Luka Asɛmpa 7:1-50

  • Ɔsraani panyin bi gyidi (1-10)

  • Yesu nyan okunafo bi ba wɔ Nain (11-17)

  • Ɔkamfoo Yohane Suboni (18-30)

  • Ɔkaa awo ntoatoaso asoɔdenfo no anim (31-35)

  • Ɔde ɔbea debɔneyɛfo bi bɔne kyɛɛ no (36-50)

    • Mmarima baanu a na wɔde ka ho mfatoho no (41-43)

7  Bere a ɔkaa ne nsɛm no nyinaa kyerɛɛ nkurɔfo no wiei no, ɔkɔɔ Kapernaum.  Ná ɔsraani panyin bi wɔ akoa bi a ɔdɔ no paa. Ná akoa no yare denneennen a ɔreyɛ awu.+  Enti bere a ɔsraani panyin no tee Yesu nka no, ɔsomaa Yudafo mpanyimfo bi sɛ wɔnkɔsrɛ no mma ɔmmɛsa n’akoa no yare.  Enti wɔbaa Yesu nkyɛn, na wofii ase srɛɛ no denneennen sɛ: “Ɔfata sɛ woyɛ eyi ma no,  efisɛ ɔdɔ yɛn man no, na ɔno ankasa na osii yɛn hyiadan no.”  Enti Yesu ne wɔn kɔe. Na bere a ɔreyɛ adu ofie hɔ no, na ɔsraani panyin no adi kan asoma ne nnamfo sɛ wɔmmɛka nkyerɛ no sɛ: “Owura, nhaw wo ho, na memfata sɛ woba me fi.+  Ɛno nti, mansusuw sɛ mefata sɛ meba wo nkyɛn. Wo de, ka biribi ma m’akoa no ho ntɔ no.  Efisɛ me nso mehyɛ obi ase, na mewɔ asraafo hyɛ m’ase. Meka kyerɛ oyi sɛ, ‘Kɔ!’ na ɔkɔ, na meka kyerɛ ɔfoforo sɛ ‘Bra!’ na waba, na meka kyerɛ m’akoa sɛ, ‘Yɛ eyi!’ na wayɛ.”  Bere a Yesu tee eyi no, ɔbarima no ho yɛɛ no nwonwa. Na Yesu dan n’ani kyerɛɛ nnipadɔm a wodi n’akyi no kae sɛ: “Mereka akyerɛ mo sɛ, minhuu gyidi a ɛso saa wɔ Israel mpo.”+ 10  Bere a wɔn a wɔsomaa wɔn no san wɔn akyi kɔɔ fie no, wokohui sɛ akoa no ho atɔ no.+ 11  Eyi akyi pɛɛ no, ɔkɔɔ kurow bi a wɔfrɛ no Nain mu, na na n’asuafo no ne nnipadɔm kɛse bi ka ne ho. 12  Bere a ɔbɛn kurow no pon ano no, hwɛ! ná nkurɔfo so ɔbarima bi a wawu de no repue afi kurow no mu. Ná ɔbarima no yɛ ne maame ba baako pɛ,*+ na na maame no yɛ okunafo. Ná nnipadɔm kɛse bi a wofi kurow no mu nso ka maame no ho. 13  Bere a Awurade huu maame no, ɔyɛɛ no mmɔbɔ,+ na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Gyae su.”+ 14  Enti Yesu bɛn wɔn, na ɔde ne nsa kaa ade a funu no da so no. Na wɔn a ɛso wɔn no gyinae. Ɛnna ɔkae sɛ: “Aberante, mise wo sɛ, sɔre!”+ 15  Na aberante a wawu no sɔre tenaa ase, na ofii ase kasae, na Yesu de no maa ne maame.+ 16  Na ehu kaa wɔn nyinaa, na wofii ase hyɛɛ Onyankopɔn anuonyam sɛ: “Wɔama odiyifo kɛse bi so wɔ yɛn mu.”+ Wɔka kaa ho sɛ: “Onyankopɔn atwa n’ani abɛhwɛ ne nkurɔfo.”