Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nyansahu ne Bible Hyia?

Nyansahu ne Bible Hyia?

Nea Bible ka

 Aane. Nea enti a ɛte saa ne sɛ, ɛwom sɛ Bible nyɛ nyansahu nhoma deɛ, nanso nyansahu ho asɛm a Bible ka biara yɛ nokware. Nhwɛso a edidi so yi bɛma yɛahu sɛ nyansahu ne Bible hyia, na nyansahu ho nsɛm a Bible kae no yɛ nokware. Ɛbɛsan ama yɛahu sɛ, bere a wɔkyerɛw Bible no, na nnipa binom kura nneɛma ho adwene a ɛne nyansahu nhyia koraa.

  •   Ɔsoro, asase, ne emu nneɛma nyinaa wɔ mfiase. (Genesis 1:1) Nanso, anansesɛm ne atetesɛm kyerɛ sɛ, ɛnyɛ obi na ɔbɔɔ ɔsoro, asase, ne emu nneɛma nyinaa. Mmom na nneɛma atu afra ayɛ basaa; ɛdede mu ara na biribiara bae. Ná Babilonfo nso gye di sɛ, anyame a wɔbɔɔ biribiara a ɛwɔ soro ne asase so no, wofi ɛpo mmienu mu na wɔbae. Anansesɛm foforo nso kyerɛ sɛ kosua kɛse bi na ɛpaee maa ɔsoro, asase ne emu nneɛma nyinaa fi bae.

  •   Obi na ahyehyɛ abɔde mu mmara a ɛma biribiara kɔ so pɛpɛɛpɛ wɔ soro ne asase so no. Ɛnyɛ anyame bi na wɔhyɛ baabi repiapia nneɛma. (Hiob 38:33; Yeremia 33:25) Wokɔ wiase baabiara a, atosɛm a wɔka ne sɛ yɛwɔ anyame bi wɔ hɔ a wotumi yɛ nea wɔpɛ biara. Na ɛtɔ mmere bi mpo a wotumi twe nnipa aso yayaayaw, nanso nnipa ntumi nyɛ ho hwee.

  •   Asase no sɛn ahunu mu a hwee nkura mu. (Hiob 26:7) Tete no, na nnipa pii gye di sɛ asase yɛ tratraa, na ɔbran bi na ɔsõ. Ebi nso ka sɛ na esi aboa bi te sɛ ɛkoɔ anaa akyekyere akyi.

  •   Sɛ awia bɔ po anaa nneɛma foforo so a, nsu a ɛtwe fi mu no kɔ soro kɔdan mununkum. Afei ɛsan dan nsu, sukyerɛmma anaa asukɔtweaa na ɛtɔ gu asase so. Eyi nyinaa kogu asubɔnten ne asuti ahorow mu. (Hiob 36:27, 28; Ɔsɛnkafo 1:7; Yesaia 55:10; Amos 9:6) Tete no, na Greekfo susuw sɛ ɛpo nsu wɔ asase ase, na ɛno na epuw bɛyɛ asubɔnten ahorow no. Wokuraa saa adwene yi mu ara besii bɛyɛ afe 1800 mu.

  •   Mmepɔw tumi fi asase mu ba na etumi dwiriw gu. Mmepɔw a yehu no nnɛ no, kan no na ne nyinaa wɔ po ase. (Dwom 104:6, 8) Nanso, wɔka wɔ anansesɛm ahorow mu sɛ anyame bi na wɔmaa mmepɔw besisii hɔ sɛnea yehu no.

  •   Sɛ yedi yɛn ho ni a, yɛntaa nyare. Mmara a wɔde maa Israelfo no, na ebi ne sɛ, sɛ obi de ne nsa ka obi a wawu a, ɛsɛ sɛ ɔhoro n’atade. Sɛ obi nya nsanyare a, ɛsɛ sɛ woyi no fi nnipa mu de no kosie baabi. Afei sɛ wogya wɔn anan a, ɛsɛ sɛ wɔkata so yiye. (Leviticus 11:28; 13:1-5; Deuteronomium 23:13) Nanso bere a wɔde saa ahyɛde yi maa Israelfo no, na Egyptfo fa akwan horow so sa yare. Emu baako ne sɛ, sɛ kuru tu obi a, na wotumi de nnipa tiafi to so.

