Yohane Kyerɛwtohɔ 15:1-27

  • Nokware bobe ho mfatoho no (1-10)

  • Ɔmaa wɔn ahyɛde sɛ wɔnnodɔ wɔn ho sɛnea Kristo dɔɔ wɔn no (11-17)

    • ‘Obiara nni hɔ a ɔwɔ ɔdɔ kyɛn eyi’ (13)

  • Wiase no tan Yesu asuafo (18-27)

15  “Mene nokware bobe no, na m’Agya ne okuafo no.  Nkorabata* biara a ɛwɔ me ho a ɛnsow aba no, oyi fi hɔ, na nkorabata* biara a ɛsow aba no de, oyiyi ho kama sɛnea ɛbɛyɛ a ebetumi asow aba pii.+  Mo de, asɛm a maka akyerɛ mo no nti, mo ho atew dedaw.+  Montena me mu, na me nso mɛtena mo mu. Nkorabata* no ara rentumi nsow aba gye sɛ ɛfam bobe no ho. Saa ara na mo nso, morentumi nsow aba gye sɛ motena me mu.+  Mene bobe no, na mone nkorabata* no. Obiara a ɔtena me mu, na me nso metena ne mu no, ɔsow aba pii;+ efisɛ mokwati me a, morentumi nyɛ hwee.  Sɛ obi antena me mu a, wotwa no kyene te sɛ nkorabata,* na ewu. Na nnipa boaboa saa nkorabata* no ano kogu ogya mu ma ɛhyew.  Sɛ motena me mu, na me nsɛm tena mo mu a, mummisa biribiara a mopɛ, na mubenya.+  Nea ɛhyɛ m’Agya anuonyam ne sɛ mobɛkɔ so asow aba pii, na moakyerɛ sɛ moyɛ m’asuafo.+  Sɛnea Agya no dɔ me no,+ saa ara na me nso medɔ mo; montena me dɔ mu. 10  Sɛ mudi m’ahyɛde so a, mobɛtena me dɔ mu, sɛnea madi Agya no ahyɛde so na mete ne dɔ mu no. 11  “Maka eyinom akyerɛ mo, sɛnea ɛbɛyɛ a mubenya m’anigye no bi,* na mo ani agye aboro so.*+ 12  M’ahyɛde ne sɛ, monnodɔ mo ho sɛnea medɔ mo no.+ 13  Obiara nni hɔ a ɔwɔ ɔdɔ kyɛn obi a ɔde ne nkwa* to hɔ ma ne nnamfo.+ 14  Ahyɛde a mede rema mo no, sɛ mudi so a, na moyɛ me nnamfo.+ 15  Seesei memfrɛ mo nkoa bio, efisɛ akoa nnim nea ne wura yɛ. Mmom mefrɛ mo nnamfo, efisɛ nea mate afi m’Agya hɔ nyinaa, mama moahu. 16  Ɛnyɛ mo na muyii me, na mmom me na miyii mo. Miyii mo sɛ monkɔ, na monkɔ so ara nsow aba, na mo aba no ntena hɔ, sɛnea ɛbɛyɛ a biribiara a mubebisa Agya no wɔ me din mu no, ɔde bɛma mo.+ 17  “Merema mo ahyɛde yi, sɛnea ɛbɛyɛ a mobɛdodɔ mo ho.+ 18  Sɛ wiase no tan mo a, monkae sɛ, atan me ansa na ɛretan mo.+ 19  Sɛ moka wiase no ho a, anka mobɛyɛ wiase no dea, na wiase no bɛpɛ mo asɛm. Esiane sɛ monka wiase no ho,*+ na mayi mo afi wiase no mu nti, wiase no tan mo.+ 20  Monkae asɛm a meka kyerɛɛ mo no: Akoa nsen ne wura. Sɛ wɔatan m’ani a, mo nso wɔbɛtan mo ani;+ sɛ wɔadi m’asɛm so a, mo nso wobedi mo de so. 21  Na me din nti na wɔbɛyɛ eyinom nyinaa atia mo, efisɛ wonnim Nea ɔsomaa me no.+ 22  Sɛ mamma ammɛkasa ankyerɛ wɔn a, anka wonni bɔne ho fɔ.+ Nanso seesei de, wonni wɔn bɔne ho anoyi biara.+ 23  Obiara a ɔtan me no, ɔtan m’Agya nso.+ 24  Sɛ manyɛ nnwuma a obiara nyɛɛ bi da wɔ wɔn mu a, anka wonni bɔne ho fɔ.+ Nanso seesei wɔahu me, na wɔatan me ne m’Agya nyinaa. 25  Nanso ɛbaa saa, na ama asɛm a wɔakyerɛw wɔ wɔn Mmara mu yi aba mu. Ɛka sɛ: ‘Wɔtan me kwa.’+ 26  Sɛ ɔboafo a mɛsoma no afi Agya no nkyɛn no ba a, saa honhom no, nokware no honhom+ a efi Agya no hɔ no, ɔno na obedi me ho adanse;+ 27  na mo nso, ɛsɛ sɛ mudi me ho adanse,+ efisɛ mo ne me atena fi mfiase.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Baa.”
Anaa “Baa.”
Anaa “Baa.”
Anaa “baa.”
Anaa “baa.”
Anaa “mmaa.”
Anaa “sɛnea ɛbɛyɛ a m’anigye bɛtena mo mu.”
Anaa “na mo anigye ayɛ ma.”
Anaa “kra.”
Anaa “monyɛ wiase no fã.”