Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible

Baabi a Efi Ne Nea Ɛma Yehu Sɛ Ɛyɛ Nokware

Bible Yɛ Nhoma a Nnipa Nyansa Ahyɛ Mu Ma Anaa?

Bible ka ɛno ara ho asɛm. Kenkan ɔfã yi, na wobɛhu nea ɛka.

Onyankopɔn Adwene na Ɛwɔ Bible Mu Anaa?

Nnipa a wɔkyerɛw Bible no kyerɛ sɛ nea wɔkyerɛwee no fi Onyankopɔn hɔ. Adɛn nti na wɔka saa?

Mose na Ɔkyerɛw Bible no Anaa?

Wɔn a wɔkyerɛw Bible no, na Mose ka ho bi. Nnipa ahe na wɔkyerɛw Bible no?

Nnipa a Wɔkyerɛw Bible no, Yɛbɛtumi Ahu Wɔn Din Anaa?

Bible akyerɛwfo binom kaa sɛ wɔn nsɛm no fi Onyankopɔn, na ɔno na ɔmaa wɔn akwankyerɛ. Ebinom nso kaa sɛ wɔnyaa wɔn nsɛm fii abɔfo hɔ. Adɛn nti na ɛsɛ sɛ yɛgye nsɛm a wɔkyerɛwee no di?

Bible No, Nkurɔfo Asesa Emu Nsɛm Anaa?

Bible yɛ tete nhoma, enti yɛbɛyɛ dɛn ahu sɛ emu nsɛm no yɛ pɛpɛɛpɛ, na biribiara nsesae?

Bere Bɛn Na Onyankopɔn Fii Ase Bɔɔ Ɔsoro Ne Asaase?

Sɛ yebehu bere ko a, gye sɛ yɛte asɛmfua “mfiase” ne “ɛda” a ɛwɔ Genesis nhoma mu no ase.

Nyansahu ne Bible Hyia?

Nyansahu ho asɛm a Bible ka no, mfomso bi wɔ mu anaa?

Bible Kyerɛkyerɛ Sɛ Asase Yɛ Tratraa Anaa?

Tete nhoma yi mu nsɛm yɛ nokware anaa?

Bible Yɛ Aborɔfo Nhoma Anaa?

Wɔn a wɔkyerɛw Bible no, ɛhe na wɔwoo wɔn? Ɛhe na na wɔfi?

Bere Bɛn na Wɔkyerɛw Yesu Ho Nsɛm Too Hɔ?

Yesu wui no, ɛdii mfe ahe ansa na wɔrekyerɛw Nsɛmpa no?

Sɛnea Wobɛkenkan Bible Ate Ase

Dɛn Na Ɛbɛma Woate Bible Ase Yiye?

Sɛnea wote biara no, Onyankopɔn asɛm a ɛwɔ Kyerɛw Kronkron no mu no, wubetumi ate ase.

Nsɛm Bi Wɔ Bible Mu a Ɛne Bi Nhyia?

Ɛwom sɛ Bible mu nsɛm no bi ayɛ sɛ nea ɛne bi nhyia deɛ, nanso hwehwɛ mu hwɛ sɛ wubetumi de nsɛm a edidi so yi ayɛ adwuma na ama wate ase yiye anaa.

“Aniwa Nsi Aniwa Ananmu”—Dɛn Na Saa Asɛm No Kyerɛ

“Aniwa nsi aniwa ananmu” mmara no, wohwɛ a ɛma nkurɔfo kwan sɛ wɔn ankasa ntua wɔn atamfo ka anaa?

Dɛn Ne Mmara Nsɛm Du a Onyankopɔn De Mae No?

Henanom na Onyankopɔn de maa wɔn? Ɛsɛ sɛ Kristofo di Mmara Nsɛm Du no so anaa?

Dɛn Na Yebetumi Asua Afi Samariani Yamyefo No Asɛm No Mu?

Ná Yesu nim nkyerɛkyerɛ paa. Ɔde Samariani yamyefo no mfatoho no boaa n’atiefo no ma wohuu sɛ, ɛmfa ho baabi a obi fi anaa sɛnea ɔte no, ɛsɛ sɛ yɛne no di no yiye.

Nkɔmhyɛ Ne Biribi a Yɛde Gyina Hɔ Ma Biribi

Nkɔmhyɛ a Ɛfa Mesia No Ho Di Adanse Sɛ Na Yesu Ne Mesia No Anaa?

Ná Mesia no betumi ayɛ nnipa mmienu anaa nea ɛboro saa anaa?

Hena Anaa Dɛn Ne “Alfa Ne Omega”?

Adɛn nti na saa abodin yi fata?

Dɛn Ne Yerusalem Foforo No?

Ɔkwan bɛn na wubenya saa kurow nwonwaso yi so mfaso?

Dɛn Ne Akekaboa Kɔkɔɔ a Adiyisɛm Ti 17 Ka Ne Ho Asɛm No?

Nneɛma nsia bi boa yɛn ma yehu akekaboa a ne ho yɛ hu no.

Dɛn Ne Babilon Kɛse?

Bible ka sɛ ɛyɛ tuutuuni, na ɛsan yɛ kurow.

Sikani No Ne Lasaro—Na Wɔyɛ Henanom?

Yesu mfatoho no kyerɛ sɛ, apapafo bɛkɔ soro na abɔnefo ahu amane wɔ Ɔbonsam gya mu anaa?

Wiase Awiei

Nneɛma Bɛn Na Esisi a Ɛbɛkyerɛ Sɛ Yɛwɔ “Awiei Mmere” Anaa “Nna a Edi Akyiri” No Mu?

Bible kaa nneɛma bi a ebom sisi a yebehu sɛ yɛwɔ “awiei mmere” mu.

Dɛn Ne Armagedon Ko No?

