Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Yesu Yɛ Agyenkwa—Ɔkwan Bɛn So?

Yesu Yɛ Agyenkwa—Ɔkwan Bɛn So?

Nea Bible ka

 Yesu gyee nnipa a wodi nokware nkwa bere a owui de ne nkwa yɛɛ agyede no. (Mateo 20:28) Wei nti, Bible frɛ Yesu “wiase Agyenkwa.” (1 Yohane 4:14) Bible san ka sɛ: “Nkwagye nni obi foforo biara mu, na edin foforo biara nni ɔsoro ase a wɔde ama nnipa sɛ wɔmfa so nnye yɛn nkwa.”​—Asomafo Nnwuma 4:12.

 Yesu ‘kaa owu hwɛe maa obiara’ a obegye no adi. (Hebrifo 2:9; Yohane 3:16) Ɛno akyi no, “Onyankopɔn nyan no fii awufo mu,” na ɔsan kɔɔ soro sɛ honhom abɔde. (Asomafo Nnwuma 3:15) Esiane sɛ ɔwɔ soro nti, obetumi “agye wɔn a wɔnam no so ba Onyankopɔn nkyɛn no koraa, efisɛ ɔte ase daa a ɔbɛsrɛ ama wɔn.”​—Hebrifo 7:25.

Adɛn nti na ɛsɛ sɛ Yesu srɛ ma yɛn?

 Yɛn nyinaa yɛ abɔnefo. (Romafo 3:23) Bɔne ama yɛne Onyankopɔn ntam atew, na bɔne koro no ara de yɛn kɔ owu mu. (Romafo 6:23) Nanso Yesu abɛyɛ “ɔboafo” ama wɔn a wɔkyerɛ agyede afɔrebɔ no mu gyidi no. (1 Yohane 2:1) Yesu nam n’afɔrebɔ wu no so srɛ Onyankopɔn sɛ ontie wɔn a wɔkyerɛ n’agyede afɔre no mu gyidi no mpaebɔ, na ɔmfa wɔn bɔne nkyɛ wɔn. (Mateo 1:21; Romafo 8:34) Esiane sɛ Yesu adesrɛ no ne Onyankopɔn apɛde hyia nti, Onyankopɔn tie, na ɔyɛ ho biribi. Onyankopɔn somaa Yesu baa asase so sɛ “wɔmfa no so nnye wiase nkwa.”​—Yohane 3:17.

Sɛ yegye Yesu di a, ɛno nko ara bɛma yɛanya nkwa anaa?

 Dabi. Ɛwom, ɛsɛ sɛ yegye Yesu di na yɛatumi anya nkwa de, nanso ɛsɛ sɛ yɛyɛ pii ka ho. (Asomafo Nnwuma 16:30, 31) Bible ka sɛ: “Sɛnea nipadua a honhom nnim awu no, saa ara nso na gyidi a nnwuma nnim awu.” (Yakobo 2:26) Dɛn na yɛyɛ a ɛbɛma yɛanya nkwa?

  •   Ɛsɛ sɛ yesua Yesu ne n’Agya Yehowa ho ade.​—Yohane 17:3.

  •   Ɛsɛ sɛ yenya Yesu ne Yehowa mu gyidi.​—Yohane 12:44; 14:1.

  •   Ɛsɛ sɛ yedi wɔn mmara so de kyerɛ sɛ yɛwɔ wɔn mu gyidi. (Luka 6:​46; 1 Yohane 2:​17) Yesu kyerɛkyerɛe sɛ, ɛnyɛ wɔn a wɔfrɛ no “Awurade” no nyinaa na wobenya nkwa, gye wɔn a ‘wɔyɛ n’Agya a ɔwɔ soro no apɛde no’ nko ara na wobenya nkwa.​—Mateo 7:21.

  •   Ɛsɛ sɛ yɛkɔ so kyerɛ sɛ yɛwɔ gyidi bere mpo a yɛahyia ɔhaw ahorow no. Yesu kyerɛɛ asɛm yi mu yiye pa ara. Ɔkaa sɛ: “Nea obegyina mu akosi awiei no, ɔno na wobegye no nkwa.”​—Mateo 24:13.