Nnwom 51:1-19

  • Ɔbɔnefo a wanu ne ho mpaebɔ

    • Bɔne mu na wonyinsɛn me (5)

    • “Dwira me ho fi me bɔne ho” (7)

    • “Bɔ koma a emu tew ma me” (10)

    • Onyankopɔn rempo koma a apɛtɛw (17)

Wɔde ma dwom kyerɛfo. Dawid dwom. Bere a Dawid ne Bat-Seba dae na odiyifo Natan baa ne nkyɛn no akyi na Dawid kyerɛw dwom yi.+ 51  O Onyankopɔn, hu me mmɔbɔ, sɛnea wo dɔ a enni huammɔ no te.+ Wo mmɔborɔhunu bebrebe nti, popa me mmarato.+   Hohoro me mfomso fi me ho koraa,+Na hohoro* me ho fi me bɔne ho.+   Me mmarato no, minim paa,Na me bɔne wɔ m’anim* daa nyinaa.+   Wo paa na mayɛ wo bɔne;+Mayɛ nea enye wɔ w’ani so.+ Enti sɛ wokasa a, wudi bem,Na woteɛ wɔ w’atemmu mu.+   Hwɛ! Wɔwoo me no, na bɔne wɔ me ho,Na bɔne mu na me maame nyinsɛn me.*+   Hwɛ! Koma mu nokwaredi na w’ani gye ho;+Kyerɛkyerɛ me na minhu nyansa ankasa wɔ me koma mu.   Fa sommɛ* dwira me ho fi me bɔne ho na ama me ho atew;+Hohoro me ho na me ho nyɛ fitaa nsen sukyerɛmma.+   Ma mente ahosɛpɛw ne ahurusi nne,Na ama m’ani agye ɛmfa ho sɛ woabubu me nnompe no.+   Yi w’ani fi me bɔne so,*+Na popa me mfomso nyinaa.+ 10  O Onyankopɔn, bɔ koma a emu tew ma me,+Na fa honhom foforo hyɛ me mu,+ honhom a ase atim. 11  Ntow me mfi w’anim nkyene,Na nyi wo honhom kronkron mfi me so. 12  Ma minni wo nkwagye ho ahurusi bio,+Na ma minnya ɔpɛ sɛ metie wo. 13  Mɛkyerɛkyerɛ mmaratofo w’akwan,+Na ama abɔnefo asan aba wo nkyɛn. 14  O Onyankopɔn, me nkwagye Nyankopɔn,+ gye me fi mogya ho afodi mu,+Na ama me tɛkrɛma de anigye aka wo trenee ho asɛm.+ 15  O Yehowa, bue m’ano,Na m’ano atumi aka w’ayeyi ho asɛm.+ 16  W’ani nnye afɔrebɔ ho, anka mede bɛma wo;+Ɔhyew afɔre nsɔ w’ani.+ 17  Afɔre a ɛsɔ Onyankopɔn ani ne honhom a abubu;O Onyankopɔn, worempo koma a abubu na apɛtɛw.+ 18  W’adom nti, wo ne Sion nni no yiye;San to Yerusalem afasu no. 19  Ɛno na w’ani begye trenee afɔre ho,Ɔhyew afɔre ne afɔrebɔ nyinaa ho;Afei, wɔde anantwinini bɛbɔ afɔre wɔ w’afɔremuka so.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “tew.”
Anaa “m’adwenem.”
Anaa “Na meyɛ ɔbɔnefo fi bere a me maame nyinsɛn me.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “Mfa w’ani nhwɛ me bɔne.”