Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Maria yɛ Onyankopɔn Maame Anaa?

Maria yɛ Onyankopɔn Maame Anaa?

Nea Bible ka

 Dabi. Bible nka sɛ Maria yɛ Onyankopɔn maame, na saa ara nso na ɛnka sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo som Maria anaa wɔma no nidi soronko. a Susuw nea enti a yɛreka saa no ho hwɛ:

  •   Maria anka da sɛ ɔyɛ Onyankopɔn maame. Bible kyerɛkyerɛ sɛ ɔwoo “Ɔsorosoroni no Ba” anaa “Onyankopɔn Ba,” na ɛnyɛ Onyankopɔn.​—Luka 1:32, 35.

  •   Yesu Kristo anka da sɛ Maria yɛ Onyankopɔn maame anaa ɔfata sɛ yɛde nidi soronko ma no. Bere bi, hokwan a ɛyɛ anigye a na Maria wɔ sɛ Yesu maame nti, ɔbea bi de nidi soronko maa Maria, nanso Yesu teɛɛ ɔbea no adwene sɛ: “Dabi, mmom, anigye ne wɔn a wotie Onyankopɔn asɛm na wodi so.”​—Luka 11:27, 28.

  •   Nsɛmfua “Ɔsoro Hemmaa” ne “Theotokos” (nea ɔwoo Onyankopɔn) nni Bible mu.

  •   Asɛm “Ɔsoro Hemmaa” a ɛwɔ Bible mu no nyɛ Maria din, mmom na ɛyɛ Israelfo a na wɔagyae Onyankopɔn som no bosom bi din. (Yeremia 44:15-19) Ɛbɛyɛ sɛ na “Ɔsoro Hemmaa” no yɛ Babilonfo bosom a wɔfrɛ no Ishtar (Astarte) no.

  •   Tete Kristofo no ansom Maria, na saa ara nso na wɔamma no nidi soronko biara. Abakɔsɛm kyerɛwfo bi kaa tete Kristofo no ho asɛm sɛ, “Anka wɔbɛpo ahonhonsɛm biara, na anka wobesuro mpo sɛ wɔde nidi soronko bɛma Maria na akyerɛ sɛ wɔresom bosom bi.”​—In Quest of the Jewish Mary.

  •   Bible ka sɛ Onyankopɔn nni mfiase. (Dwom 90:1, 2; Yesaia 40:28) Obi a onni mfiase nso de, ɔrentumi nnya maame. Bio nso, na Maria rentumi nnyinsɛn Onyankopɔn, efisɛ Bible ma yehu pefee sɛ ɔsoro mpo ntumi nkora no.​—1 Ahene 8:27.

Maria​—Ɔnyɛ “Onyankopɔn Maame”, mmom Yesu Maame

 Ná Maria yɛ Yudani a ofi Ɔhene Dawid abusua mu. (Luka 3:23-31) Esiane Maria gyidi ne ne nokwaredi nti, onyaa Onyankopɔn anim dom. (Luka 1:28) Onyankopɔn paw no ma ɔbɛyɛɛ Yesu maame. (Luka 1:31, 35) Maria woo Yesu no, akyiri yi ɔne Yosef woo mma.​—Marko 6:3.

 Ɛwom, Bible ma yehu sɛ Maria bɛyɛɛ Yesu asuafo no mu baako, nanso ne ho nsɛm pii nni Bible mu.​—Asomafo Nnwuma 1:14.

a Ɔsom pii kyerɛkyerɛ sɛ Maria yɛ Onyankopɔn maame. Ɔsom ahorow yi frɛ Maria sɛ, “Ɔsoro Hemmaa,” anaa Theotokos a ɛyɛ Hela asɛmfua a ɛkyerɛ “nea ɔwoo Onyankopɔn.”