Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mɛyɛ Dɛn Asi Gyinae Pa?

Mɛyɛ Dɛn Asi Gyinae Pa?

Nea Bible ka

 Wokɔ Bible mu a, wubenya afotu pa bebree a ɛbɛboa wo ama woasi gyinae pa. Ebetumi aboa wo ama woanya “nyansa [ne] ntease.” (Mmebusɛm 4:5) Ɛtɔ da a, etumi kyerɛ yɛn sɛ wei ne gyinae a yesi a ɛbɛboa yɛn. Ɛtɔ da nso a, ɛma yɛn akwankyerɛ a yebetumi de asi gyinae pa.

Nea yɛrebɛka ho asɛm

 Nea ebetumi aboa wo ama woasi gyinae pa

  •   Mpere wo ho nsi gyinae. Bible ka sɛ: “Onyansafo de, anammɔn biara a obetu no, ɔhwɛ no yiye.” (Mmebusɛm 14:15) Sɛ woresi gyinae na woanto wo bo ase a, wubebu w’ani agu nneɛma a ehia paa so. Enti ɛyɛ a to wo bo ase dwen ho hwɛ sɛ, gyinae no, wode fa ha a ɛbɛkɔ sɛn, wode fa ha nso a ɛbɛkɔ sɛn.—1 Tesalonikafo 5:21.

  •   Sɛnea wote nka no, nnyina ɛno nko ara so nsi gyinae. Bible bɔ yɛn kɔkɔ sɛ, yɛnhwɛ na yɛanni yɛn koma akyi. (Mmebusɛm 28:26; Yeremia 17:9) Enti yɛmfa no sɛ wo bo afuw, woabotow, w’aba mu abu, asɛm bi yɛ wo ahi, anaa woabrɛ paa. Ɛba saa na wusi gyinae a, anhwɛ a ɛrenkɔ yiye.—Mmebusɛm 24:10; 29:22.

  •   Bɔ mpae hwehwɛ nyansa. (Yakobo 1:5) Sɛ yɛbɔ saa mpae no a, Onyankopɔn bɛyɛ yɛn abisade no ama yɛn dodo. Ɔyɛ Agya a odwen ne mma ho, na ɔmpɛ sɛ ne mma bɛyɛ biribi a ebewie ase no ɛbɛkɔ akɔfa ɔhaw abrɛ wɔn. “Yehowa ankasa na ɔma nyansa, na n’anom na nimdeɛ ne nhumu fi ba.” a (Mmebusɛm 2:6) N’Asɛm Bible no paa na ɔnam so ma yenya saa nyansa no.—2 Timoteo 3:16, 17.

  •   Yɛ nhwehwɛmu. Wuhia nsɛm a edi mu na ama woatumi asi gyinae pa. Bible ka sɛ, “Onyansafo tie, na osua nneɛma pii.” (Mmebusɛm 1:5) Ɛhe na wubetumi anya nsɛm a edi mu a ɛbɛboa wo?

     Di kan hwɛ nea Bible aka wɔ gyinae a wopɛ sɛ wusi no ho. Ɔbɔadeɛ no na onim nea eye ma yɛn, enti afotusɛm a edi mu a ebetumi aboa yɛn paa no, n’Asɛm Bible mu na ɛwɔ. (Dwom 25:12) Nsɛm bi wɔ hɔ a, Bible kyerɛ yɛn gyinae a ɛsɛ sɛ yesi wɔ ho; wɔahyɛ ho mmara wɔ Bible mu. (Yesaia 48:17, 18) Nanso nneɛma bebree wɔ hɔ a, Bible nhyɛ da nka nea yɛnyɛ wɔ ho. Mmom ɛka no kwan bi so a, obiara betumi afa mu aba de asi gyinae a ɔpɛ a asɛm biara nni ho. Wopɛ sɛ wunya Bible mu nsɛm a ɛbɛboa wo ama woasi gyinae pa a, nhoma ne nsɛm foforo a wɔakyerɛw a emu nsɛm fi Bible mu no, yɛ nhwehwɛmu wom. Wubenya bebree akenkan wɔ wɛbsaet yi so a wuntua hwee. b

