Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Hena Anaa Dɛn Ne “Alfa Ne Omega”?

Hena Anaa Dɛn Ne “Alfa Ne Omega”?

Nea Bible ka

 “Alfa ne Omega” gyina hɔ ma Yehowa Nyankopɔn, ade nyinaa so Tumfoɔ no. Saa asɛm yi pue wɔ Bible no mu mprɛnsa.​—Adiyisɛm 1:8; 21:6; 22:13. a

Adɛn nti na Onyankopɔn frɛ ne ho “Alfa ne Omega”?

 Hela kasa a wɔde kyerɛw Bible no fã a wɔtaa frɛ no Apam Foforo a Adiyisɛm nhoma no ka ho no, alfa ne nkyerɛwde no mu nea edi kan, na omega nso ne nea etwa to. Esiane sɛ Hela kasa nkyerɛwde no, alfa na edi kan na omega na etwa to nti, wɔde yɛ ntotoho de kyerɛ sɛ Yehowa nkutoo ne mfiase ne awiei. (Adiyisɛm 21:6) Efi teteete nyinaa, ɔno na ɔyɛ ade nyinaa so Tumfoɔ, na ɔbɛkɔ so ayɛ ade nyinaa so Tumfoɔ Nyankopɔn daa. Ɔno nkutoo na ɔyɛ Onyankopɔn fi “mmeresanten kosi mmeresanten.”​—Dwom 90:2.

Hena ne “odikanfo ne okyikafo” no?

 Bible de saa asɛm no ka Yehowa Nyankopɔn ne ne Ba, Yesu nyinaa ho asɛm, nanso ɛsono nea ebiara kyerɛ. Yɛmfa nhwɛso mmienu yi nkyerɛkyerɛ mu.

  •  Yesaia 44:6 no, Yehowa ka sɛ: “Mene odikanfo ne okyikafo, na m’akyi no Onyankopɔn biara nni hɔ.” Ɛha no, Yehowa si so dua sɛ ɔno ne nokware Nyankopɔn a ɔwɔ hɔ daa, na n’akyi no obiara nni hɔ. (Deuteronomium 4:35, 39) Ntotoho yi kyerɛ sɛ, “odikanfo ne okyikafo” ne “Alfa ne Omega” no nyinaa kyerɛ ade koro.

  •   Bio nso, asɛm “Odikanfo [pro’tos, a ɛnyɛ alfa] ne Okyikafo [e’skha·tos, a ɛnyɛ omega]” pue wɔ Adiyisɛm ti 1:​17, 18 ne ti 2:8. Wɔ saa kyerɛwnsɛm yi mu no, nsɛm a atwa ho ahyia no ma yehu sɛ onii a wɔreka ne ho asɛm no wui na akyiri yi wonyanee no. Enti yehu sɛ ɛrentumi mfa Onyankopɔn ho mma ɛnyɛ yiye, efisɛ ɔno de onwu. (Habakuk 1:​12) Nanso Yesu wui na wonyanee no. (Asomafo Nnwuma 3:13-15) Ɔno ne onipa a odi kan a wonyan no kɔɔ soro maa no nkwa a owu nnim. Seesei ɔte ase “daa daa.” (Adiyisɛm 1:18; Kolosefo 1:18) Efi bere a wonyan no kɔɔ soro no, ɔno na onyan awufo nyinaa. (Yohane 6:40, 44) Wei kyerɛ sɛ, Yesu ne obi a otwa to a Yehowa nyan no tẽẽ. (Asomafo Nnwuma 10:40) Wɔ saa kwan yi so no, yebetumi aka Yesu ho asɛm ama afata sɛ ɔyɛ “Odikanfo ne Okyikafo.”

Asɛm a ɛwɔ Adiyisɛm 22:13 kyerɛ sɛ Yesu ne “Alfa ne Omega” no anaa?

 Dabi. Onipa kõ a ɔrekasa wɔ Adiyisɛm 22:13 no nhyɛ da nyi n’anim. Afei nso, nnipa a wɔrekasa wɔ ti yi mu no dɔɔso. Bere a Ɔbenfo William Barclay reka Adiyisɛm nhoma no fã yi ho asɛm no, ɔkyerɛwee sɛ: “Wuhu sɛ wɔanhyɛ da ankyerɛw no nnidiso nnidiso; . . . na ɛyɛ den sɛ wubehu onii ankasa a ɔrekasa no.” (The Revelation of John, Po 2, Revised Edition, kratafa 223) Enti yebetumi aka sɛ, “Alfa ne Omega” a ne ho asɛm wɔ Adiyisɛm 22:13 no, ɔno ara ne Yehowa Nyankopɔn efisɛ ɔno na saa abodin no da no so wɔ mmeae foforo wɔ Adiyisɛm nhoma no mu.

a King James Version no mu de, wubehu nea ɛto so nnan wɔ Adiyisɛm 1:​11. Nanso Bible nkyerɛase a aba nnansa yi no, wɔayi nea ɛto so nnan no afi mu efisɛ enni Hela nsaano nkyerɛwee a akyɛ pa ara no mu. Ɛbɛyɛ sɛ akyiri yi na wɔde nea ɛto so nnan no kaa Kyerɛwnsɛm no ho.