Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ƆFÃ 5

Sɛnea Mobɛma Asomdwoe Atena Mo ne Abusuafo Ntam

Sɛnea Mobɛma Asomdwoe Atena Mo ne Abusuafo Ntam

“Monhyɛ . . . ayamye, ahobrɛase, . . . odwo, ne abodwokyɛre.”​—Kolosefo 3:12

Woware a na woanya abusua foforo. Ɛno nso nkyerɛ sɛ wo ne w’awofo atwa abusua mu. Wo maame ne wo papa de, bere nyinaa ɛsɛ sɛ wodɔ wɔn na wudi wɔn ni, nanso sɛ wunya ware a, na wo yere anaa wo kunu abɛyɛ obi a ne ho hia wo sen biara. Ɛnyɛ w’abusuafo nyinaa na ebia wɔbɛte wo ase. Nanso Bible afotu betumi aboa wo ma woahu nea ɛsɛ sɛ woyɛ na asomdwoe atena wo ne w’abusuafo ntam, na bere koro no ara nso woahwɛ ama anigye atena w’aware mu.

1 NYA W’ABUSUAFO HO ADWEMPA

NEA BIBLE NO KA: “Di wo papa ne wo maame ni.” (Efesofo 6:2) Woanyin sɛ dɛn mpo a, ɛsɛ sɛ wudi w’awofo ni. Mma wo werɛ mmfi sɛ wo kunu anaa wo yere nso wɔ agya ne ɛna a ɛsɛ sɛ ɔhwɛ wɔn. “Ɔdɔ nyɛ ahoɔyaw.” Enti sɛ wo yere anaa wo kunu ka kɔ n’abusuafo ho a, ɛmma no nyɛ wo yaw.​—1 Korintofo 13:4; Galatifo 5:26.

NEA WUBETUMI AYƐ:

  • Nhããhãã w’ani nkeka nsɛm bi te sɛ, “W’abusuafo mfa me nyɛ hwee” anaa “Biribiara a mɛyɛ no, wo maame ani nsɔ”

  • Bɔ mmɔden hwɛ sɛ wubehu nea enti a wo kunu anaa wo yere ka kɔ n’awofo ho no anaa

2 FA WO NAN SI FAM

NEA BIBLE NO KA: “Ɔbarima begyaw ne papa ne ne maame hɔ na ɔde ne ho akɔfam ne yere ho na wɔayɛ ɔhonam koro.” (Genesis 2:24) Sɛ woware a, ebia w’awofo adwene bɛyɛ wɔn sɛ woda so ara hyɛ wɔn ase, enti anhwɛ a wɔde wɔn ho bɛhyehyɛ w’awaresɛm mu.

Enti wo ne wo yere anaa wo kunu ntena ase nhwɛ nea mopɛ sɛ mo awofo yɛ ne nea mompɛ sɛ wɔyɛ, na mo ne wɔn nka ho asɛm bɔkɔɔ. Momma biribiara mu nna hɔ pefee, nanso monhwɛ na moammu wɔn animtiaa. (Mmebusɛm 15:1) Ahobrɛase, odwo, ne abodwokyɛre bɛboa ma mo ne abusuafo ntam ayɛ kama na moakɔ so ‘atena ɔdɔ mu.’​—Efesofo 4:2.

NEA WUBETUMI AYƐ:

  • Sɛ abusuafo de wɔn ho gyigye mo nsɛm mu na w’ani nnye ho a, pɛ bere pa na wo ne wo yere anaa wo kunu nka ho asɛm asomdwoe mu

  • Sɛ moresusuw nsɛm a ɛte saa ho a, monhwɛ sɛ mo adwene behyia