Nyansahu ho asɛm a Bible ka no, mfomso bi wɔ mu anaa?

 Wohwɛ Bible mu yiye paa a, wubehu sɛ mmuae no yɛ dabi. Nyansahu ho nsɛm a Bible ka no, nea nkurɔfo ka ma ɛyɛ te sɛ nea mfomso wɔ ho no bi na edidi so yi:

 Atosɛm: Bible ka sɛ wɔde nnansia a emu biara yɛ nnɔnhwerew 24 na ɛbɔɔ soro ne asase ne biribiara a ɛwɔ mu.

 Nokwasɛm: Bible ka sɛ Onyankopɔn bɔɔ soro ne asase ne biribiara a ɛwɔ mu. Ankyerɛ bere pɔtee a ɔhyɛɛ ase bɔɔ nneɛma. (Genesis 1:1) Afei nso, adebɔ nna a wɔkaa ho asɛm wɔ Genesis ti 1 no yɛ bere pɔtee bi a yennim ano. Bere dodow a wɔde bɔɔ ɔsoro ne asase nyinaa mpo no, wɔfrɛ no “da” baako.​—Genesis 2:4.

 Atosɛm: Bible ka sɛ wodii kan bɔɔ afifide ansa na wɔrebɔ awia a ɛboa afifide ma ɛyɛ n’aduan no.​—Genesis 1:​11, 16.

 Nokwasɛm: Bible ka sɛ wodii kan bɔɔ awia ansa na wɔrebɔ afifide. Awia ka nsoromma a ɛwɔ “ɔsoro” a wɔbɔe no ho. (Genesis 1:1) Adebɔ “da” a edi kan no, awia hann bɛtɔɔ asase no so. Bere a eduu adebɔ “da” a ɛtɔ so mmiɛnsa no, na wim ada hɔ, afei na awia hann no ano ayɛ den a ebetumi aboa afifide ma ayɛ n’aduan. (Genesis 1:​3-5, 12, 13) Akyiri yi koraa na awia no yii no ho ma sɛ wugyina asase so a wutumi hu awia no yiye.​—Genesis 1:​16.

 Atosɛm: Bible ka sɛ awia no kyini fa asase no ho.

 Nokwasɛm: Ɔsɛnkafo 1:5 ka sɛ: “Owia nso pue, na ɛkɔtɔ; ɛde ahopere kɔ n’afã, na ɛhɔ na ɛsan pue fi.” Sɛ wugyina asase so a ɛyɛ wo sɛ awia no pue fi baabi na akɔtɔ wɔ baabi foforo. Wei ho asɛm ara na Bible no reka. Ɛnnɛ mpo obi betumi aka sɛ ‘awia pue na ɛkɔtɔ,’ nanso na onim sɛ asase mmom na ekyini fa awia no ho.

 Atosɛm: Bible ka sɛ asase yɛ tratraa.

 Nokwasɛm: Bible de nsɛm “asase ano” di dwuma de kyerɛ asase no mmeae a ɛwɔ akyirikyiri “nohoa.” Wei nkyerɛ sɛ asase no yɛ tratraa anaa wubetumi akɔ ara akosi n’ano. (Asomafo Nnwuma 1:8) Saa ara nso na asɛm “asase no afanan” yɛ kasakoa a ɛkyerɛ asase so nyinaa. Ɛnnɛ obi betumi aka sɛ, nnipa fi apuei, atɔe, atifi, ne anafo de akyerɛ asɛm koro no ara.​—Yesaia 11:12; Luka 13:29.