Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Wobɛyɛ na W’aware Angu wɔ Afe a Edi Kan no Mu

Nea Wobɛyɛ na W’aware Angu wɔ Afe a Edi Kan no Mu

Nea Ɛma Abusua Nya Anigye

Nea Wobɛyɛ na W’aware Angu wɔ Afe a Edi Kan no Mu

Okunu bi ka sɛ: “Ɛyɛɛ me nwonwa sɛ mihui sɛ ɛsono me yere na ɛsono me koraa! Sɛ nhwɛso no, sɛ meda a mesɔre ntɛm, nanso ɔno de ɔnsɔre ntɛm. Na mente sɛnea ne su taa sakrasakra no ase! Ade foforo nso ne sɛ—sɛ menoa aduan a, ɔkasa ho dodo, titiriw sɛnea mede ntamasin a yɛde popa nkyɛnsee mu popa me nsa no.”

Ne yere ka sɛ: “Me kunu mpɛ kasa. Nanso meyɛ m’ade te sɛ m’abusuafo. Wɔpɛ kasa, titiriw bere a wodidi no. Sɛ me kunu noa aduan a, ɔde ntamasin a ɔde popa nkyɛnsee mu no ara na ɛpopa ne nsa! Ɛhyɛ me abufuw! Dɛn nti na mmarima nte asɛm ase koraa saa? Dɛn na nkurɔfo yɛ a ɛmma wɔn aware ngu?”

SƐ WOAWARE foforo a, so woahyia nsɛnnennen a ɛte saa? So ɛte sɛ nea mfomso ne mmerɛwyɛ bi a woanhu wɔ wo hokafo no ho wɔ mo nantew a edi aware anim no mu aba ne ho mprempren? Wobɛyɛ dɛn ama nhyɛso a “da biara ɔhaw ahorow a awarefo behyia” de ba no so atew?—1 Korintofo 7:28, Today’s English Version.

Nea edi kan no, nhwɛ kwan sɛ esiane sɛ moaware kɛkɛ nti, na wo ne wo hokafo no ahu sɛnea wɔware ara nen. Ebia wusuaa sɛnea wɔne afoforo di nkitaho yiye bere a na wudi sigya no, na ebia wɔ mo nantew a edi aware anim no mu no, wunyaa nkɔso kɛse wɔ saa nkitahodi no mu. Nanso, aware bɛsɔ eyi ahwɛ wɔ akwan foforo so na ebehia sɛ wunya akwan foforo a wobɛfa so anya nkɔso foforo. So wubedi mfomso? Akyinnye biara nni ho sɛ wubedi mfomso. So wubetumi anya nea wuhia no? Ɔkwan biara so no, wubenya!

Ɔkwan a ɛkyɛn so a wobɛfa so atumi ayɛ biribiara a wopɛ sɛ wuhu yɛ yiye no ne sɛ wobɛkɔ akohu ɛho nimdefo na afei wode afotu a ɔde bɛma wo no adi dwuma. Nea ɔwɔ aware ho nimdeɛ sen obiara ne Yehowa Nyankopɔn. Anyɛ yiye koraa no, Ɔno na ɔde ɔpɛ a yɛwɔ sɛ yɛbɛware no bɔɔ yɛn. (Genesis 2:22-24) Hyɛ sɛnea n’Asɛm Bible no betumi aboa wo ma woadi nsɛnnennen so na woanya ahokokwaw a wuhia no na amma w’aware angu wɔ afe a edi kan no mu no nsow.

ADEYƐ 1. MUNSUA SƐ MOBƐBOM ASUSUW NNEƐMA HO

Ɔhaw ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ mudi so? Ɛtɔ mmere bi a Keiji, * okunu bi a ɔwɔ Japan no werɛ fi sɛ ne gyinaesi ahorow ka ne yere. Ɔka sɛ: “Migye nsa a wɔto frɛ me ne me yere no so a me ne no nsusuw ho. Akyiri yi mihu sɛ ɔrennya kwan nkɔ bi.” Allen, okunu bi a ɔwɔ Australia no ka sɛ: “Metee nka sɛ ɛmfata sɛ ɔbarima bɛma ne yere akyerɛ n’adwene wɔ gyinae ahorow a ɛsɛ sɛ osi no ho.” Esiane ntetee a onyae nti, na ohyia asɛnnennen. Na ɛte saa ara wɔ Dianne a ɔwɔ Britain no fam. Ɔka sɛ: “Na metaa bisa afotu fi m’abusuafo hɔ. Enti mfiase no, sɛ meresi gyinae ahorow a, me ne wɔn na esusuw nsɛm no ho na ɛnyɛ me kunu.”

