Hiob 2:1-13

  • Satan san kae sɛ ɛnyɛ adwempa na Hiob de som Yehowa (1-5)

  • Yehowa maa Satan kwan sɛ obetumi de ne nsa aka Hiob nipadua (6-8)

  • Hiob yere kae sɛ: “Dome Onyankopɔn na wu!” (9, 10)

  • Hiob nnamfo baasa baa ne nkyɛn (11-13)

2  Ɛno akyi no, ɛbae sɛ da bi, nokware Nyankopɔn mma*+ no begyinagyinaa Yehowa anim,+ na Satan nso fraa wɔn mu bae, na obegyinaa Yehowa anim bi.+  Ɛnna Yehowa bisaa Satan sɛ: “Ɛhe na wufi reba?” Satan buaa Yehowa sɛ: “Mifi asaase so akyinkyinakyinkyin ne ɛso anantenantew na mereba.”+  Ɛnna Yehowa bisaa Satan sɛ: “Woadwen m’akoa Hiob ho* anaa? Obiara nte sɛ ɔno wɔ asaase so. Ɔyɛ onipa a ɔteɛ* a n’abrabɔ di mu,+ osuro Onyankopɔn, na ɔtwe ne ho fi bɔne ho. Woregyigye me sɛ mensɛe*+ no kwa, nanso ne nyinaa akyi, ɔda so ara bɔ bra a edi mu.”+  Ɛnna Satan ka kyerɛɛ Yehowa sɛ: “Wɔde were na ɛpere were. Nea onipa wɔ nyinaa, ɔde bɛma de apere ne nkwa.*  Wopɛ a, teɛ wo nsa ka ne dompe ne ne honam, na hwɛ sɛ ɔrennyina w’anim nnome wo anaa.”+  Ɛnna Yehowa ka kyerɛɛ Satan sɛ: “Hwɛ! Ɔhyɛ wo nsa! Na ne nkwa* de, mfa wo nsa nka!”  Enti Satan fii Yehowa anim kɔe, na ɔde mpɔmpɔ yayaayaw bi kɔbobɔɔ* Hiob+ fii ne nan ase kosii n’apampam.  Na Hiob faa kuku sin* bi a ɔde betiti ne ho; na ɔtenaa nsõ mu.+  Ɛnna ne yere ka kyerɛɛ no sɛ: “Woda so ara di Onyankopɔn akyi?* Dome Onyankopɔn na wu!” 10  Na Hiob ka kyerɛɛ no sɛ: “Wokasa te sɛ mmea a wonnim nyansa no. Sɛ nokware Nyankopɔn no ma yɛn nneɛma pa a, yegye, na sɛ ɔma yɛn nneɛma bɔne a, ɛnsɛ sɛ yegye anaa?”+ Eyi nyinaa mu no, Hiob anka asɛmmɔne biara.*+ 11  Hiob nnamfo* baasa tee amanehunu a aba no so nyinaa, na wɔn mu biara fi baabi a ɔwɔ bae. Wɔn ne: Elifas+ a ofi Teman, Bildad+ a ofi Suha,+ ne Sofar+ a ofi Naama. Wɔyɛɛ nhyehyɛe hyiaam sɛ wɔrekɔma Hiob hyɛden, na wɔakyekye ne werɛ. 12  Bere a wɔwɔ akyirikyiri a wohuu no no, wɔanhu no. Na wofii ase sui denneennen, na wosuan wɔn ntaade mu, na wɔtow mfuturu kɔɔ soro ma ebeguu wɔn tirim.+ 13  Na wɔne no tenatenaa fam nnanson, awia ne anadwo. Obiara anka hwee ankyerɛ no, efisɛ wohui sɛ ɛyaw a ɔrefa mu no, na ano yɛ den yiye.+

Ase Hɔ Nsɛm

Ɛyɛ Hebri kasakoa a ɛkyerɛ Onyankopɔn abɔfo.
Nt., “Wode wo koma asi m’akoa Hiob so.”
Anaa “onipa a asɛm nni ne ho.”
Nt., “memmene.”
Anaa “kra.”
Anaa “kra.”
Anaa “ɔmaa akuru bɔne bi tutuu.”
Anaa “kyɛmfɛre.”
Anaa “Woda so ara kura w’abrabɔ a edi mu yi mu?”
Anaa “Hiob amfa n’ano anyɛ bɔne biara.”
Anaa “amannifo.”