Mmebusɛm 8:1-36

  • Nyansa kasa te sɛ onipa (1-36)

    • ‘Onyankopɔn bɔɔ me de fii n’adwuma ase’ (22)

    • ‘Ná mewɔ Onyankopɔn nkyɛn sɛ odwumayɛni a onim adwuma paa’ (30)

    • “Nnipa mma na na wɔda me koma so” (31)

8  Ɛnyɛ nyansa na ɛreteɛm yi? Na ɛnyɛ nhumu na ama ne nne so yi?+   Egyina baabi a ɛwɔ soro+ wɔ kwan ho,Wɔ nkwanta so.   Egyina kurow apon ano,Wɔ abobow ano,Ɛkɔ so teɛm denneennen sɛ:+   “Mo, nnipa, mo na merefrɛ mo;Mema me nne so frɛ obiara.*   Mo, agyimifo, momma mo ani ntew;+Mo, nkwaseafo, munnya ntease koma.   Muntie, efisɛ nea mereka no ho hia,Na m’ano ka nea ɛteɛ.   Efisɛ m’ano ka nokware; ɛka no brɛoo,Na m’ano kyi abɔnefosɛm.   M’anom nsɛm nyinaa yɛ trenee. Nkontomposɛm ne nsɛm a akyinkyim biara nni mu.   Ne nyinaa teɛ* ma wɔn a wɔwɔ nhumu,Na eye ma wɔn a wɔanya nimdeɛ. 10  Momfa me nteɛso, na ɛnyɛ dwetɛ,Na momfa nimdeɛ, na ɛnyɛ sika kɔkɔɔ amapa,+ 11  Efisɛ nyansa ye sen ɛpo mu abohene,*Na ade a ɛsom bo biara ne no nsɛ. 12  Me, nyansa, me ne anitew na ɛte;Manya nimdeɛ ne adwempa.+ 13  Nea Yehowa suro kyerɛ ne sɛ wobɛtan bɔne.+ Mikyi ahomaso+ ne ahantan ne ɔkwammɔne ne nkontomposɛm.+ 14  Mewɔ afotu pa ne nyansa;*+Ntease+ ne tumi+ yɛ me dea. 15  Me na ahemfo nam me so di tumi,Na atumfo nam me so hyɛ adetrenee ho mmara.+ 16  Me na adehye nam me so di tumi,Na atitiriw nam me so bu atɛn wɔ trenee mu. 17  Medɔ wɔn a wɔdɔ me,Na wɔn a wɔhwehwɛ me no behu me.+ 18  Mewɔ ahonyade ne anuonyam,Ahode* a ɛwɔ hɔ daa ne trenee. 19  M’aba ye sen sika kɔkɔɔ, ɛsen sika kɔkɔɔ a wɔayiyi mu fĩ mpo,Na nea mede ma no, ɛsen dwetɛ amapa.+ 20  Menantew trenee kwan so,Atɛntrenee anammɔnkwan mfinimfini; 21  Mede agyapade a ɛsom bo ma wɔn a wɔdɔ me,Na mede nneɛma hyɛ wɔn adekoradan ma. 22  Yehowa bɔɔ me de fii ne kwan* ase,+Ne nnwuma a efi teteete no mu nea edi kan.+ 23  Ɔde me sii hɔ fii teteete,+Mfiase pɛɛ, ansa koraa na asaase reba.+ 24  Bere a subun biara nni hɔ no,+ na wɔawo me,*Bere a nsuti biara nni hɔ a nsu pii tene fi mu no. 25  Ansa na wɔde mmepɔw resisi hɔ,Na nkoko nnya mmae no, na wɔawo me, 26  Bere a onnya nyɛɛ asaase ne kwae a ɛwɔ so,Na omfii ase nyɛɛ asaase so dɔte no. 27  Bere a osiesiee ɔsoro no,+ na mewɔ hɔ;Bere a otwaa nsu ani kanko,*+ 28  Bere a ɔde mununkum sensɛn ɔsoro,*Na ɔyɛɛ subun no asuti, 29  Bere a ɔhyɛɛ mmara maa ɛpoSɛ ɛnsɛ sɛ emu nsu bu ne mmara so,+Bere a ɔtoo asaase fapem no,* 30  Ná mewɔ ne nkyɛn sɛ odwumayɛni a onim adwuma paa.+ Me na na ɔpɛ m’asɛm yiye+ daa nyinaa;M’ani gyee n’anim daa.+ 31  M’ani gyee n’asaase a ɔyɛe sɛ nnipa ntena so no ho,Na nnipa mma* na na wɔda me koma so. 32  Enti afei me mma, muntie me;Yiw, anigye ne wɔn a wɔfa m’akwan so. 33  Tie nteɛso+ na hu nyansa,Na mmu w’ani ngu so da. 34  Anigye ne onipa a otie me:Daa nyinaa, ɔba m’abobow ano anɔpatutuutu,Ɔtwɛn wɔ me pon ano;* 35  Efisɛ nea ohu me no benya nkwa,+Na Yehowa begye no atom. 36  Nanso nea obu n’ani gu me so no, opira ne ho,*Na wɔn a wɔtan me no dɔ owu.”+

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “nnipa mma.”
Anaa “mu da hɔ.”
Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “nyansa a wɔde bɔ bra.”
Anaa “Agyapade.”
Anaa “n’adwuma.”
Anaa “wɔakyem yayaayaw awo me.”
Anaa “Bere a ɔyɛɛ baabi a ayɛ sɛ nea wim ne po reyɛ abom no.”
Nt., “ɔde tim hɔ pintinn.”
Anaa “otwaa asaase hye no.”
Anaa “adasamma.”
Anaa “m’apongua ho.”
Anaa “opira ne kra.”