Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Bible Yɛ Aborɔfo Nhoma Anaa?

Bible Yɛ Aborɔfo Nhoma Anaa?

Nea Bible ka

 Ɛnyɛ Europefo na wɔkyerɛw Bible no. Mmarima a Onyankopɔn ma wɔkyerɛw Bible no, na wɔn nyinaa fi Asia. Bible nka no baabiara sɛ abusua bi kyɛn abusua bi. Nea ɛka ne sɛ: “Onyankopɔn nhwɛ nnipa anim, na mmom ɔman biara mu no, onipa a osuro no na ɔyɛ adetrenee no, ogye no tom.”​—Asomafo Nnwuma 10:34, 35.