Asɛmfua Armagedon pue baako pɛ wɔ Bible mu, nanso wɔaka saa ɔko no ho asɛm wɔ Kyerɛwnsɛm no mu nyinaa.

Wohwɛ a Wɔbɛsɛe Yɛn Asaase Yi?

Bible ma yehu nea enti a Onyankopɔn bɔɔ asaase no pefee.

Dɛn na Onyankopɔn Ahenni Bɛyɛ?

Sɛ Onyankopɔn aban bɛdi asase so a, nea ɛbɛyɛ no bi nie.

Nnipa, Mmeae, Ne Nneɛma

Mmea a Wɔn Ho Asɛm Wɔ Bible Mu No, Dɛn Na Yebetumi Asua Afi Wɔn Hɔ?

Ɛyɛ a, fa mmea wɔyɛɛ nhwɛso pa a wɔn ho asɛm wɔ Bible mu no toto mmea a wɔyɛɛ nneɛma bɔne no ho, na hwɛ nea wubetumi asua afi mu.

Maria yɛ Onyankopɔn Maame Anaa?

Kyerɛw Kronkron no ne Kristosom abakɔsɛm ma yehu gyidi yi ho mmuae.

Dɛn Na Bible Ka Fa Ɔbaabun Maria Ho?

Ebinom adwene yɛ wɔn sɛ nkyerɛkyerɛ a ɛne sɛ ɔbaabun na ɔwoo Yesu no, ɛno ara ne Wɔanyinnsɛn Maria Wɔ Bɔne Mu. Bible foa saa asɛm no so anaa?

Hena Ne Yohane Suboni?

Yohane asɛm no siesiee ne mfɛfo Yudafo no koma, sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ Mesia a wɔahyɛ ne ho bɔ no ba a, wɔbehu sɛ ɔyɛ ɔno a.

Henanom Ne “Anyansafo Mmiɛnsa” No? Onyankopɔn Na Ɔmaa “Nsoromma” No Kyerɛɛ Wɔn Kwan Kɔɔ Betlehem Anaa?

Sɛ edu Buronya bere a, nneɛma a nkurɔfo ka anaa wogye di no mu pii nni Bible mu.

Noa Asetena Mu Nsɛm Ne Nsuyiri Kɛse No—Ɛyɛ Anansesɛm Bi Kɛkɛ Anaa?

Bible ka sɛ Onyankopɔn maa nsuyiri kɛse sɛee nnipa abɔnefo. Adanse bɛn na ɛwɔ Bible mu a ɛma yehu sɛ ampa-ne-ampa ara na Nsuyiri no fi Onyankopɔn hɔ?

Ntama a Wɔakora So Wɔ Turin No, Ɛyɛ Ampa Sɛ Ɛno Na Wɔde Siee Yesu Anaa?

Ntama no ho nsɛntitiriw mmiɛnsa a ɛboa yɛn ma yehu mmuae no.

Dɛn Na Bible Ka Fa Dinosaur Ho?

Asɛm a Bible ka yi, ɛne nyansahu hyia anaa?

Onyankopɔn Nam Adannandi So Na Ɛbɔɔ Nneɛma a Nkwa Wom Ahorow Nyinaa?

Nyansahufo kyerɛ sɛ wofa aboa anaa afifide biara a, wubehu sɛ egu ahorow pii, na Bible nkasa ntia.

Ebetumi Aboa Wo

Bible Betumi Aboa Ama M’abusua Anya Anigye Anaa?

Bible mu afotu aboa nnipa ɔpepem pii ama wɔanya anigye wɔ wɔn fie.

Dɛn Na Bible Ka Fa Ayɔnkofa Ho?

Nnamfo pa boa wɔn ho, na obiara boa ne yɔnko ma onya suban pa. Hwɛ w’ayɔnkofa yiye!

Sɛn Na Yesu Kaa Sɛ Yɛne Nnipa Ntena?

Bere a Yesu de saa afotu yi mae no, na ɔrekyerɛ sɛ yɛne nnipa nyinaa nni no yiye; yɛn atamfo mpo, ɛsɛ sɛ yɛne wɔn di no yiye.

Mɛyɛ Dɛn Asi Gyinae Pa?

Bible mu afotusɛm kyerɛ nneɛma nsia bi a ɛbɛma woanya nyansa ne ntease.

Sika Yɛ Bɔne Nyinaa Ntini Anaa?

Ɛyɛ a nkurɔfo taa ka sɛ “sika yɛ bɔne nyinaa ntini,” nanso ɛnyɛ saa na wɔakyerɛw wɔ Bible no mu.

Sikasɛm Mu Ahokyere Ne Ɛka​—Bible Betumi Aboa Anaa?

Sika ntumi ntɔ anigye. Nanso, Bible mu afotu nnan bi wɔ hɔ a ebetumi aboa wo sikasɛm.

Mewɔ Yareɛ Koankorɔ Bi—Bible Bɛtumi Aboa Me Anaa?

Aane! Sɛ wowɔ yareɛ koankorɔ a, nneɛma mmiɛnsa bi bɛboa wo.

Dɛn Na Bible Ka Fa Abufuw Ho?

Ɛtɔ da a, ntease wom sɛ wo bo befuw anaa? Sɛ abufuw no reyɛ afi ase a, dɛn na ɛsɛ sɛ woyɛ?

Sɛ Mebotow a Bible Betumi Aboa Me Anaa?

Onyankopɔn de nneɛma mmiɛnsa bi kyekye yɛn werɛ bere a yɛabotow.

Sɛ Obi Dɔ Ne Ho a, Ɛyɛ Mfomso Anaa? Dɛn Na Bible Ka Wɔ Ho?

Yesu se: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.” Dɛn na na ɔrepɛ akyerɛ?