Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ƆFÃ 8

Bere a Asɛm Bi Ato Mo

Bere a Asɛm Bi Ato Mo

“Mudi ahurusi kɛse, ɛwom sɛ seesei de, etwa sɛ wɔde sɔhwɛ ahorow how mo werɛ kakra.”​—1 Petro 1:6

Ebia woreyɛ nea wubetumi nyinaa ma anigye atena w’aware ne w’abusua mu, nanso nneɛma bi a wonhwɛ kwan betumi asi ma asɛe w’anigye. (Ɔsɛnkafo 9:11) Sɛ asɛm bi to yɛn a, Onyankopɔn fi ɔdɔ mu ma yɛn akwankyerɛ. Wode Bible afotu a yɛrebesusuw ho yi yɛ adwuma a, wo ne w’abusua betumi agyina tebea a ɛyɛ den mpo ano.

1 MOMFA MO HO NTO YEHOWA SO

NEA BIBLE NO KA: “Montow mo dadwen nyinaa ngu no so, efisɛ odwen mo ho.” (1 Petro 5:7) Bere nyinaa kae sɛ, ɛnyɛ Onyankopɔn na ɔma sɔhwɛ to yɛn. (Yakobo 1:13) Sɛ mobɛn no a, onim ɔkwan a eye sen biara a ɔbɛfa so aboa mo. (Yesaia 41:10) “Munyi mo koma mu nsɛm adi nkyerɛ no.”​—Dwom 62:8.

Sɛ mokenkan Bible na musua no daa a, ɛno nso bɛma moanya awerɛkyekye. Ɛbɛma moahu sɛnea Yehowa ‘kyekye yɛn werɛ yɛn ahohia nyinaa mu.’ (2 Korintofo 1:3, 4; Romafo 15:4) Onyankopɔn hyɛ bɔ sɛ ɔbɛma moanya “asomdwoe a ɛboro adwene nyinaa so.”​—Filipifo 4:6, 7, 13.

NEA WUBETUMI AYƐ:

  • Wobɔ Yehowa mpae a, ɔbɛboa wo ma woahyɛ wo ho so na woasusuw nneɛma ho yiye

  • San susuw nneɛma a wopɛ sɛ woyɛ no nyinaa ho bio, na yɛ nea Yehowa ani begye ho

2 HWƐ WO NE W’ABUSUA NO YIYE

NEA BIBLE NO KA: “Onipa a ɔwɔ ntease no, ne koma nya nimdeɛ, na anyansafo aso hwehwɛ nimdeɛ.” (Mmebusɛm 18:15) Yɛ nea asi no ho nhwehwɛmu. Hwɛ sɛ wubehu sɛnea abusua no muni biara te nka, ne nea obiara hia na woaboa no. Wo ne wɔn mmɔ nkɔmmɔ na tie nea wɔbɛka no.​—Mmebusɛm 20:5.

Sɛ mo ho nipa bi wu nso ɛ? Mfɛre sɛ wubesu anaa wobɛma nkurɔfo ahu sɛ wo werɛ ahow. Kae sɛ, Yesu mpo “sui.” (Yohane 11:35; Ɔsɛnkafo 3:4) Sɛ woda na wogye w’ahome a, ɛno nso boa paa. (Ɔsɛnkafo 4:6) Eyi bɛma woatumi agyina wo haw no ano.

NEA WUBETUMI AYƐ:

  • Saa bere yi a asɛm biara ntoo mo no, bɔ mmɔden sɛ wo ne w’abusua no bɛtaa abɔ nkɔmmɔ. Woyɛ saa a, ɛbɛboa ma asɛm bi si a, wɔatumi ne wo abɔ nkɔmmɔ

  • Wo ne wɔn a asɛm a ɛte saa ato wɔn pɛn no mmɔ nkɔmmɔ

3 HWEHWƐ MMOA

NEA BIBLE NO KA: “Ɔyɔnko berɛbo dɔ bere nyinaa; ɔyɛ onua a wɔwoo no maa ahohia da.” (Mmebusɛm 17:17) Wo nnamfonom nyae a anka wɔbɛboa wo, nanso ebia na wonhu nea wɔnyɛ. Sɛ wopɛ sɛ wɔyɛ biribi de boa wo a, mfɛre sɛ wobɛka akyerɛ wɔn. (Mmebusɛm 12:25) Afei nso, kɔ wɔn a wobetumi de Bible aboa wo no hɔ kɔhwehwɛ afotu. Akwankyerɛ a wobefi Bible mu de ama wo no betumi aboa wo.​—Yakobo 5:14.

Wo ne wɔn a wɔwɔ Onyankopɔn mu gyidi na wɔde wɔn ho to ne bɔhyɛ so bɔ a, wubenya nkuranhyɛ a wuhia no. Woboa nnipa a wohia awerɛkyekye a, ɛbɛma wo nso woanya awerɛkyekye. Gyidi a woanya wɔ Yehowa mu ne ahotoso a wowɔ wɔ ne bɔhyɛ mu no, ka ho asɛm kyerɛ wɔn. Boa afoforo a wohia mmoa no; wɔn a wɔdɔ wo na wodwen wo ho no, ntew wo ho mfi wɔn ho.​—Mmebusɛm 18:1; 1 Korintofo 15:58.

NEA WUBETUMI AYƐ:

  • Wo ne w’adamfo a ɔbɛn wo paa mmɔ nkɔmmɔ na ɔmmoa wo

  • Ka nneɛma pɔtee a wopɛ sɛ ɔyɛ ma wo no kyerɛ no; mfa biribiara nsie no