Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

SUASUA WƆN GYIDI | SARA

Onyankopɔn Frɛɛ No “Ɔhemmaa”

Onyankopɔn Frɛɛ No “Ɔhemmaa”

WO DEƐ hwɛ sɛ Sara asɔre afi n’adwuma ho atwe ne mu, na afei wato n’ani ahwɛ akyirikyiri. Ne nkoa ne ne mfenaa nso, wakyekyɛ adwuma ama wɔn kama, na obiara de anigye reyɛ n’adwuma. Mmɔdenbɔfo Sara nso nsa kura adwuma no mu bi. Afei hwɛ sɛ n’adwene da baabi na ɔreposaposa ne nsam remiamia baabi a ɛyɛ no yaw no. Ebia na ntamadan a wɔda mu no baabi atew, enti wapam ama ne nsa agyene. Ná wɔde apɔnkye nhwi na ayɛ, na na wɔada mu mfe pii. Awia bɔ a, ɛhye no, nsu tɔ a, ɛhwe no, enti ama ani apa. Wei maa Sara kaee mfe dodow a wɔde adi atutena. Afei deɛ, na awia rekɔtɔ ma ewim rebiribiri. Baabi a Sara gyina rehwɛ no, ɛhɔ ara na anɔpa no ogyina hwɛɛ Abraham * kosii sɛ n’atikɔ dɔɔ mu. Saa bere yi deɛ, ɔrehwɛ no kwan. Bere a ohuu sɛ ne kunu ayi ne ti wɔ bepɔw bi a ɛbɛn so no, n’anim yɛɛ sereserew.

Bere a Abraham ne n’abusua kɛse no twaa Eufrate Asubɔnten kɔɔ Kanaan no, mfe du atwam. Ná Sara nim sɛ Abraham wɔ dwuma titiriw bi a ɛsɛ sɛ odi. Ɛne sɛ ɔbɛwo aseni bi Onyankopɔn gye no tom ne ɔman ama Yehowa atirimpɔw abam. Wei nti Sara penee so ne ne kunu Abraham twaa kwan tenten kɔɔ baabi a wonnim. Nanso, na Sara nso adwuma ne sɛn? Ná Sara adi mfe 75, nanso na ontumi nwo. Enti ebia Sara bedwennwen ho sɛ, ‘Sɛ me na meyɛ Abraham yere deɛ a, ɛnde ɛbɛyɛ dɛn na Yehowa bɔhyɛ no abam?’ Sɛ na Sara dwennwen asɛm yi ho anaa mpo n’abotare asa a, ntease wom.

Ɛtɔ mmere bi a, ebia yɛn nso, yedwennwen ho sɛ, ‘Bere bɛn na Onyankopɔn bɔhyɛ ahorow bɛbam?’ Ɛnyɛ mmerɛw sɛ yebenya abotare, titiriw bere a yɛrehwɛ biribi a yɛn ani gye ho paa kwan no. Dɛn na yebetumi asua afi saa ɔbaa soronko yi gyidi mu?

‘YEHOWA ASIW ME KWAN’

Ná abusua no fii Egypt bae nkyɛe. (Genesis 13:1-4) Wɔkɔtenaa mmepɔw so wɔ Betel apuei fam. Ná Kanaanfo no frɛ saa beae yi Lus. Esiane sɛ na ɛhɔ wɔ soro nti, sɛ Sara to n’ani a, na otumi hu Bɔhyɛ Asase no fã kɛse no ara. Ná ohu sɛ nkuraa pii wɔ Kanaan asase no so, na na akwan deda mu a akwantufo fa so kɔ akyirikyiri. Ne nyinaa akyi no, nea na Sara hu nyinaa nto ne kurom. Onyinii wɔ Ur. Ɛyɛ kurow bi a ɛwɔ Mesopotamia, na efi hɔ reba baabi a Sara wɔ no yɛ akwansin 1,200 (kilomita 1,900). Ná Sara agyaw kurow papa bi wɔ n’akyi. Kurow a wodi gua wɔ hɔ na sotɔɔ akɛse ahyɛ mu ma. Ne fie nso, na wɔabɔ so kama, afasu no yɛ den, na ebi mpo a na pipe wɔ hɔ. Ɔsan gyaw n’abusuafo wɔ hɔ. Nanso sɛ ɛyɛ yɛn sɛ na Sara ani wɔ n’akyi ma n’ani agyina baabi a onyinii a, ɛnde na yennim saa ɔbaa a nyamesuro wɔ ne mu yi yiye.

