Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ƆFà1

Wopɛ Aware Mu Anigye a, Ma Onyankopɔn Mmoa Wo

Wopɛ Aware Mu Anigye a, Ma Onyankopɔn Mmoa Wo

“Onii a ɔbɔɔ wɔn no yɛɛ wɔn ɔbarima ne ɔbea fii mfiase.”​—Mateo 19:4

Yehowa a Nyankopɔn na ɔhyehyɛɛ aware a edi kan no. Bible ka sɛ, bere a Onyankopɔn bɔɔ ɔbea a odi kan no, ɔde no “brɛɛ onipa no.” Adam huu ɔbea no, n’ani gyei araa ma ɔkae sɛ: “Aa, me nnompe mu dompe ne me honam mu nam ni.” (Genesis 2:22, 23) Yehowa da so ara pɛ sɛ awarefo ani gye.

Sɛ nnipa bi rekɔ aware a, wɔn adwene nyinaa ne sɛ asetena bɛyɛ ɔdɔ nko ara. Nanso nokwasɛm ne sɛ, sɛ awarefo dodɔ wɔn ho sɛ dɛn koraa a, wobehyia ɔhaw wɔ wɔn aware mu. (1 Korintofo 7:28) Nhoma a worekenkan yi bɛma woahu Bible mu nsɛm pii a sɛ wode yɛ adwuma a, ɛbɛma anigye aba w’aware ne w’abusua mu.​—Dwom 19:8-11.

1 YƐ W’ADWUMA A YEHOWA DE AMA WO NO

NEA BIBLE NO KA: Okunu ne abusua no ti.​—Efesofo 5:23.

Woyɛ okunu? Yehowa pɛ sɛ wufi wo komam nyinaa dɔ wo yere. (1 Petro 3:7) Yehowa bɔɔ wo yere sɛ ɔnyɛ wo boafo, na ɔpɛ sɛ wodɔ wo yere na wudi no ni. (Genesis 2:18) Ɛsɛ sɛ wodɔ wo yere paa ma wutumi kum wo ho mpo ma no.​—Efesofo 5:25-29.

Woyɛ ɔyere? Yehowa pɛ sɛ wubu wo kunu paa, na woboa no ma ɔyɛ n’adwuma sɛ abusua ti. (1 Korintofo 11:3; Efesofo 5:33) Sɛ osi gyinae bi a, fi wo komam nyinaa taa n’akyi na boa ma ɛnyɛ adwuma. (Kolosefo 3:18) Woyɛ saa a wo kunu bɛdɔ wo, na Yehowa nso ani begye wo ho.​—1 Petro 3:1-6.

NEA WUBETUMI AYƐ:

  • Bisa wo hokafo nea woyɛ a ɛbɛma woayɛ okunu anaa ɔyere pa. Tie nea ɔbɛka no, na yɛ ho adwuma

  • Nya abotare. Ebegye bere kakra ansa na moahu nea obiara pɛ

2 OBIARA MFI NE KOMAM NNWEN NE YƆNKO HO

NEA BIBLE NO KA: Fa w’ani to fam, na woahu nneɛma a wo hokafo ani gye ho. (Filipifo 2:3, 4) Yehowa pɛ sɛ n’asomfo ‘dwo ma nnipa nyinaa,’ enti wo ne wo yere anaa wo kunu nni no odwo so, na fi wo komam dɔ no. (2 Timoteo 2:24) Bible ma yehu sɛ, ‘nsɛm a yetu no bumbum te sɛ nkrante a ɛwowɔ, na anyansafo tɛkrɛma de, ɛsa yare.’ Enti sɛ wo ne wo hokafo rekasa a, yɛ ahwɛyiye. (Mmebusɛm 12:18) Yehowa betumi de ne honhom aboa wo ma woafi ɔdɔ mu aka nsɛm a ɛyɛ dɛ akyerɛ wo hokafo.​—Galatifo 5:22, 23; Kolosefo 4:6.

NEA WUBETUMI AYƐ:

  • Sɛ wo ne wo hokafo rebesusuw asɛm bi ho a, srɛ Onyankopɔn na ɔmma wo abotare, na moatumi de adwempa asusuw nsɛm ho

  • Sɛ wopɛ sɛ wokasa a, di kan dwen asɛm a wobɛka no ho, na woahu sɛnea wobɛkasa

3 MOMMOM MFA ADWENE

NEA BIBLE NO KA: Sɛ woware a, wo ne wo yere anaa wo kunu nyinaa abɛyɛ “ɔhonam koro.” (Mateo 19:5) Nanso, kae sɛ ɛsono ɔbarima na ɛsono ɔbea, na ɛsono sɛnea obiara dwene nneɛma ho. Enti ɛsɛ sɛ musua sɛnea mobɛbom afa adwene. (Filipifo 2:2) Sɛ ɛba gyinaesi a, baakoyɛ ho hia paa. Bible ka sɛ: “Agyinatu na ɛma tirimbɔ gyina.” (Mmebusɛm 20:18) Sɛ moresi gyinae a ɛho hia a, momma Bible no mmoa mo.​—Mmebusɛm 8:32, 33.

NEA WUBETUMI AYƐ:.

  • Ɛnyɛ nkɔmmɔ kɛkɛ na ɛsɛ sɛ wo ne wo kunu anaa wo yere bɔ, ɛsɛ sɛ woma ohu sɛnea wote nka nso

  • Sɛ wopɛ sɛ woyɛ biribi a, wo ne wo kunu anaa wo yere nsusuw ho ansa

a Bible ma yehu sɛ Onyankopɔn din de Yehowa.