebinom atumi ayɛ de agyina nsakrae ano.

Wobɛyɛ Dɛn Agye Afotuo Atom?

Afotuo a ɛyɛ ya sɛ kuro no, ɛno na ɛboa paa

Mɛyɛ Dɛn Atete M’ahonim Anaa Me Tiboa?

W’ahonim ma yehu nipa ko a woyɛ ne nneɛma a w’ani gye ho. Enti bisa wo ho sɛ, ‘Dɛn na m’ahonim ka fa me ho?

Wuhyia Obi a, Adwene Bɛn Na Wunya Wɔ Ne Ho?

Efi tete na nnipa ahwɛ nkurɔfo anim anya wɔn ho adwene bi. Hwɛ video yi, na wubehu Bible afotusɛm a ɛbɛboa wo na woannya saa suban no bi.

Ɛho Hia Sɛ Wubenya Nnamfo Pii Wɔ Sohyia Midia So?

Nnipa bi de wɔn nkwa to esiane mu sɛnea ɛbɛyɛ a wobenya nnamfo pii, na nnipa pii akyerɛ sɛ wɔn ani gye wɔn ho. Edin a obi begye wɔ sohyia midia so no, mfaso wɔ so anaa?

Sɛnea Wobɛko Atia Atipɛnfo Nhyɛso

Atipɛnfo nhyɛso betumi ama nnipa pa ayɛ ade bɔne. Dɛn na ɛsɛ sɛ wuhu fa ho, na wobɛyɛ dɛn agyina ano?

M’atipɛnfo Hyɛ Me Sɛ Menyɛ Biribi a Mempɛ a, Mɛyɛ Dɛn?

Hwɛ sɛnea Bible nnyinasosɛm betumi aboa wo.

Nni Wo Nnamfo Akyi Nkɔyɛ Bɔne!

Dɛn na ɛbɛboa wo na woanni wo nnamfo akyi ankɔyɛ bɔne? Nneɛma nnan bi wɔ hɔ a ɛbɛboa wo.

Sɛnea Meyɛ Me Nneɛma

Adɛn Nti na Ɛsɛ sɛ Meboa Afoforɔ?

Sɛ woboa nkurɔfoɔ a, anyɛ yie koraa no, wobɛnya mfasoɔ mmienu bi. Ɛyɛ mfasoɔ bɛn?

Sɛnea Wobɛtumi Aboa Nkurɔfoɔ

Nnipa a wɔhia mmoa atwa wo ho ahyia. Dwumadi krataa yi kyerɛ nneɛma mmiɛnsa a wobɛtumi ayɛ aboa wɔn.

Midi Mfomso a, Ɛdɛn na Metumi Ayɛ?

Obiara di mfomso, nanso ɛnyɛ obiara na osua biribi fi ne mfomso mu.

Mɛyɛ Dɛn Ako Atia Sɔhwɛ?

Hwɛ nneɛma mmiɛnsa bi a ɛho hia a ebetumi aboa wo ama woako atia akɔnnɔ a ɛmfata.

Wobɛyɛ Dɛn Adi Sɔhwɛ So?

Wotumi gyina sɔhwɛ ano a, ɛkyerɛ sɛ woyɛ ɔbaa anaa ɔbarima paa. Nneɛma nsia a ɛbɛhyɛ wo den na sɔhwɛ anyi wo, na ankɔfa adwendwene ammɛto wo so.

M'ahoɔfɛ

M’ahosiesie Te Sɛn?

Hwɛ sɛnea wobɛtwe wo ho afi mfomso mmiɛnsa a nnipa di wɔ ahosiesie ho ne sɛnea wobɛtwe wo ho afi ho.

Mema Me Ntaadehyɛ Ne M’ahosiesie Ho Hia Me Dodo Anaa?

Hwɛ nea woyɛ a ɛbɛboa wo, na wo ntaadehyɛ ne w’ahosiesie anhia wo ammoro so.

M’ani Nnye Sɛnea Mete Ho—Adɛn Ntia?

Wohwɛ wo ho wɔ ahwehwɛ mu a, ɛte sɛn? Ɛyɛ a ɛyɛ wo sɛ wo ho nyɛ fɛ? Ɛnde dɛn na wobɛyɛ ama wo ho ayɛ fɛ?