Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Onyankopɔn Adwene na Ɛwɔ Bible Mu Anaa?

Onyankopɔn Adwene na Ɛwɔ Bible Mu Anaa?

Nea Bible ka

 Nnipa a wɔkyerɛw Bible no mu pii kae sɛ Onyankopɔn na ɔkyerɛɛ wɔn nea wɔnkyerɛw. Ɛho nhwɛso bi ni:

  •  Ɔhene Dawid: “Yehowa honhom nam me so kasae, na n’asɛm wɔ me tɛkrɛma so.”​—2 Samuel 23:1, 2.

  •  Odiyifo Yesaia: “Nea Awurade Tumfoɔ, asafo Yehowa, aka ni.”​—Yesaia 22:15.

  •  Ɔsomafo Yohane: “Yesu Kristo adiyisɛm a Onyankopɔn de maa no.”​—Adiyisɛm 1:1.