Petro Nhoma a Edi Kan 5:1-14

  • Monyɛn Onyankopɔn nguankuw no (1-4)

  • Mommrɛ mo ho ase; monwɛn (5-11)

    • Montow mo dadwen ngu Onyankopɔn so (7)

    • Ɔbonsam te sɛ gyata a ɔrebobom (8)

  • Awiei nsɛm (12-14)

5  Enti mpanyimfo a wɔwɔ mo mu no, me a meyɛ ɔpanyin te sɛ wɔn, ne Kristo amanehunu ho dansefo, na mewɔ kyɛfa wɔ anuonyam a wɔrebeyi no adi+ mu no, mitu wɔn fo sɛ:  Monyɛn Onyankopɔn nguankuw+ a wɔhyɛ mo nsa no. Munyi mo yam nhwɛ wɔn so* mma Onyankopɔn,+ ɛnyɛ amemenemfe so anaa adifudepɛ nti,+ na mmom momfa anigye nyɛ;  monnhyɛ wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn agyapade no so,*+ na mmom monyɛ nhwɛso mma nguankuw no nsuasua.+  Na bere a wɔbɛda oguanhwɛfo panyin+ no adi no, mubenya anuonyam abotiri a ɛnsɛe da.+  Saa ara na mo mmerante nso, mommrɛ mo ho ase nhyɛ mpanyimfo no ase.+ Na obiara mmrɛ ne ho ase* mma ne yɔnko,* efisɛ Onyankopɔn ko tia ahantanfo, na ahobrɛasefo de, ɔdom wɔn.+  Enti mommrɛ mo ho ase nhyɛ Otumfo Nyankopɔn* ase na wama mo so bere a ɛsɛ mu,+  na montow mo dadwen* nyinaa ngu no so,+ efisɛ odwen mo ho.+  Mo ani nna hɔ na monwɛn!+ Mo tamfo Bonsam nenam sɛ gyata a ɔrebobom, na ɔrepɛ obi akyere no awe.+  Nanso momfa gyidi nnyina hɔ pintinn ne no nko,+ na munhu sɛ amanehunu koro no ara na mo nuanom* a wɔwɔ wiase nyinaa hyia.+ 10  Na sɛ muhu amane kakra a, adom nyinaa Nyankopɔn a ɔnam Kristo so frɛɛ mo baa ne daa anuonyam mu+ no ankasa bewie mo ntetee. Ɔbɛma mo ase atim,+ ɔbɛma moayɛ den,+ na ɔbɛma moagyina pintinn. 11  Ɔno na tumi wɔ no daa. Amen. 12  Menam onua Silwano*+ a mibu no ɔnokwafo no so akyerɛw mo nsɛm kakra yi. Mede rebɛhyɛ mo nkuran de adi mo adanse turodoo sɛ eyi ne Onyankopɔn adom no ankasa. Ɛno mu na munnyina pintinn. 13  Ɔbea* a ɔwɔ Babilon a wɔapaw no sɛ mo ara no kyia mo, na me ba Marko+ nso kyia mo. 14  Momfa ɔdɔ mfewano nkyiakyia mo ho. Asomdwoe nka mo a mowɔ Kristo mu nyinaa.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “nyɛ wɔn so ahwɛfo.”
Anaa “munnni wɔn a wɔyɛ Onyankopɔn agyapade no so bakoma.”
Anaa “mfa ahobrɛase mmɔ n’asen.”
Anaa “obiara nnya ahobrɛase adwene mma ne yɔnko.”
Nt., “Onyankopɔn tumi nsa.”
Anaa “haw; adwinnwen.”
Anaa “anuanom nkabom.”
Ɔno ara na wɔfrɛ no Silas no.
Ebetumi aba sɛ “ɔbea” a wɔaka ne ho asɛm wɔ ha no yɛ asafo bi.