Genesis 2:1-25

  • Da a ɛto so ason no yɛ Onyankopɔn homeda (1-3)

  • Yehowa Nyankopɔn yɛ ɔsoro ne asaase Bɔfo (4)

  • Ɔbarima ne ɔbea asetena wɔ Eden turo mu (5-25)

    • Ɔde dɔte nwenee onipa (7)

    • Papa ne bɔne ho nimdeɛ dua (15-17)

    • Ɔbɔɔ ɔbea (18-25)

2  Eyi ne ɔkwan a wɔfaa so yɛɛ ɔsoro ne asaase ne emu nneɛma* nyinaa wiei.+  Eduu da a ɛto so ason no, na Onyankopɔn awie biribiara a ɔreyɛ, na da a ɛto so ason no, ofii ase home fii ne nnwuma a ɔreyɛ nyinaa ho.+  Na Onyankopɔn hyiraa da a ɛto so ason no na ɔkae sɛ ɛyɛ kronkron, efisɛ saa da no na Onyankopɔn fii ase home fii ne nnwuma nyinaa ho. Ɔbɔɔ biribiara a na wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no.  Bere a wɔbɔɔ ɔsoro ne asaase, ɛda a Yehowa* Nyankopɔn yɛɛ asaase ne ɔsoro no, ɛho nsɛm ni.+  Saa bere yi, na wura biara nni asaase so, na na afifide biara nnya mmae, efisɛ na Yehowa Nyankopɔn ntɔɔ osu nguu asaase so, na na onipa biara nni hɔ a ɔbɛdɔw asaase no.  Nanso na suwusiw fi asaase so kɔ soro, na na ɛbɛfɔw asaase ani nyinaa.  Yehowa Nyankopɔn de fam dɔte+ nwenee onipa na ohuw nkwa home guu ne hwene mu,+ na onipa no bɛyɛɛ ɔteasefo.*+  Afei nso, Yehowa Nyankopɔn yɛɛ turo bi wɔ Eden+ a ani kyerɛ apuei fam; ɛhɔ na ɔde onipa a ɔnwenee no+ no kɔtenae.  Na Yehowa Nyankopɔn maa nnua a wohwɛ a ɛyɛ fɛ na eye sɛ wodi nyinaa bi fifii asaase no so, ne nkwa dua+ nso wɔ turo no mfinimfini ne papa ne bɔne ho nimdeɛ dua.+ 10  Saa bere no, na asubɔnten bi fi Eden sen bɛfɔw turo no; emu paapae yɛɛ nsubɔnten* anan. 11  Nea edi kan no de Pison. Etwa Hawila asaase a sika kɔkɔɔ wɔ so no nyinaa ho hyia. 12  Saa asaase no so sika kɔkɔɔ yɛ papa. Bedola aduhuam* ne abohene tuntum nso wɔ hɔ. 13  Asubɔnten a ɛto so abien no de Gihon, na etwa Kus asaase nyinaa ho hyia. 14  Asubɔnten a ɛto so abiɛsa no de Hidekel,*+ na ɛsen wɔ Asiria+ apuei fam. Asubɔnten a ɛto so anan no ne Eufrate.+ 15  Yehowa Nyankopɔn de ɔbarima no kɔtenaa Eden turom hɔ sɛ ɔnnɔw hɔ na ɔnhwɛ hɔ.+ 16  Afei nso, Yehowa Nyankopɔn maa ɔbarima no ahyɛde sɛ: “Turom ha nnua nyinaa wutumi di nea wopɛ biara.+ 17  Nanso papa ne bɔne ho nimdeɛ dua no de, nni bi, efisɛ da a wubedi bi no, owu na wubewu.”+ 18  Ɛnna Yehowa Nyankopɔn kae sɛ: “Enye sɛ ɔbarima no nko ara tena. Merebɛyɛ ɔboafo ama no, ɔhokafo a ɔfata no.”+ 19  Na Yehowa Nyankopɔn de dɔte nwenee wuram mmoa nyinaa ne wim ntuboa nyinaa, na ɔde wɔn brɛɛ onipa no sɛ ɔnhwɛ ntoto wɔn nyinaa din, na edin biara a onipa no de frɛɛ abɔde* a ɛte ase biara no, ɛno ara na ɛbɛyɛɛ ne din.+ 20  Enti afieboa ne wim ntuboa ne asaase so mmoa nyinaa, onipa no totoo wɔn din, nanso onipa no de, na onni ɔboafo a ɔfata no. 21  Enti Yehowa Nyankopɔn maa onipa no daa hatee, na bere a ɔdae no, oyii ne mfe dompe baako, na ɔde nam hyɛɛ ananmu. 22  Na Yehowa Nyankopɔn de mfe dompe a oyi fii ɔbarima no mu no yɛɛ ɔbea, na ɔde no brɛɛ ɔbarima no.+ 23  Ɛnna ɔbarima no kae sɛ: “Afei me nnompe mu dompeNe me honam mu nam ni.Oyi na wɔbɛfrɛ no Ɔbea,Efisɛ ɔbarima mu na woyii no fii.”+ 24  Ɛno nti na ɔbarima begyaw ne papa ne ne maame hɔ na ɔde ne ho akɔbata* ne yere ho na wɔayɛ ɔhonam koro.+ 25  Ná ɔbarima no ne ne yere nhyɛ hwee,*+ nanso na wɔmfɛre.

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “asafo.”
Ɛha ne baabi a edi kan a Onyankopɔn din ankasa, יהוה (YHWH) pue. Hwɛ Nkh. A4.
Anaa “ɔkra teasefo.” Hebri, ne′phesh, a nea ɛkyerɛ paa ne “abɔde a ɛhome.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “nsuti.”
Ɛyɛ aduhuam bi a ɛte sɛ kurobow.
Anaa “Tigris.”
Anaa “ɔkra.”
Anaa “akɔfam.”
Anaa “wɔdeda adagyaw.”