Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Yɛ Nhoma a Nnipa Nyansa Ahyɛ Mu Ma Anaa?

Bible Yɛ Nhoma a Nnipa Nyansa Ahyɛ Mu Ma Anaa?

Nea Bible ka

 Bible no, wɔsan frɛ no Kyerɛw Kronkron, na ɛka nsɛm a nyansa wom pii. Bible ka ɛno ara ho asɛm sɛ: “Kyerɛwnsɛm no nyinaa fi Onyankopɔn honhom mu.” (2 Timoteo 3:16) Adanse pii wɔ hɔ a ɛkyerɛ sɛ saa asɛm no yɛ nokware. Ebi na ɛdidi so yi:

  •   Abakɔsɛm a ɛwɔ Bible mu no, obiara nni hɔ a watumi de adanse a ɛdi mu ama de akyerɛ sɛ ɛnyɛ nokware.

  •   Bible akyerɛwfo no, na wɔdi nokware. Enti nokwasɛm nko ara na wɔkyerɛwee. Sɛnea wɔfi wɔn komam kyerɛw wɔn nsɛm no nti, ɛma yɛhu sɛ wɔn nsɛm no yɛ nokware.

  •   Nsɛm a ɛwɔ Bible mu nyinaa fa biribi titiriw bi ho. Ɛno ne sɛ: Onyankopɔn bɛma obiara ahu sɛ ɔno na ɔfata sɛ ɔdi nnipa so, na ɔnam ne soro Ahenni no so bɛma nea wabɔ ne tirim sɛ ɔbɛyɛ no abam.

  •   Mfe mpem pii ni a wɔkyerɛw Bible no. Saa bere no, na nkurɔfo keka nsɛm bi a ɛne nyansahu nhyia. Nanso, sɛ wohwɛ Bible mu a, worenhu saa nsɛm no biara wom.

  •   Abakɔsɛm a nkurɔfo akyerɛw ato hɔ di adanse sɛ, asɛm biara a Bible ka too hɔ anaa ɛhyɛɛ ho nkɔm no aba mu.