Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ntama a Wɔakora So Wɔ Turin No, Ɛyɛ Ampa Sɛ Ɛno Na Wɔde Siee Yesu Anaa?

Ntama a Wɔakora So Wɔ Turin No, Ɛyɛ Ampa Sɛ Ɛno Na Wɔde Siee Yesu Anaa?

Nea Bible ka

 Bible nka ntama a wɔakora so wɔ Turin no ho asɛm. Nnipa pii susuw sɛ saa nwera no na wɔde kyekyeree Yesu Kristo ansa na wɔresie no. Saa gyidi yi nti, ebinom bu ntama no sɛ ɛyɛ nneɛma a Kristoman bu no sɛ ɛyɛ kronkron pa ara wɔ wɔn som mu no mu baako. Seesei saa ntama no wɔ asɔredan kɛse bi a ɛwɔ Italy kurow Turin mu. Wɔabɔ ho ban wɔ adaka bi a wɔde ahwehwɛ ayɛ mu, na sɛnea wɔabɔ ho ban no, ɛbɛyɛ den sɛ ɛbɛsɛe.

 Adwene a ɛne sɛ saa ntama no na wɔde siee Yesu no, Bible foa so anaa? Dabi.

 Yɛnhwɛ nneɛma mmiɛnsa a ɛwɔ ntama no ho a ɛne Bible nhyia.

  1.   Ɛyɛ ntamasin a ne tenten yɛ sɛntimita 442, na ne tɛtrɛtɛ nso yɛ sɛntimita 113. Afei wɔde ntama teaa bi a ne tɛtrɛtɛ yɛ sɛntimita 8 abu ano fi soro besi fam.

     Nea Bible ka: Ɛnyɛ ntamasin baako pɛ na wɔde kyekyeree Yesu, mmom na ɛyɛ ntamasin mmienu anaa nea ɛboro saa. Yesu ti nko ara mpo, wɔde ntamasin baako na ɛkyekyeree. Bere a wonyanee Yesu akyi no, n’asomafo no mu baako kɔɔ ɔda no mu, na okohuu “nwera no sɛ egu hɔ.” Asɛmfua a wɔkyerɛɛ ase “nwera no,” ɛnkyerɛ ntamasin baako, mmom adwene a ɛwɔ akyi ne sɛ ɛyɛ ntamasin mmienu anaa nea ɛboro saa. Bible san kaa sɛ ɔsomafo no hui sɛ: ‘Ntama a wɔde bɔɔ ne ti no, na wɔabobɔw agu nkyɛn baabi a ɛnka nwera no ho.’​—Yohane 20:6, 7.

  2.   Nkekae bi wɔ ntama no mu, na nkurɔfo susuw sɛ ɛyɛ mogya a na ɛwɔ efunu bi a wɔanguare no ho.

     Nea Bible ka: Yesu wui no, n’asuafo no siesiee no “sɛnea Yudafo afunsie ho amanne te.” (Yohane 19:39-42) Ná saa amanne no hwehwɛ sɛ woguare funu no na wɔde ngo ne aduhuam srasra no ansa na wɔakosie. (Mateo 26:12; Asomafo Nnwuma 9:37) Wei nti, na Yesu asuafo no beguare no ansa na wɔde ntama akyekyere no akosie.

  3.   Nhoma bi kyerɛ sɛ, wohwɛ ntama no mu a, wubehu ɔbarima bi a “ɔda n’akyi mfoni wɔ ntama no fã, na ɔfã a aka no nso wubehu ɔbarima koro no ara a wabutuw mfoni.”​—Encyclopædia Britannica.

     Nea Bible ka: Nneɛma a Yesu asuafo no bɔɔ ho nkɔmmɔ no bi ne ne wu, ɔda a na hwee nnim no, ne mmea a wɔbɛkae sɛ ‘abɔfo ayi wɔn ho adi akyerɛ wɔn aka sɛ Yesu te ase’ no. (Luka 24:15-24) Ntama a nkurɔfo ka sɛ wɔde kyekyeree Yesu no, sɛ asuafo no hui wɔ ɔda no mu a, anka ɔkwan biara so wɔbɛbɔ ɛne mfoni a ɛwom no ho nkɔmmɔ. Nanso, Bible nka sɛ wɔbɔɔ biribi a ɛte saa ho nkɔmmɔ.

Ɛsɛ sɛ obi de nidi soronko ma ntama yi anaa?

 Dabi. Sɛ saa ntama no na wɔde siee Yesu mpo a, ɛbɛyɛ mfomso sɛ obi de nidi soronko bɛma ntama no. Yɛnhwɛ Bible mu nsɛm bi a ɛma yehu saa.

  1.   Ɛho nhia sɛ obi bɛyɛ saa. Yesu kyerɛɛ mu sɛ: “Onyankopɔn yɛ Honhom, na ɛsɛ sɛ wɔn a wɔsom no no som no honhom ne nokware mu.” (Yohane 4:24) Nyamesom mu nneɛma bi a ebinom bu no sɛ ɛyɛ kronkron te sɛ ahoni anaa mfoni no, nokware Kristofo mfa nni dwuma wɔ wɔn som mu.

  2.   Onyankopɔn kyi. Mmara Nsɛm Du no kasa tia abosonsom. (Deuteronomium 5:6-10) Bible hyɛ Kristofo nso sɛ: “Monhwɛ mo ho yiye wɔ ahoni ho.” (1 Yohane 5:21) Ebia ebinom bɛka sɛ wonhu ntama no sɛ ɛyɛ ohoni, mmom egyina hɔ ma biribi wɔ wɔn som mu. Nanso sɛ obi de nidi soronko ma mfoni bi a, na abɛyɛ ohoni. a Wei nti, obiara a ɔpɛ sɛ ɔyɛ nea Onyankopɔn pɛ no remfa nidi anaa ɔsom mma ntama no anaa biribi foforo biara.

a Ohoni yɛ mfoni, biribi sɛso, anaa biribiara a nkurɔfo de ɔsom ma no.