     Gyinae bi nso wɔ hɔ a, ehia sɛ wohwehwɛ ɛho nsɛm fi mmeae foforo a wubenya ho akwankyerɛ a edi mu. Yɛmfa no sɛ wopɛ sɛ wotɔ biribi a ebia ne bo yɛ den paa. Ne papa mu no, yɛ ade ko no ne nea ɔyɛɛ ade no ho nhwehwɛmu, na hwɛ sɛ ebia mmara bi wɔ ho a sɛ ade no tɔ kyima a ɛbɛma woatumi asan de akɔ anaa wɔayɛ no yiye ama wo anaa. Ne nyinaa mu no, ɛyɛ a hwɛ hu sɛ nea wuhia no, ɛno ara na woretɔ no.

     Bible ka sɛ, “Sɛ adwentoatoa nni hɔ a, nhyehyɛe nyɛ yiye.” (Mmebusɛm 15:22) Enti ansa na wubesi gyinae bi no, di kan hwehwɛ adwenkyerɛ fi nnipa a wugye wɔn di hɔ. Sɛ wopɛ sɛ wusi gyinae fa w’apɔwmuden ho a, ɛbɛyɛ papa sɛ wobɛkɔ akohu dɔkta. (Mateo 9:12) Ɛtɔ da a, wubetumi ne wɔn a wɔafa wo tebea no mu pɛn adi nkɔmmɔ. Mmom kae sɛ, sɛ wo ne obi bɛfa adwene mpo a, gyinae a wubesi ne ɛho nsunsuanso de, ɛyɛ wo ara w’asɛm.—Galatifo 6:4, 5.

  •   Sese hwɛ nea ɛbɛboa wo paa. Woyɛ nhwehwɛmu wie a, sese ebiara, na hwɛ nea eye wɔ ho ne nea enye wɔ ho. Nea ebetumi afi wo gyinaesi no mu aba nso, mmu w’ani ngu so. (Deuteronomium 32:29) Wubetumi abisa wo ho sɛ, ‘Gyinae a meresi yi, sɛn na ɛbɛka m’abusua anaa afoforo?’ (Mmebusɛm 22:3; Romafo 14:19) Sɛ wudwen nsɛmmisa yi ne nea Bible aka ho a, ebetumi ama woasi gyinae pa a ɛbɛboa wo ne afoforo.

  •   Si gyinae no. Ɛtɔ da a, ɛnam sɛ yɛn adwene nsi yɛn pi nti, yɛtwentwɛn yɛn nan ase sɛ yebesi gyinae. Nanso, sɛ yɛn adwene hinhim na yɛansi gyinae no a, ebetumi ama hokwan bi abɔ yɛn anaa ɛde ɔhaw mpo abrɛ yɛn. Sɛ yɛbɛka no kwan foforo so a, sɛ yɛansi gyinae no a, ɛte sɛ nea yɛasi gyinae bɔne pɛpɛɛpɛ. Bible de kuayɛ yɛɛ ntotoho bi sɛ: “Nea ɔhwɛ mframa no, ɔrengu aba; na nea ɔhwɛ omununkum no, ɔrentwa nnɔbae.”—Ɔsɛnkafo 11:4.

 Afei kae sɛ, sɛ gyinae no ye sɛ dɛn mpo a, ɛnkyerɛ sɛ biribiara bɛkɔ pɛpɛɛpɛ. Gyinae biara a wubesi no, wobɛhwere biribi. Afei nso biribi a wonhwɛ kwan betumi abɛbom. (Ɔsɛnkafo 9:11) Enti nsɛm a edi mu a woanya no, hwɛ ho si gyinae a wuhu sɛ ɛbɛkɔ yiye paa.

