Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛ Obi Dɔ Ne Ho a, Ɛyɛ Mfomso Anaa? Dɛn Na Bible Ka Wɔ Ho?

Sɛ Obi Dɔ Ne Ho a, Ɛyɛ Mfomso Anaa? Dɛn Na Bible Ka Wɔ Ho?

Nea Bible ka

 Bible ka sɛ obi dɔ ne ho a, ɛnyɛ bɔne, na mpo ɛyɛ papa sɛ yɛbɛyɛ saa. Obi dɔ ne ho a, ɛkyerɛ sɛ ɔhwɛ ne ho so yiye, obu ne ho, na ɔnte nka sɛ ɔnsɛ hwee. (Mateo 10:31) Bible no nkyerɛkyerɛ sɛ yɛnyɛ pɛsɛmenkominya, mmom ɛka ɔkwampa a obi betumi afa so anya ɔdɔ ama ne ho.

Hena na ɛsɛ sɛ yɛdɔ no kan?

  1.   Onyankopɔn ho dɔ na ɛsɛ sɛ edi kan wɔ yɛn komam. Bible no kyerɛkyerɛ sɛ ahyɛde a ɛyɛ kɛse sen biara ne: “Fa wo koma nyinaa . . . dɔ Yehowa wo Nyankopɔn.”​—Marko 12:28-30; Deuteronomium 6:5.

  2.   Ahyɛde a ɛto so mmienu a ɛyɛ kɛse sen biara ne: “Dɔ wo yɔnko sɛ wo ho.”​—Marko 12:31; Leviticus 19:18.

  3.   Ɛwom, wohwɛ Bible mu a, worenhu ahyɛde biara a ɛka sɛ ɛsɛ sɛ obi dɔ ne ho, nanso ahyɛde a ɛne “dɔ wo yɔnko sɛ wo ho” no ma yehu sɛ obi dɔ ne ho anaa obu ne ho a, eye, na mfaso wɔ so.

Hena na Yesu dɔɔ no kan?

 Ná Yesu dɔ Onyankopɔn, na bere koro no ara nso na ɔdɔ afoforo ne n’ankasa ho. Ɔnam wei so yɛɛ nhwɛso maa n’asuafo no, na ɔka kyerɛɛ wɔn sɛ wonsuasua no.​—Yohane 13:34, 35.

  1.   Ɔde ɔdɔ a ɔwɔ ma Yehowa Nyankopɔn no dii kan, na otuu ne ho sii hɔ yɛɛ Onyankopɔn adwuma. Yesu kaa sɛ, “Nea ɛbɛyɛ na wiase ahu sɛ medɔ Agya no, sɛnea Agya no ahyɛ me sɛ menyɛ no, saa ara na mereyɛ.”​—Yohane 14:31.

  2.   Ná Yesu dɔ afoforo, na ɔboaa wɔn ma wɔn nsa kaa nea wohia. Ɔde ne nkwa mpo bɔɔ afɔre maa nnipa.​—Mateo 20:28.

  3.   Ná Yesu dɔ ne ho sɛnea ɛfata. Onyaa bere gyee n’ahome, nyaa bere nso didii. Afei ogyee bere ne n’akyidifo no ne wɔn a na wobetumi abɛyɛ n’asuafo no bɔe.​—Marko 6:31, 32; Luka 5:29; Yohane 2:1, 2; 12:2.

Sɛ wodɔ afoforo sen wo ho a, ɛbɛma anigye ne obu a wowɔ no so atew anaa?

 Dabi, efisɛ wɔbɔɔ yɛn wɔ Onyankopɔn suban so. Onyankopɔn nso de, ne su titiriw ne ɔdɔ a pɛsɛmenkominya nnim. (Genesis 1:27; 1 Yohane 4:8) Wei kyerɛ sɛ, wɔbɔɔ yɛn sɛ yɛnna ɔdɔ adi nkyerɛ afoforo. Sɛ obi dɔ ne ho a, mfaso wɔ so de, nanso sɛ yɛdɔ Onyankopɔn sen biribiara na yɛyɛ afoforo papa a, ɛma yɛn ani gye pa ara. Sɛnea Bible ma yehu no, “ɔma mu wɔ anigye pii sen ogye.”​—Asomafo Nnwuma 20:35.

 Ɛnnɛ, nnipa pii ka sɛ, sɛ obi pɛ sɛ n’ani gye a, ɛsɛ sɛ odi kan pɛ nea ehia no ansa na wadwen afoforo ho. Saafo no de “dɔ wo ho” asesa “dɔ wo yɔnko.” Nanso nea akɔ so wɔ nkurɔfo asetenam nnansa yi di adanse sɛ, sɛ obi de Bible afotu a nyansa wom a edi so yi yɛ adwuma a, onya apɔwmuden ne anigye. Ɛka sɛ: “Obiara nnhwehwɛ nea eye ma ne nko, na mmom ne yɔnko nso de.”​—1 Korintofo 10:24.