Nnwom 55:1-23

  • Mpae a obi a n’adamfo ayi no ama bɔ

    • Ne yɔnko berɛbo atwa no adapaa (12-14)

    • “Dan w’adesoa to Yehowa so” (22)

Wɔde ma dwom kyerɛfo sɛ wɔmfa asanku nto. Maskil.* Dawid dwom. 55  O Onyankopɔn, tie me mpaebɔ,+Na sɛ mesrɛ wo sɛ hu me mmɔbɔ a, mmu w’ani ngu m’adesrɛ so.*+   Wɛn w’aso ma me, na gye me so.+ Me dadwen ama me ho yeraw me,+Na mabotow,   Esiane nea ɔtamfo rekekaNe ɔdebɔneyɛfo nhyɛso nti. ɔde mmusu ba me so daa,Na abufuw nti, wonya me ho menasepɔw.+   Me koma di yaw wɔ me mu,+Na owu ho hu akyekyere me.+   Ehu ne ahopopo ahyɛ me so,Na me ho wosow biribiri.   Daa meka sɛ: “Sɛ mewɔ ntaban te sɛ aburuburuw a, Anka metu akɔtena baabi a me ho bɛtɔ me.   Hwɛ! Anka metu akɔ akyirikyiri;+ Anka mɛtena sare so.+ (Sela)   Anka metu mmirika akɔ me guankɔbea,Afi mframa kɛse ne ahum no mu.”   O Yehowa, ma wɔn adwene ntu mfra, na ma wɔn agyinatu nyɛ ɔkwa,*+Na mahu anuɔdensɛm ne akasakasa wɔ kurow no mu. 10  Wɔnenam n’afasu so awia ne anadwo;Amumɔyɛsɛm ne ɔhaw wɔ kurow no mu.+ 11  Mmusu wɔ kurow no mu;Na nhyɛso ne nnaadaa mpa n’abɔnten so.+ 12  Ɛnyɛ ɔtamfo na otwa me adapaa;+Sɛ saa a, anka ɛrenhaw me. Ɛnyɛ ɔtamfo na wasɔre atia me;Anka metumi de me ho ahintaw no. 13  Mmom ɛyɛ wo, me yɔnko nipa,*+Me ara me mannifo a minim wo yiye.+ 14  Ná woyɛ me yɔnko berɛbo;Yɛne nnipadɔm bɔɔ anan kɔɔ Onyankopɔn fi. 15  Ma ɔsɛe mmra wɔn so!+ Ma wɔmfa anikan nkɔ Ɔdamoa* mu,Efisɛ bɔne wɔ wɔn koma mu ne baabi a wɔte. 16  Me de, Onyankopɔn na mɛfrɛ no;Na Yehowa na obegye me.+ 17  Meyɛ basaa anwummere, anɔpa, ne awia, na misi apini,*+Na ɔte me nne.+ 18  Obegye me,* na wama manya asomdwoe ɛmfa ho sɛ nkurɔfo ko tia me no;Nnipadɔm na wɔreko tia me.+ 19  Onyankopɔn bɛte na wako atia wɔn;+Ɔno na ɔte ahengua so fi tete.+ (Sela) Wɔn de, wɔrensesa;Wonsuro Onyankopɔn.+ 20  Watow* ahyɛ wɔn a wɔne no te asomdwoe mu so;+Wabu apam a ɔne me yɛe no so.+ 21  N’anom nsɛm yɛ fekɔfekɔ sen bɔta,+Nanso ntɔkwaw na ɛwɔ ne komam. Ahomeka wɔ ne nsɛm mu* sen ngo,Nanso ano yɛ nnam sen sekan.+ 22  Dan w’adesoa to Yehowa so,+Na ɔbɛboa wo.+ Ɔremma ɔtreneeni nhwe ase* da.+ 23  Nanso wo, Onyankopɔn, wo na wode wɔn bɛkɔ amoa mu tɔnn.+ Awudifo* ne nkontompofo renni wɔn nna mu fã.+ Me de, mede me ho bɛto wo so.

Ase Hɔ Nsɛm

Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “Na sɛ mesrɛ wo hɔ mmoa a, mfa wo ho nhintaw me.”
Nt., “yɛ wɔn kasa basabasa.”
Anaa “onipa a ɔne me yɛ pɛ.”
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “meyɛ hagyahagya.”
Anaa “Obegye me kra.”
Kyerɛ sɛ, nea bere bi na ɔyɛ n’adamfo a nky. 13 ne 14 kaa ne ho asɛm no.
Nt., “Ne nsɛm yɛ bɛtɛɛ.”
Anaa “nhinhim.”
Anaa “Wɔn a wodi mogya ho fɔ.”