 Misi gyinae wie a metumi asesa no anaa?

 Ɛnyɛ gyinae nyinaa na wusi a worentumi nsesa no. Nneɛma betumi asesa wɔ w’abrabɔ mu, anaa ebia akyiri yi wubehu sɛ gyinae bi a wudii kan sii akɔfa nsunsuanso bi a wonhwɛ kwan aba. Enti ebia ɛbɛyɛ papa sɛ gyinae a woasi no, wosan hwɛ no bio na wusi gyinae foforo a ɛbɛma nneɛma akɔ yiye.

 Gyinae bi wɔ hɔ de a, wusi a ɛnsɛ sɛ wosesa no. (Dwom 15:4) Ebi ne sɛ, Onyankopɔn hwɛ kwan sɛ awarefo bedi wɔn aware ntam so. c (Malaki 2:16; Mateo 19:6) Sɛ ɔhaw ba aware mu a, ɛsɛ sɛ awarefo no yɛ nea wobetumi biara de siesie sen sɛ wobegyae aware.

 Sɛ masi gyinae bi a ankɔ yiye na merentumi nsesa no a, dɛn na menyɛ?

 Yɛn nyinaa, ɛwom ara a, yetumi si gyinae a ɛnyɛ papa. (Yakobo 3:2) Ɛba saa a, etumi haw yɛn paa, nanso ne nyinaa ka abrabɔ ho. (Dwom 69:5) Nea ɛwom ne sɛ, sɛ yenu yɛn ho wɔ gyinae bɔne bi a yesii ho a, eye, efisɛ ebetumi aboa yɛn na bere foforo yɛanni saa mfomso no bio. (Mmebusɛm 14:9) Nanso Bible tu yɛn fo sɛ, ɛnsɛ sɛ yɛma awerɛhow hyɛ yɛn so, anyɛ saa a yɛn abam bebu, na yɛn adwene betu afra. (2 Korintofo 2:7) d Bible ka sɛ, “Yehowa wɔ mmɔborɔhunu ne ayamhyehye.” (Dwom 103:8-13) Enti sɛ woasi gyinae bɔne bi a worentumi nsesa no a, sua biribi fi mu, na bɔ mmɔden sɛ wobɛyɛ wo fam de ama nneɛma akɔ yiye.

a Bible ma yehu sɛ Yehowa yɛ Onyankopɔn din.—Dwom 83:18.

b Wubetumi nso ayɛ nhwehwɛmu wɔ jw.org. Wokɔ hɔ a, baabi a wɔato din “hwehwɛ” no, bɔ asɛmfua anaa nsɛm kakra a wode bɛhwehwɛ nea wopɛ sɛ wusi ho gyinae no ho nsɛm. Wokɔ wɛbsaet hɔ a, wubenya nsɛm pii a Bible de ɛho afotusɛm ama. Afei nso wubue Kyerɛw Kronkron—Wiase Foforo Nkyerɛase no a, wubetumi ahwehwɛ nsɛmfua pɔtee bi wɔ “Bible Mu Nsɛm a Wɔahyehyɛ” afã hɔ.

c Onyankopɔn pɛ sɛ awarefo tena kosi owu mu. Ade baako pɛ na Onyankopɔn pene so sɛ obi betumi agyina so agyaa aware asan aware bio. Ɛne sɛ wɔn mu baako befi ne yɔnko akyi ne onipa foforo akɔda. (Mateo 19:9) Sɛ nneɛma nkɔ yiye wɔ w’aware mu a, Bible betumi aboa wo ama wode ɔdɔ ayɛ ho adwuma kama.

d Sɛ wopɛ wei ho nsɛm pii a, hwɛ asɛm a yɛato din, “Me Tiboa Bu Me Fɔ—Bible Betumi Aboa Me Ama Me Ho Atɔ Me Anaa?