Mateo Asɛmpa 4:1-25

  • Ɔbonsam sɔɔ Yesu hwɛe (1-11)

  • Yesu fii asɛnka ase wɔ Galilea (12-17)

  • Ɔfrɛɛ asuafo a wodi kan (18-22)

  • Yesu kaa asɛm, ɔkyerɛkyerɛe, na ɔsaa yare (23-25)

4  Afei honhom no de Yesu kɔɔ sare so maa Ɔbonsam+ kɔsɔɔ no hwɛe.+  Bere a ɔkyen kɔm* nnafua 40 awia ne anadwo wiei no, ɔkɔm dee no.  Na Ɔsɔhwɛfo+ no baa ne nkyɛn bɛka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a, kasa kyerɛ abo yi ma ɛnnan paanoo.”  Nanso obuaa no sɛ: “Wɔakyerɛw sɛ: ‘Ɛnyɛ paanoo nko ara na onipa nam so bɛtena ase, na mmom asɛm biara a efi Yehowa* anom+ nso.’”  Ɛnna Ɔbonsam de no kɔɔ kurow kronkron+ no mu, na ɔde no kogyinaa asɔredan no atifi,*+  na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ woyɛ Onyankopɔn ba a, gyaa wo ho kɔhwe fam, efisɛ wɔakyerɛw sɛ: ‘Wo nti ɔbɛsoma n’abɔfo,’ na ‘Wɔbɛsoa wo wɔn nsa so, na woamfa wo nan ampem ɔbo.’”+  Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Wɔakyerɛw nso sɛ: ‘Nsɔ Yehowa* wo Nyankopɔn nhwɛ.’”+  Ɔbonsam san de no kɔɔ bepɔw tenteenten bi so, na ɔkyerɛɛ no wiase ahenni nyinaa ne emu anuonyam.+  Na ɔka kyerɛɛ no sɛ: “Sɛ wobɔ wo mu ase baako pɛ som me a, mede eyinom nyinaa bɛma wo.” 10  Ɛnna Yesu ka kyerɛɛ no sɛ: “Fi me so kɔ, Satan! Wɔakyerɛw sɛ: ‘Yehowa* wo Nyankopɔn na ɛsɛ sɛ wokotow no,+ na ɔno nko ara na ɛsɛ sɛ wosom no.’”+ 11  Ɛnna Ɔbonsam gyaw no hɔ,+ na hwɛ! abɔfo bae, na wofii ase som no.+ 12  Afei bere a ɔtee sɛ wɔakyere Yohane+ no, ofii hɔ kɔɔ Galilea.+ 13  Bio nso, bere a ofii Nasaret no, ɔbɛtenaa Kapernaum+ mpoano wɔ Sebulon ne Naftali mpɔtam, 14  na ama nea wɔnam odiyifo Yesaia so kae no aba mu sɛ: 15  “O Sebulon asaase ne Naftali asaase a ɛwɔ po kwan ho wɔ Yordan agya, amanaman Galilea! 16  Nnipa a wɔte sum mu huu hann+ kɛse bi, na wɔn a wɔtete beae a owu sunsuma atɔ so no, hann puee wɔn so.”+ 17  Efi saa bere no, Yesu fii asɛnka ase, na ɔkae sɛ: “Monsakra mo adwene, na ɔsoro Ahenni no abɛn.”+ 18  Bere a ɔnam Galilea Po* no ho no, ohuu anuanom baanu bi, Simon a wɔfrɛ no Petro+ ne ne nua Andrea. Ná wɔregu asau wɔ po no mu, efisɛ na wɔyɛ mpataayifo.+ 19  Na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ: “Mummedi m’akyi, na mɛma moayɛ nnipa yifo.”+ 20  Ntɛm ara na wogyaw wɔn asau no hɔ, na wodii n’akyi.+ 21  Bere a ofii hɔ a ɔrekɔ no, ohuu nnipa baanu bi a wɔn nso yɛ anuanom, Sebedeo ba Yakobo ne ne nua Yohane.+ Ná wɔne wɔn papa Sebedeo wɔ ɔkorow mu resiesie wɔn asau, na ɔfrɛɛ wɔn.+ 22  Ntɛm ara na wogyaw wɔn papa ne ɔkorow no hɔ, na wodii n’akyi. 23  Afei okyinkyin Galilea nyinaa,+ kyerɛkyerɛe wɔ wɔn hyia adan mu+ kaa Ahenni no ho asɛmpa. Na ɔsaa nyarewa ne ahoɔmmerɛw ahorow a ɛwɔ nnipa no so nyinaa bi.+ 24  Na ne ho asɛm trɛw kɔɔ Siria nyinaa, na wɔde wɔn a nyarewa ne ɔhaw ahorow ama wɔreteetee, wɔn a ahonhommɔne wɔ wɔn so,+ wɔn a wɔyare otwa,+ ne wɔn a wɔabubu nyinaa brɛɛ no,+ na ɔsaa wɔn yare. 25  Enti nnipadɔm pii fi Galilea ne Dekapoli* ne Yerusalem ne Yudea ne Yordan agya dii n’akyi.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “odii mmuada.”
Anaa “baabi a ɛwɔ soro paa wɔ asɔrefi hɔ.”
Ɛyɛ ɔtare; Bible san frɛ no Genesaret Ɔtare, Galilea Po, ne Tiberia Po.
Anaa “Ɔmantam a Emu Nkurow Yɛ Du no mu.”