Hwɛ asɛm bi a Onyankopɔn de ne honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔkyerɛwee bɛyɛ mfe 2,000 akyi. Ɔkaa Sara ne Abraham gyidi ho asɛm sɛ: “Wɔkɔɔ so kaee nea wofi bae no a, anka wobenya hokwan asan akɔ hɔ.” (Hebrifo 11:8, 11, 15) Sara ne Abraham mu biara antwa n’ani anhwɛ n’akyi. Sɛ wɔde wɔn adwene sii nea wɔagyaw wɔ wɔn akyi no so a, anka ebia wɔbɛsan akɔ wɔn kurom. Sɛ wɔwɔ Ur nso a, anka agyapade soronko a Yehowa de rema wɔn no, wɔrennya. Afei nso, sɛnea wɔn gyidi aka nnipa ɔpepem pii koma ama wɔresuasua wɔn no, anka ɛremma saa. Anka obiara mpo renkae wɔn wɔ asase yi so bio.

Sara anhwɛ nea wagyaw wɔ n’akyi, mmom ɔhwɛɛ nea ɛwɔ n’anim. Bere a na Abraham redi atutena, reka nguan, na ɔretutu ntamadan asan ahyehyɛ bio no, Sara kɔɔ so taa n’akyi. Ɔhaw ne nsakrae ahorow a akyiri yi ɛbae nso, Sara gyinaa ano. Nanso bere a Yehowa san tii ɛbɔ a ɔhyɛɛ Abraham no mu no, wammɔ Sara din!—Genesis 13:14-17; 15:5-7.

Afei deɛ Sara sii gyinae sɛ, bere aso sɛ ɔka adwene a wafa wɔ ne tirim no kyerɛ Abraham. Wo deɛ, twa ho mfonini hwɛ sɛ Sara reka asɛm a edi so yi nanso ɛnyɛ ne yam: “Hwɛ, Yehowa asiw m’awo ho kwan.” Enti ɔka kyerɛɛ ne kunu sɛ ɔmfa n’abaawa Hagar na ɔne no nwo mma. Fa w’adwene bu sɛnea Sara de ɛyaw kaa saa asɛm no kyerɛɛ ne kunu. Ɛnnɛ deɛ, ebia yɛbɛka sɛ yɛntee saa asɛm yi bi da. Nanso saa bere no deɛ, na ɔbarima tumi ware mmienu anaa ɔfa mpena sɛnea ɛbɛyɛ a ɔbɛwo ba ama wadi n’ade. * Ɛbɔ a Onyankopɔn ahyɛ Abraham sɛ ɔbɛma ɔman afi n’aseni mu aba no, na Sara susu sɛ wei na ɛbɛma abam anaa? Yɛrentumi nkyerɛ, nanso yehu sɛ na Sara ayɛ krado sɛ ɔde biribi kɛse bɛbɔ afɔre. Dɛn na Abraham yɛɛ wɔ ho? Bible ka sɛ: ‘Abraham tiee Sara.’—Genesis 16:1-3.

Wohwɛ kyerɛwtohɔ no a, ɛkyerɛ sɛ Yehowa na ɔmaa Sara kaa saa anaa? Dabi. Mmom no, wutumi hu sɛ Sara de nnipa adwene na ɛkaa saa. Ná ɛyɛ no sɛ ne haw no fi Onyankopɔn, na wansusuw ho da sɛ Onyankopɔn betumi ayɛ biribi de aboa no. Enti nea Sara ankasa yɛe sɛ ɔde bedi asɛm no ho dwuma no, na ɛde ɔhaw ne ɛyaw bɛbrɛ no. Nanso, adwenkyerɛ a ɔde bae no kyerɛ sɛ onnwen ɔno nko ara ho. Sɛ yɛhwɛ sɛnea nkurɔfo dwen wɔn nkutoo ho wɔ wiase no a, suban a Sara daa no adi yi, ɛnka yɛn koma anaa? Yɛn nso, sɛ yɛma Onyankopɔn atirimpɔw a ɛbɛbam no ho hia yɛn sen biribiara a, ɛkyerɛ sɛ yɛresuasua Sara gyidi no.