+ 17  Na ne ho asɛm yi trɛw kɔɔ Yudea nyinaa ne nkurow a atwa ho ahyia nyinaa mu. 18  Na Yohane asuafo no kɔkaa eyinom nyinaa kyerɛɛ no.+ 19  Enti Yohane frɛɛ n’asuafo no mu baanu somaa wɔn Awurade nkyɛn sɛ wonkobisa no sɛ: “Wone Nea Ɔreba no,+ anaasɛ yɛnhwɛ obi foforo kwan?” 20  Bere a mmarima no koduu Yesu nkyɛn no, wɔkae sɛ: “Yohane Suboni asoma yɛn sɛ yemmebisa wo sɛ, ‘Wone Nea Ɔreba no, anaasɛ yɛnhwɛ obi foforo kwan?’” 21  Saa bere no ara mu, ɔsaa wɔn a wɔn yare mu yɛ den ne wɔn a wɔn yare mu nyɛ den nyinaa yare,+ na ɔsaa wɔn a wɔwɔ ahonhommɔne nso yare, na ɔdom anifuraefo pii ma wohuu ade. 22  Enti ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Monkɔ na monkɔka nea moahu na moate yi nkyerɛ Yohane sɛ: Seesei anifuraefo hu ade,+ mmubuafo nantew, akwatafo nya ayaresa,* wɔn a wɔn aso asiw te asɛm,+ wonyan awufo, na wɔka asɛmpa no kyerɛ ahiafo.+ 23  Anigye ne obiara a mentoo no hintidua.”+ 24  Bere a wɔn a Yohane somaa wɔn no kɔe no, Yesu fii ase kaa Yohane ho asɛm kyerɛɛ nnipadɔm no sɛ: “Dɛn na mokɔɔ sare so kɔhwɛe? Demmire* a mframa rewosow no anaa?+ 25  Ɛnde, dɛn na mupue kɔhwɛe? Ɔbarima a ɔhyɛ ataade pa*+ anaa? Hwɛ, wɔn a wɔhyɛ ntaade fɛfɛɛfɛ a wodi dɛw no, wɔte ahemfi. 26  Dɛn koraa na mupue kɔhwɛe? Odiyifo anaa? Yiw, ɔyɛ odiyifo, na ɔsen odiyifo mpo.+ 27  Oyi ne nea wɔakyerɛw ne ho asɛm sɛ: ‘Hwɛ! meresoma me somafo adi w’anim, na ɔno na obesiesie kwan mu ama wo.’+ 28  Mereka akyerɛ mo sɛ, wɔn a mmea awo wɔn nyinaa mu no, obiara nni hɔ a ɔyɛ kɛse sen Yohane, nanso nea osua wɔ Onyankopɔn Ahenni mu no yɛ kɛse sen no.”+ 29  (Bere a nkurɔfo no nyinaa ne wɔn a wogyigye tow no tee eyi no, wɔkae sɛ Onyankopɔn yɛ treneeni, efisɛ na Yohane abɔ wɔn asu.+ 30  Nanso Farisifo ne wɔn a wonim Mmara no amfa Onyankopɔn afotu* a ɔde ama wɔn no anyɛ hwee,+ esiane sɛ Yohane ammɔ wɔn asu nti.) 31  “Henanom ho na mede awo ntoatoaso yi bɛtoto, na wɔte sɛ henanom?+ 32  Wɔte sɛ mmofra nkumaa a wɔtete gua so a wɔrekeka kyerɛ wɔn ho sɛ: ‘Yɛde atɛntɛbɛn bɔɔ nnwom maa mo, nanso moansaw; yesui na yɛteɛteɛɛm, nanso moansu bi.’ 33  Saa ara nso na Yohane Suboni bae no, wannidi* na wannom nsã,*+ na mokae sɛ, ‘Ɔwɔ honhommɔne.’ 34  Onipa Ba no aba, odidi na ɔnom, nanso moka sɛ: ‘Hwɛ! Ɔbarima didifo* ne kɔwensani, wɔn a wogyigye tow ne nnebɔneyɛfo adamfo!’+ 35  Nanso, nyansa nam ne mma* nyinaa so di bem.”