Ɔkwan bɛn na wobɛfa so adi ho dwuma? Kae sɛ Yehowa Nyankopɔn bu awarefo sɛ wɔyɛ “ɔhonam koro.” (Mateo 19:3-6) Wɔ n’ani so no, nnipa ntam abusuabɔ biara nni hɔ a ɛho hia sen okunu ne ne yere ntam de no! Nkitahodi pa ho hia na ama saa abusuabɔ no mu akɔ so ayɛ den.

Okunu ne ne yere betumi asua pii denam ɔkwan a Yehowa Nyankopɔn faa so ne Abraham dii nkitaho a wɔbɛhwehwɛ mu no so. Sɛ nhwɛso no, yɛsrɛ wo sɛ kenkan asɛm a wɔakyerɛw wɔ Genesis 18:17-33 no. Hyɛ no nsow sɛ Onyankopɔn dii Abraham ni wɔ akwan abiɛsa so. (1) Yehowa kyerɛkyerɛɛ nea na ɔpɛ sɛ ɔyɛ no mu. (2) Bere a Abraham kyerɛɛ n’adwene no, otiei. (3) Yehowa sakraa sɛnea na ɔbɛyɛ n’ade sɛnea ɛbɛyɛ yiye biara de tiee Abraham. Wobɛyɛ dɛn ayɛ w’ade saa ara bere a wo ne wo hokafo susuw nsɛm ho no?

SƆ EYI HWƐ: Sɛ moresusuw nsɛm a ɛbɛka w’aware mu hokafo ho a, (1) kyerɛkyerɛ sɛnea wopɛ sɛ wudi tebea no ho dwuma mu, nanso ka wo nsɛm no te sɛ nea ɛyɛ nyansahyɛ a wode rema na ɛnyɛ sɛ woresi gyinae koraa anaa worehyɛ no ma wayɛ biribi; (2) ma wo hokafo no nkyerɛ n’adwene, na gye tom sɛ ɔwɔ hokwan sɛ ɔka biribi a ɛyɛ soronko wɔ wo de no ho; na (3) ‘ma wonhu sɛ wowɔ ntease’ denam nea wo hokafo no ani gye ho a wubegye atom bere biara a ɛbɛyɛ yiye no so.—Filipifo 4:5.

ADEYƐ 2. SUA SƐNEA WOBƐYƐ ANIFERE

Ɔhaw ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ mudi so? Esiane w’abusua anaa w’amammerɛ nti, ebia ayɛ wo su sɛ wobɛkyerɛ w’adwene pefee a womfa anifere nni dwuma. Sɛ nhwɛso no, Liam a ɔwɔ Europa no ka sɛ: “Faako a mifi no nnipa ntaa nyɛ anifere. Sɛnea meka me nsɛm penpen no taa haw me yere. Na ɛsɛ sɛ misua sɛnea mɛda odwo kɛse adi.”

Ɔkwan bɛn na wobɛfa so adi ho dwuma? Nsusuw sɛ wo hokafo no pɛ sɛ wokasa kyerɛ no sɛnea wokasa kyerɛ nkurɔfo daa no. (Filipifo 2:3, 4) Afotu a ɔsomafo Paulo de maa ɔsɛmpatrɛwfo bi no nso betumi aboa wɔn a wɔaware foforo no. Ɔkyerɛwee sɛ: “Ɛnsɛ sɛ Awurade akoa ko, na mmom ɛsɛ sɛ odwo.” Wobetumi akyerɛ tete Hela asɛm a wokyerɛɛ ase sɛ “odwo” no ase nso sɛ “anifere.” (2 Timoteo 2:24) Anifere kyerɛ sɛnea obi tumi hu sɛ ɛsɛ sɛ ɔyɛ ahwɛyiye wɔ tebea bi ho, na ɔde ayamye di asɛm no ho dwuma, a ɔrenni mfomso biara.

SƆ EYI HWƐ: Sɛ wo bo fuw wo hokafo a, fa no sɛ wo ne w’adamfo pa bi anaa w’adwumawura na ɛrekasa na ɛnyɛ wo hokafo no. So wode nne a wode kasa no ara na ɛbɛkasa anaa wobɛka asɛnkoro no ara a woka no? Afei susuw nea enti a ɛfata sɛ wode obu ne anifere kɛse mpo bɛkasa akyerɛ wo hokafo no sen w’adamfo anaa w’adwumawura no ho.—Kolosefo 4:6.