“WOSEREWEE”

Ankyɛ koraa na Hagar nyinsɛnee. Ebia Hagar susuwii sɛ, esiane sɛ wanyinsɛn ama Abraham nti, ne ho hia sen Sara. Wei maa ofii ase buu ne maame Sara animtiaa. Hwɛ sɛnea wei bebubu obonin Sara! Abraham maa Sara kwan ma ɔteetee Hagar, na Onyankopɔn nso penee so. Nanso, nea Sara yɛ de teetee Hagar no deɛ, Bible ankyerɛ. Hagar woo babarima, na ɔtoo no din Ismael. Afei, mmere pii twaam. (Genesis 16:4-9, 16) Bere a Bible san kaa sɛ nkrasɛm afi Yehowa hɔ aba no, na Sara adi mfe 89, ɛnna ne kunu nso adi mfe 99. Nkrasɛm a wonyae nso deɛ, ɛsɛ w’ani!

Yehowa san hyɛɛ n’adamfo Abraham bɔ sɛ, ɔbɛma n’asefo ayɛ bebree. Afei, Onyankopɔn sesaa ne din. Mfiase no, na yɛfrɛ no Abram. Nanso Yehowa maa no edin Abraham, a ɛkyerɛ “Dodow Agya.” Bio nso, saa bere yi deɛ, Yehowa kyerɛɛ adwuma a Sara bɛyɛ ama ne bɔhyɛ abam. Ɔsesaa ne din Sarai a ebetumi akyerɛ “Ogyigyefo” no, na ɔtoo no din Sara. Saa din yi na yɛn nyinaa nim. Edin Sara no kyerɛ sɛn? Ɛkyerɛ “Ɔhemmaa”! Yehowa kyerɛɛ nea enti a ɔde saa din no maa ɔbaa sima yi. Yehowa kaa sɛ: “Mehyira no na mama wawo ɔbabarima ama wo; mehyira no ma wayɛ aman pii; na n’asefo bɛyɛ ahene.”—Genesis 17:5, 15, 16.

Susuw ho hwɛ. Ɛbɔ a Yehowa ahyɛ sɛ ɔbɛma aseni bi ahyira aman nyinaa no, ɔnam Sara babarima so na ɛbɛyɛ saa! Edin a Onyankopɔn kaa sɛ wɔmfa nto abofra no ne Isak; ɛkyerɛ “Ɔserew.” Bere a edi kan a Abraham tee sɛ Yehowa nam Sara ankasa yam ba so na n’atirimpɔw bɛbam no, “ɔde n’anim butuw hɔ serewee.” (Genesis 17:17) Ɛyɛɛ no nwonwa, na n’ani gye boroo so. (Romafo 4:19, 20) Na Sara nso ɛ?

Ankyɛ koraa na ahɔho mmiɛnsa bi baa Abraham ntamadan ho. Ná awia gyina so, nanso awarefo a wɔn mfe akɔ anim yi yɛɛ ntɛm gyee ahɔho yi. Abraham ka kyerɛɛ Sara sɛ: “Yɛ ntɛm! Fa esiam susukora abiɛsa na fɔtɔw fa yɛ paanoo.” Saa bere no, sɛ obi gye ahɔho a, na ɛyɛ adwuma den paa. Abraham annyaw adwuma no nyinaa ammɔ Sara so. Ɔyɛɛ ntɛm kokum aboa a wɔde bɛyɛ aduan no, na ɔpɛɛ biribi maa ahɔho no nomee. (Genesis 18:1-8) Sɛɛ na “mmarima” yi yɛ Yehowa abɔfo! Ɛbɛyɛ sɛ wei na na ɛwɔ ɔsomafo Paulo adwenem bere a ɔkaa sɛ: “Mommma mo werɛ mmfi ahɔhoyɛ, efisɛ ɛno na ebinom nam so gyee abɔfo a wɔanhu.” (Hebrifo 13:2) Sɛnea Abraham ne Sara yɛɛ ahɔhoyɛ ho nhwɛso a ɛkyɛn so yi, wubetumi asuasua anaa?