*+ 36  Na Farisini bi kɔɔ so srɛɛ no sɛ ɔne no mmedidi. Enti ɔkɔɔ Farisini no fi kɔtenaa ase didii.* 37  Na hwɛ! ɔbea bi a wonim no kurow no mu sɛ ɔdebɔneyɛfo tee sɛ Yesu redidi* wɔ Farisini no fi, na ɔde alabasta toa a ngo huamhuam wom bae.+ 38  Na obegyinaa ne nan ho wɔ n’akyi sui, na ofii ase de ne nisu fɔw ne nan ho, na ɔde ne ti nwi popae. Afei ofew ne nan ho, na ɔde ngo huamhuam no srasraa ho. 39  Bere a Farisini a ɔtoo nsa frɛɛ no no hui no, ɔkae wɔ ne mu sɛ: “Sɛ ɔbarima yi yɛ odiyifo ampa a, anka obehu onii ko a ɔde ne nsa reka no no. Anka obehu sɛ ɔbea yi yɛ ɔdebɔneyɛfo.”+ 40  Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Simon, mewɔ biribi ka kyerɛ wo.” Na ɔkae sɛ: “Ɔkyerɛkyerɛfo, ka!” 41  “Mmarima baanu kɔbɔɔ bosea wɔ owura bi hɔ. Baako gyee denare* 500, ɛnna ɔfoforo no nso gyee 50. 42  Ná wonni hwee a wɔde betua ka no, enti ɔde wɔn aka no kyɛɛ wɔn korakora. Wohwɛ a, wɔn mu hena na ɔbɛdɔ owura no kɛse?” 43  Simon buaa no sɛ: “Misusuw sɛ nea ɔde pii kyɛɛ no no.” Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Woabua no yiye.” 44  Ɛnna ɔdan n’ani hwɛɛ ɔbea no, na ɔka kyerɛɛ Simon sɛ: “Woahu ɔbea yi? Bere a mebaa wo fi no, woamma me nsu anhohoro me nan ho. Nanso ɔbea yi de ne nisu afɔw me nan ho, na ɔde ne ti nwi apopa. 45  Woamfew m’ano, nanso ɔbea yi de, efi bere a mebae no, onnyaee me nan ho few. 46  Woanhwie ngo angu me tirim, nanso ɔbea yi de, wahwie ngo huamhuam agu me nan ho. 47  Enti mereka akyerɛ wo sɛ, ɛwom sɛ ne bɔne dɔɔso* de, nanso wɔde akyɛ no.+ Ɛno nti, wakyerɛ ɔdɔ kɛse. Nanso nea wɔde kakraa bi kyɛ no no, ɔkyerɛ ɔdɔ kakraa bi.” 48  Afei ɔka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: “Wɔde wo bɔne akyɛ wo.”+ 49  Na wɔn a wɔne no redidi* no fii ase kekae sɛ: “Onipa bɛn koraa ni a ɔde bɔne mpo kyɛ yi?”+ 50  Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ ɔbea no sɛ: “Wo gyidi agye wo nkwa;+ fa asomdwoe kɔ.”

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “ɔwoo no koro.”
Anaa “akwatafo ho fi.”
Ɛyɛ afifide bi a ɛwɔ nsu ho.
Anaa “ataade kamakama.”
Anaa “akwankyerɛ.”
Nt., “wanni paanoo.”
Anaa “bobesa.”
Anaa “Ɔbarima a odidi boro so.”
Anaa “nea efi mu ba.”
Anaa “nkonim.”
Anaa “kɔtenaa adidipon ho.”
Anaa “Yesu te adidipon ho.”
Anaa “ne bɔne yɛ kɛse.”
Anaa “wɔn a na wɔne no te adidipon ho.”