Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mose na Ɔkyerɛw Bible no Anaa?

Mose na Ɔkyerɛw Bible no Anaa?

Nea Bible ka

 Onyankopɔn maa Mose kyerɛw Bible nhoma nnum a ɛdi kan no. Ɛno ne: Genesis, Exodus, Leviticus, Numeri, ne Deuteronomium. Ɛbɛyɛ sɛ ɔno ara na ɔkyerɛw Hiob nhoma no ne Dwom 90. Nanso ɛnyɛ Mose nko ara na ɔkyerɛw Bible no. Nnipa bɛyɛ 40 na Onyankopɔn ma wɔkyerɛw Bible no, na wɔn mu baako ne Mose.