Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Dɛn Na Yebetumi Asua Afi Samariani Yamyefo No Asɛm No Mu?

Dɛn Na Yebetumi Asua Afi Samariani Yamyefo No Asɛm No Mu?

Nea Bible ka

Bere bi Yesu maa mfatoho bi a ɛfa Samariani yamyefo bi ho. Ná ɔde rekyerɛ sɛ, ɛmfa ho baabi a obi fi anaa sɛnea ɔte no, ɛsɛ sɛ yɛyɛ no papa.

Nea yɛrebɛka ho asɛm

 Dɛn na Yesu kae wɔ saa mfatoho no mu?

Mfatoho a Yesu mae no, n’apɔw so n’apɔw so ni: Bere bi, na Yudani bi fi Yerusalem rekɔ Yeriko. Ɔnam kwan so no, akorɔmfo tow hyɛɛ ne so wiaa no, na wɔboroo no ara ma anka ɔreyɛ awu.

Nea edi kan, Yudani sɔfo bi betwaa mu; wamfii no. Akyiri yi, Yudani foforo a ɔyɛ adwuma wɔ asɔrefie hɔ betwaa mu. Nanso ɔno nso yii n’ani. Ɛwom, na wɔn nyinaa ne ɔbarima a wɔaboro no apirapira no no fi ɔman baako so, nanso wɔn mu biara nni hɔ a ɔyɛe sɛ ɔbɛboa no.

Akyiri yi, ɔbarima foforo bepuee ne so. Ɔno de, na ɔyɛ Samariani. (Luka 10:33; 17:16-18) Ɔbarima a na ɔda hɔ no yɛɛ no mmɔbɔ. Enti ɔde aduru guguu n’akuru no so. Afei ɔde no kɔɔ ahɔhodan bi mu, na ɔhwɛɛ no ma ade kyee. Ade kyee no, ɔmaa nea ɔhwɛ ahɔhodan no so sika sɛ ɔnhwɛ papa no. Afei ɔka kyerɛɛ no sɛ, ɛka foforo biara a ɔbɛbɔ no, ɔba a obetua.—Luka 10:30-35.

 Adɛn nti na Yesu maa saa mfatoho no?

Nea ɛmaa Yesu kaa saa asɛm yi ne sɛ, na ɔpɛ sɛ ɔde tene barima bi adwene. Ná barima no adwene yɛ no sɛ, wɔn a ɔne wɔn fi ɔman baako mu anaa ɔne wɔn wɔ ɔsom baako mu no nko ara na na obetumi ayɛ wɔn papa. Ná Yesu pɛ sɛ ɔboa no ma ohu sɛ, ɛnyɛ ne kuromfo Yudafo nko ara na na ɛsɛ sɛ ɔyɛ wɔn papa. Mmom na ɛsɛ sɛ ɔtrɛw ne hye mu. (Luka 10:36, 37) Wɔakyerɛw saa asɛm yi wɔ Bible mu sɛnea ɛbɛyɛ a obiara a ɔpɛ sɛ ɔsɔ Onyankopɔn ani no besua biribi afi mu.—2 Timoteo 3:16, 17.

 Asuade bɛn na ɛwɔ mu?

Asuade a ɛwɔ saa asɛm yi mu ne sɛ, sɛ obi yɛ yɔnko pa a, nneɛma a ɔyɛ no ma yehu sɛ ɔwɔ ayamhyehye. Sɛ ohu sɛ obi rebrɛ anaa ɔrehu amane a, ɔnyɛ nhwɛhãã; ɔyɛ ho biribi. Sɛ onipa no fi he oo, ɔte sɛn oo, ɔmfa ho; ne de ara ne sɛ, ɔbɛyɛ nea obetumi de aboa no. Obi a ɔyɛ yɔnko pa no, nea ɔpɛ sɛ nkurɔfo yɛ ma no no, ɛno ara na ɔyɛ ma afoforo, efisɛ onim sɛ, wo yɔnko da ne wo da.—Mateo 7:12.

 Ná Samariafo no yɛ henanom?

Ná Samariafo no te Yudea kurow no atifi fam. Nea ɛte ne sɛ, Yudafo no bi warewaree wɔn a wɔnyɛ Yudafo, na na wɔn asefo ka wɔn a na wɔte Samaria no ho.

Eduu Yesu bere so no, na Samariafo no ankasa atew wɔn som. Nhoma nnum a na edi kan wɔ Hebri Kyerɛwnsɛm no mu no, na wɔgye tom. Nea aka no de, na wommu no sɛ ɛka Kyerɛw Kronkron no ho.

Yesu bere so no, na Yudafo no kyi Samariafo no kɔkɔɔkɔ; na wɔmpɛ sɛ Samariani bi ho mframa mpo bɛfa wɔn ho. (Yohane 4:9) Yudafo no bi mpo de, na wotumi de asɛmfua “Samariani” di obi atɛm.—Yohane 8:48.

 Asɛm a ɛfa Samariani yamyefo no ho no yɛ asɛm a esii ankasa anaa?

Kyerɛwsɛm no nka sɛ Samariani no asɛm no sii ankasa. Nanso nea ɛte ne sɛ, sɛ Yesu rekyerɛkyerɛ a, ade baako a na ɔtaa yɛ ne sɛ, mmeae ne nneɛma a na n’atiefo nim no, ɛno na na ɔde kyerɛkyerɛ ne nsɛm mu. Wei nti na ɛma ɛyɛ mmerɛw sɛ wɔbɛte asɛm a ɔreka no ase.

Wokenkan Samariani yamyefo no asɛm no a, wubehu sɛ nneɛma a Yesu kaa ho asɛm no, na dodow no ara yɛ biribi a ne beresofo no nim no yiye. Ebi na edidi so yi:

  • Sɛ wufi Yerusalem rekɔ Yeriko a, na kwan no tenten boro akwansin 12 anaa kilomita 20, na na kwan no sian. Yesu nso kaa sɛ akwantufo no “fi Yerusalem resian akɔ Yeriko.” Enti asɛm a ɔkae no, na ɛyɛ nokware.—Luka 10:30.

  • Asɔfo ne Lewifo a wɔte Yeriko no, na wɔtaa fa saa kwan no so kɔ Yerusalem.

  • Ná kwan no so yɛ dinn, enti na akorɔmfo werɛmfo taa kɔtɛw hɔ gye akwantufo a wɔfa saa kwan no so ho nneɛma, titiriw wɔn a wɔn nko ara retu kwan no.