Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nsɛm Bi Wɔ Bible Mu a Ɛne Bi Nhyia?

Nsɛm Bi Wɔ Bible Mu a Ɛne Bi Nhyia?

Nea Bible ka

 Ɛnte saa koraa, Bible mu nsɛm nyinaa hyia. Ɛwom sɛ Bible mu nsɛm no bi ayɛ sɛ nea ɛne bi nhyia deɛ, nanso sɛ wode nsɛm a edidi so yi bi yɛ adwuma a, wubetumi ate Bible mu nsɛm ase yiye:

  1.   Hwɛ nsɛm a ɛfa ho no. Sɛ obi kyerɛw asɛm bi na wofa ne fã bi kɛkɛ a, anhwɛ a wobɛka sɛ ne nsɛm no bi ne ebi nhyia.

  2.   Hwɛ adwene a ɔkyerɛwfo no kura. Sɛ biribi si wɔ nnipa bi anim na wɔreka ho asɛm a, asɛm koro no ara, ɛsono sɛnea obiara bɛka no. Nanso wobɛhwɛ no, na obiara asɛm yɛ nokware.

  3.   Hwɛ ɛho abakɔsɛm ne amammerɛ.

  4.   Bisa wo ho sɛ asɛmfua yi, egyina hɔ ma biribi anaa ɛsɛ sɛ yɛfa no saa ara.

  5.   Hyɛ no nsow sɛ sɛ obi ma obi yɛ biribi ma no a, yebetumi aka sɛ onii no ankasa na ɔyɛe. a

  6.   Kenkan Bible a wɔakyerɛ ase yiye.

  7.   Mmɔ mmɔden sɛ wubekyinkyim Bible mu nsɛm ama ɛne ɔsom nkyerɛkyerɛ a ɛnyɛ nokware ahyia.

 Bible mu nsɛm a edidi so yi ayɛ sɛ nea ɛne ebi nhyia. Yɛnhwɛ sɛnea nsɛm a yɛasusuw ho no bɛboa yɛn ama yɛakyerɛkyerɛ mu.

Nnyinasosɛm 1: Nsɛm a ɛfa ho

  Sɛ da a ɛto so nson no, Onyankopɔn homee a, adɛn nti na Bible ka sɛ ɔda so ara reyɛ adwuma? Wohwɛ adebɔ ho nsɛm a ɛwɔ Genesis nhoma mu no a, wuhu asɛm yi, ‘da a ɛto so ason no, Onyankopɔn fii ase gyee n’ahome fii ne nnwuma a ɔyɛe no nyinaa ho.’ Saa asɛm no fa asase so nneɛma a ɔbɔe no ho titiriw. (Genesis 2:​2-4) Bere a Yesu kaa sɛ Onyankopɔn “ayɛ adwuma abesi sesɛɛ” no na ɛnyɛ sɛ Yesu reka asɛm a ɛne Bible mu nsɛm nhyia. Mmom na ɔreka nnwuma foforo a Onyankopɔn yɛ ho asɛm. (Yohane 5:17) Nnwuma a Onyankopɔn yɛe no bi ne Bible a ɔma wɔkyerɛwee. Afei ɔda so ara ma nnipa akwankyerɛ ne ahobammɔ.—Dwom 20:6; 105:5; 2 Petro 1:21.

Nnyinasosɛm 2 ne 3: Adwene a ɔkyerɛwfo no kura ne ɛho abakɔsɛm

  Ɛhefa na Yesu saa onifuraefo bi yare no? Luka nhoma no bɔ amanneɛ sɛ Yesu saa onifuraefo bi yare “bere a ɔrebɛn Yeriko no.” Nanso asɛm a ɛte saa ara wɔ Mateo. Ɛka sɛ anifuraefo mmienu na Yesu saa wɔn yare ‘bere a ɔrefi Yeriko’ no. (Luka 18:35-43; Mateo 20:29-34) Nsɛm mmienu yi, ɛsono sɛnea obiara kaa no, nanso obiara deɛ boa ma asɛm no mu da hɔ. Mateo kaa nnipa dodow no ho asɛm sɛ wɔyɛ mmienu, nanso Luka deɛ ɔde n’adwene sii onipa a Yesu ne no kasae no nko ara so. Ɛdefa baabi a asɛm no sii no ho deɛ, wɔn a wotutu fam hwehwɛ tetefo nneɛma mu ahu sɛ Yesu bere so no na Yeriko nkurow no yɛ mmienu; kurow foforo ne kurow dedaw. Kurow dedaw no yɛ Yudafo dea, ɛnna foforo no nso yɛ Romafo dea. Efi kurow dedaw no rekɔ kurow foforo no mu yɛ kilomita baako ne fã (kwansin baako). Ɛbɛyɛ sɛ kurow mmienu no ntam na Yesu yɛɛ saa anwonwade no.

Nnyinasosɛm 4: Nsɛmfua a egyina hɔ ma biribi ne nea ɛsɛ sɛ yɛfa no saa ara

  Wɔbɛsɛe asase anaa? Bible ka wɔ Ɔsɛnkafo 1:4 sɛ “asase de, etim hɔ daa.” Foforo ka sɛ “asase ne emu nneɛma bɛnan.” (2 Petro 3:​10, Beck) Ɛyɛ a ebinom ka sɛ nsɛm mmienu yi nhyia. Nanso Bible mu no, sɛ wɔka “asase” ho asɛm a, etumi gyina hɔ ma nneɛma mmienu. Baako fa asase a yɛte so yi ho, ɛnna baako nso gyina hɔ ma nnipa a wɔte asase so. (Genesis 1:1; 11:1) Asɛm a ɛwɔ 2 Petro 3:​10 no nkyerɛ sɛ wɔbɛhyew asase a yɛte so yi, mmom ɛfa “amumɔyɛfo sɛe da” ho.​—2 Petro 3:7.

