Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Nam Adannandi So Na Ɛbɔɔ Nneɛma a Nkwa Wom Ahorow Nyinaa?

Onyankopɔn Nam Adannandi So Na Ɛbɔɔ Nneɛma a Nkwa Wom Ahorow Nyinaa?

Nea Bible ka

 Dabi. Bible aka ama emu ada hɔ sɛ Onyankopɔn bɔɔ nnipa, na ɔbɔɔ mmoa ne nnua ahorow ahorow sɛnea wɔn “su” te. a (Genesis 1:12, 21, 25, 27; Adiyisɛm 4:11) Ɛka sɛ nnipa nyinaa fi Adam ne Hawa a wɔyɛ yɛn awofo a wodi kan no mu. (Genesis 3:20; 4:1) Ebinom ka sɛ, nea ɛma yenyaa abɔde a nkwa wom ahorow pii ne sɛ, Onyankopɔn maa abɔde bi dannanee. Nanso Bible mfoa saa asɛm no so. Nyansahufo kyerɛ sɛ wofa aboa anaa afifide biara a, wubehu sɛ egu ahorow pii. Ɛno de, Bible nkasa ntia.

 Onyankopɔn maa abɔde dannanee anaa?

 Wɔn a wogye di sɛ Onyankopɔn maa abɔde bi dannan bɛyɛɛ abɔde afoforo no, ɛsono sɛnea wɔn mu biara kyerɛkyerɛ n’asɛm mu. Encyclopædia Britannica ka sɛ adwene baako ne sɛ, ‘Onyankopɔn ahyehyɛ sɛ mmoa ne afifide a enni ahoɔden no nwu ma ɛnka nea ɛwɔ ahoɔden.’

 Adwene a ɛne sɛ Onyankopɔn maa abɔde dannan bɛyɛɛ abɔde foforo no, ɛho nkyerɛkyerɛmu foforo ni:

  •   Abɔde a nkwa wom nyinaa fi abɔde bi a na ɛwɔ hɔ teteete mu na ɛbae.

  •   Abɔde a nkwa wom baako betumi adannan saa ara abɛyɛ abɔde foforo koraa.

  •   Weinom nyinaa Onyankopɔn nsa wom.

 Adannandi ne Bible no hyia anaa?

 Sɛ obi ka sɛ Onyankopɔn maa abɔde bi dannan bɛyɛɛ abɔde afoforo a, nea ɔrekyerɛ ne sɛ adebɔ ho asɛm a Bible ka wɔ Genesis no, ɛnhyɛ da nyɛ nokware. Nanso bere bi, Yesu faa asɛm bi a ɛwɔ Genesis nhoma no mu kae, ɛno ma yehu sɛ nsɛm a ɛwom no yɛ nsɛm a esisii ankasa. (Genesis 1:26, 27; 2:18-24; Mateo 19:4-6) Bible ka sɛ ansa na Yesu reba asase so no, na ɔwɔ Onyankopɔn nkyɛn wɔ soro, na ɔboaa Onyankopɔn ma ɔbɔɔ “nneɛma nyinaa.” (Yohane 1:3) Wei kyerɛ sɛ, adwene a ɛne sɛ adannandi na Onyankopɔn nam so maa nneɛma a nkwa wom bae no, ɛne Bible nkyerɛkyerɛ nhyia.

 Mmoa ne afifide bi wɔ hɔ a, nea ɛbɛyɛ a wɔn ho begye baabi a wɔwɔ no, wobɛhwɛ na wɔasesa kakra. Ɛno nso ɛ?

 Ɛtɔ da na sɛ mmoa wo a, wobɛhwɛ na ɛsono wɔn mma no kakra. Ɛtɔ da nso a, nea ɛbɛyɛ a mmoa bi ho begye baabi a wɔte no, wobɛhwɛ na wɔasesa kakra. Biribi saa nso tumi kɔ so wɔ afifide mu. Ɛwom, Bible nkyerɛ baabi a mmoa anaa afifide a Onyankopɔn bɔɔ wɔn no bi betumi asesa akodu, nanso Bible nnye ho kyim sɛ biribi a ɛte saa tumi si. Ebinom ka sɛ sɛ aboa anaa afifide bi sesa kakra a, ɛyɛ adannandi. Nanso sɛ abɔde bi a nkwa wom sesa wɔ saa kwan no so a, ɛnnan mmɛyɛ abɔde foforo.

a Nyansahufo tumi ka sɛ aboa anaa afifide bi adannan abɛyɛ foforo. Nanso wohwɛ mu paa a, wubehu sɛ ɛyɛ aboa anaa afifide bi a ɛne nea ɛwɔ hɔ dedaw no fi abusua baako mu, na ɛno na Genesis kaa wɔn ho asɛm sɛ sɛnea wɔn su te no.