Ná Sara pɛ ahɔhoyɛ paa

Bere a abɔfo no baako san tii Onyankopɔn bɔhyɛ a ɛne sɛ Sara bɛwo babarima no mu kyerɛɛ Abraham no, na Sara hyɛ ne ntamadan no mu retie. Ɔbɔfo no asɛm a ɛne sɛ Sara bɛwo wɔ ne mmerewabere mu no yɛɛ Sara nwonwa araa ma wantumi anhyɛ ne ho so. Enti ɔserewee na ɔka kyerɛɛ ne ho sɛ: “Mprempren a mabɔ aberewa na me wura nso abɔ akwakoraa yi, anigye bɛn na menya?” Ɔbɔfo no bisaa Sara asɛm bi de teɛɛ n’adwene. Obisaa Sara sɛ: “So biribi yɛ den ma Yehowa?” Sara kaa biribi de yii ne ho ano efisɛ na osuro, na saa ara na anka obiara bɛyɛ. Ɔkaa no ntɛm ara sɛ: “Manserew”! Ɛnna ɔbɔfo no kaa sɛ: “Dabi, woserewee.”—Genesis 18:9-15.

Serew a Sara serewee no kyerɛ sɛ onni gyidi anaa? Ɛnte saa koraa. Bible ka sɛ: “Gyidi nti Sara nso nyaa ahoɔden faa yafunu bere a na wapa saa mfe no ho mpo, efisɛ obuu nea ɔhyɛɛ bɔ no nokwafo.” (Hebrifo 11:11) Ná Sara nim Yehowa yiye; onim sɛ obetumi adi bɔhyɛ biara a wahyɛ so. Yɛn mu hena na onhia gyidi a ɛte saa? Ɛsɛ sɛ yɛbɔ mmɔden sɛ yebehu Onyankopɔn a Bible ka ne ho asɛm no yiye. Sɛ yɛyɛ saa a, yebehu sɛ gyidi a Sara nyae no, ɛyɛ ne kwan so. Yehowa yɛ ɔnokwafo ampa, na odi ne bɔhyɛ biara so. Ɛtɔ mmere bi a, otumi di ne bɔhyɛ so ma ɛyɛ yɛn nwonwa araa ma yɛserew mpo!

“TIE NO”

Gyidi soronko a Sara daa no adi no, Yehowa tuaa no ka

Sara adi mfe 90, na nea wahwɛ kwan wɔ ne mpanyin mfe so akyɛ no, afei na ne nsa aka. Ɔwoo ɔbabarima maa ne kunu a ɔdɔ no no. Saa bere no, na Abraham nso adi mfe 100! Sɛnea na Onyankopɔn aka no, Abraham too abofra no din Isak anaa “Ɔserew.” Susuw ho hwɛ sɛ afei deɛ Sara anya ne koma so ade, na ɔde n’anim sereserew reka sɛ: “Onyankopɔn ama maserew. Na obiara a ɔbɛte no bɛserew.” (Genesis 21:6) Ɛnyɛ dɛn ara a saa akyɛde nwonwaso a Yehowa de maa no yi, n’ani gyee ho ara kosii ne wuda. Nanso, ɛde asɛyɛde kɛse nso brɛɛ no.

Bere a Isak dii mfe nnum no, wotwaa no nufu, enti abusua no too pon. Nanso biribi ankɔ yiye. Bible ka sɛ, Sara “hui sɛ ɛyɛ a na” Ismael yɛ biribi a ɛhaw adwene. Ná Hagar ba Ismael adi mfe 19, na na ɔtaa di Isak ho fɛw. Ná ɛnyɛ sɛ ɔne no redi agorɔ bi kɛkɛ. Akyiri yi, Onyankopɔn de ne honhom kaa ɔsomafo Paulo ma ɔfrɛɛ nea Ismael de yɛɛ Isak no sɛ ɛyɛ ɔtaa. Sara huu sɛ, saa suban bɔne yi betumi de ne ba no yiyedi ato asiane mu. Ná Sara nim sɛ Isak nyɛ ne ba kɛkɛ, na mmom ɔwɔ adwuma titiriw bi a ɔbɛyɛ ama Yehowa atirimpɔw abam. Enti ɔde akokoduru kaa ne koma so asɛm kyerɛɛ Abraham. Ɔka kyerɛɛ Abraham sɛ ɔmpam Hagar ne ne ba Ismael.—Genesis 21:8-10; Galatifo 4:22, 23, 29.