Nnyinasosɛm 5: Sɛ obi ma obi yɛ biribi ma no a, yebetumi aka sɛ onii no ankasa na ɔyɛe

  Hena na ɔbɛkaa ɔsraani panyin no asɛm kyerɛɛ Yesu wɔ Kapernaum no? Mateo 8:​5, 6 ka sɛ, ɔsraani panyin no ankasa na ɔbaa Yesu nkyɛn, nanso Luka 7:3 ka sɛ ɔsraani panyin no somaa Yudafo mpanyimfo bi maa wɔde n’abisade kɔtoo Yesu anim. Sɛ yɛhwɛ Bible mu nsɛm yi a, yehu sɛ ɔsraani panyin no na odii kan de adwene no bae nanso ɔno ara ankɔ, mmom ɔsomaa Yudafo mpanyimfo maa wɔde n’abisade kɔtoo Yesu anim.

Nnyinasosɛm 6: Bible a wɔakyerɛ ase yiye

  Yɛn nyinaa yɛ bɔne? Bible ka sɛ yɛn nyinaa nyaa bɔne fii onipa a odi kan, Adam hɔ. (Romafo 5:​12) Wohwɛ Bible nkyerɛase bi mu a, ɛka sɛ onipa pa “nyɛ bɔne,” na ɛte sɛ nea ɛne asɛm a yɛaka yi nhyia. (1 Yohane 3:6, The Bible in Basic English; King James Version) Nanso kasa a wɔde kyerɛw Bible no, Hela adeyɛ asɛm a wɔkyerɛɛ ase “bɔne” wɔ 1 Yohane 3:6 no gyina hɔ ma biribi a obi nnyaee, kyerɛ sɛ ogu so yɛ. Wɔde bɔne awo yɛn na yɛyɛ ho hwee a ɛnyɛ yiye. Ɛno wɔ hɔ, ɛnna yɛwɔ bɔne a ɛno deɛ yɛhyɛ da bu Onyankopɔn mmara so yɛ. Bible no bi wɔ hɔ a, wɔakyerɛ kasasin yi ase ama emu ada hɔ. Wɔakyerɛ ase sɛ obi a ‘ɔntena bɔne mu’ anaa ɔmfaa “bɔne nyɛɛ ne su.”—Wiase Foforo Nkyerɛase; Phillips.

Nnyinasosɛm 7: Di Bible akyi, ɛnyɛ ɔsom nkyerɛkyerɛ

  Yesu ne Onyankopɔn yɛ pɛ? Anaasɛ Onyankopɔn yɛ kɛse sen no? Bere bi Yesu kaa sɛ: “Me ne Agya no yɛ biako.” Ɔsan kaa sɛ, “Agya no yɛ kɛse sen me.” (Yohane 10:30; 14:28) Anhwɛ a wobɛka sɛ nsɛm mmienu yi nhyia. Sɛ yebetumi ate nsɛm yi ase yiye a, gye sɛ yɛhwehwɛ Bible mu yiye, na yehu nea ɛka fa Yehowa ne Yesu ho ankasa. Yesu nsɛm yi mfa Baasakoro ho koraa. Enti ɛnsɛ sɛ yɛde kyerɛkyerɛ nsɛm yi mu. Efisɛ Baasakoro nkyerɛkyerɛ no nnyina Bible so. Bible ma yehu sɛ Yehowa nyɛ Yesu Agya kɛkɛ na mmom ɔsan yɛ Yesu Nyankopɔn. Ɔno na Yesu som no. (Mateo 4:10; Marko 15:34; Yohane 17:3; 20:17; 2 Korintofo 1:3) Yesu ne Onyankopɔn nyɛ pɛ.

 Yesu asɛm a ɛne sɛ, “Me ne Agya no yɛ biako” no, nea ɛkyerɛ ara ne sɛ ɔne n’Agya Yehowa Nyankopɔn adwene hyia. Akyiri yi Yesu san kaa sɛ: “Agya no wɔ me mu na me nso mewɔ Agya no mu.” (Yohane 10:38) Ná Yesu ne n’akyidifo no nso adwene hyia paa. Bere bi, ɔbɔɔ mpae maa wɔn, na ɔka kyerɛɛ Onyankopɔn sɛ: “Mede anuonyam a wode ama me no ama wɔn na wɔayɛ biako sɛnea yɛyɛ biako no. Mewɔ wɔn mu na wo nso wowɔ me mu.”​—Yohane 17:22, 23.

a Ɛho nhwɛso ni. Encyclopædia Britannica ka sɛ Taj Mahal asɔredan no, “Mughal Hempɔn Shah Jahān na osii.” Nanso ɛnyɛ ɔno ankasa na osii dan no efisɛ nhoma no san kaa sɛ “nnipa bɛboro 20,000 na wɔfaa wɔn” maa wɔyɛɛ ho adwuma.