Dɛn na Abraham yɛɛ wɔ ho? Bible ka sɛ: “Abraham ba yi ho asɛm haw no yiye.” Ná ɔdɔ Ismael, enti na ontumi mfa sɛnea ɔte nka no nto nkyɛn nhwɛ nea ehia paa no. Nanso Yehowa deɛ, ohuu biribiara, enti ɔde ne ho gyee asɛm no mu. Bible ka sɛ: “Ɛnna Onyankopɔn ka kyerɛɛ Abraham sɛ: ‘Mma biribiara a Sara bɛka afa abarimaa no ne w’afenaa ho no nnhaw wo. Tie no efisɛ nea wɔbɛfrɛ no w’aseni no nam Isak so na ɔbɛba.’” Yehowa maa Abraham awerɛhyem sɛ ɔbɛhwɛ Hagar ne ne ba no. Esiane sɛ na Abraham yɛ ɔnokwafo nti, otiee Yehowa asɛm no.—Genesis 21:11-14.

Ná Sara yɛ ɔyere pa ma Abraham; ɔboafo amapa. Ɛnyɛ nea na ɛbɛyɛ Abraham asom dɛ nko ara na ɔka kyerɛɛ no. Bere a ohuu sɛ biribi betumi ahaw abusua no ne wɔn daakye no, ɔkaa ho asɛm pefee kyerɛɛ ne kunu no. Sɛnea na ɔka n’asɛm pen no nkyerɛ sɛ ommu ade. Nokwasɛm mpo ne sɛ, akyiri yi ɔsomafo Petro a na ɔno nso aware no kaa Sara ho asɛm sɛ, ɔyɛ ɔbaa a ɔkyerɛɛ obu kɛse maa ne kunu, na ɛsɛ sɛ yesuasua no. (1 Korintofo 9:5; 1 Petro 3:5, 6) Nea ɛwom paa ne sɛ, sɛ Sara anka asɛm yi ho hwee a, anka ɛno mmom bɛkyerɛ sɛ ommu Abraham. Nea na ɛsɛ sɛ Sara ka no, ofi ɔdɔ mu kaa ho asɛm.

Ɔyerenom pii ani gye Sara nhwɛso no ho. Sɛnea na Sara fi obu mu ka n’asɛm pefee kyerɛ ne kunu no, wosuasua. Ɛtɔ mmere bi a, ɔyerenom pii nyae a anka Yehowa de ne ho agye wɔn nsɛm mu sɛnea ɔyɛ maa Sara no. Ɛno mpo, wosuasua Sara su ahorow a ɛkyɛn so yi: gyidi, ɔdɔ ne abotare.

Yehowa frɛɛ Sara “Ɔhemmaa” deɛ, nanso na Sara nhwɛ kwan sɛ wɔbɛkotokotow no sɛ ɔdehye

Ɛwom sɛ Yehowa ankasa na ɛtoo ɔbaa sima yi din “Ɔhemmaa” deɛ, nanso na Sara nhwɛ kwan sɛ wɔbɛkotokotow no sɛ ɔdehye. Ɛnyɛ nwonwa sɛ bere a Sara dii mfe 127 na owui no, Abraham ‘gyam Sara na osuu no.’ * (Genesis 23:1, 2) N’ani gyinaa ne ‘Hemmaa’ a ɔdɔ no yi paa. Akyinnye biara nni ho sɛ Yehowa Nyankopɔn nso ani gyina ɔbaa nokwafo yi, na wayɛ n’adwene sɛ obenyan no aba nkwa mu bio wɔ paradise asase so. Daakye bi a ɛyɛ anigye na enni awiei da hɔ retwɛn Sara. Obiara a obesuasua Sara gyidi no nso, obenya bi.—Yohane 5:28, 29.

^ nky. 3 Mfiase no, na wɔfrɛ awarefo yi Abram ne Sarai. Akyiri yi na Onyankopɔn sesaa wɔn din. Nea ɛbɛyɛ na ayɛ mmerɛw ama yɛn no, yɛde edin a nkurɔfo de nim wɔn yiye no bɛfrɛ wɔn.

^ nky. 10 Bere bi, na Yehowa pene awaredodow ne mpenatwe so. Nanso akyiri yi, Yehowa maa Yesu Kristo san de sii hɔ sɛ, ɛsɛ sɛ obiara ware baako pɛ. Saa na na mfiase no ɛte wɔ Eden.—Genesis 2:24; Mateo 19:3-9.

^ nky. 25 Sara nko ara ne ɔbaa a Bible ka mfe a odii ansa na ɔrewu.