ADEYƐ 3. MUNSUA SƐNEA MUBEDI MO ASƐYƐDE FOFORO NO HO DWUMA

Ɔhaw ahorow bɛn na ɛsɛ sɛ mudi so? Ebia mfiase no okunu no bedi ne tiyɛ no wɔ ɔkwan a epira ne yere so, anaasɛ ɔyere no renhu sɛnea ɛsɛ sɛ ɔde nyansahyɛ ma wɔ anifere kwan so. Sɛ nhwɛso no, Antonio, okunu bi a ɔwɔ Italy no ka sɛ: “Me papa amma me maame ankyerɛ n’adwene wɔ abusua no gyinaesi ahorow ho da. Enti mfiase no na midi m’abusua so te sɛ nea meyɛ ɔhempɔn bi.” Debbie, ɔyere bi a ɔwɔ Canada ka sɛ: “Mehyɛɛ me kunu sɛ ɛsɛ sɛ ɔma ne ho tew yiye. Nanso ɛte sɛ nea abakomasɛm a midii wɔ no so no ma ɔkɔɔ so yɛɛ mpi.”

Ɔkwan bɛn na okunu bɛfa so adi ho dwuma? Okununom binom te ɔyerenom ahobrɛase a Bible ka ho asɛm no ase sɛ ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔbrɛ wɔn ho ase te sɛnea abofra brɛ ne ho ase ma n’awofo no. (Kolosefo 3:20; 1 Petro 3:1) Nanso, Bible no ka sɛ ɛsɛ sɛ okunu ‘fam ne yere ho na wɔn baanu no yɛ ɔhonam koro’; ɛnka saa asɛm no mfa ɔwofo ne ne ba ho. (Mateo 19:5) Yehowa ka ɔyere ho asɛm sɛ ɔyɛ ne kunu boafo anaa ne hokafo. (Genesis 2:18) Ɔnka abofra ho asɛm da sɛ ɔyɛ nea ɔwoo no no boafo anaa ne hokafo. Wususuw ho dɛn—sɛ okunu ne ne yere di sɛ abofra a, na ɔredi aware no ni anaa?

Nokwarem no, Onyankopɔn Asɛm hyɛ wo nkuran sɛ wo ne wo yere nni te sɛ nea Yesu ne Kristofo asafo no di no. Wubetumi ama ayɛ mmerɛw kɛse ama wo yere sɛ obebu wo sɛ ne ti sɛ (1) woanhwɛ kwan ntɛm ara sɛ ɛsɛ sɛ ɔbrɛ ne ho ase hyɛ wo ase pɛpɛɛpɛ a, na (2) sɛ nsɛnnennen sɔre mpo a, wobɛdɔ no sɛ w’ankasa wo nipadua.—Efesofo 5:25-29.

Ɔkwan bɛn na ɔyere bɛfa so adi ho dwuma? Gye tom sɛ mprempren wo kunu no ne wo ti a Onyankopɔn apaw no. (1 Korintofo 11:3) Sɛ wudi wo kunu ni a, na wudi Onyankopɔn ni. Sɛ wopo ne tiyɛ a, wokyerɛ sɛnea wote nka wɔ Onyankopɔn ne n’ahwehwɛde ho na ɛnyɛ sɛnea wote nka wɔ wo kunu nkutoo ho.—Kolosefo 3:18.

Sɛ moresusuw ɔhaw ahorow a emu yɛ den ho a, sua sɛnea wobɛka ɔhaw no ho asɛm—na ɛnyɛ sɛ wobɛkasa atia wo kunu nipasu. Sɛ nhwɛso no, na ɔhemmaa Ester pɛ sɛ ne kunu Ɔhene Ahasweros di atɛnkyea bi ho dwuma. Sɛ anka ɔbɛkasa atia ne kunu no, ɔde anifere kaa n’asɛm. Ne kunu gyee ne nyansahyɛ no toom na awiei koraa no ɔyɛɛ nea ɛteɛ sɛ ɔyɛ no. (Ester 7:1-4; 8:3-8) Ɛda adi kɛse sɛ wo kunu besua sɛnea ɔbɛdɔ wo yiye, sɛ (1) woma no bere ma ohu n’asɛyɛde foforo sɛ abusua ti no yiye na (2) wokyerɛ obu ma no bere a odi mfomso mpo no a.—Efesofo 5:33.

SƆ EYI HWƐ: Sɛ anka wobɛhyɛ akwan a wote nka sɛ ɛsɛ sɛ wo hokafo fa so sakra no nsow no, kyerɛw nsakrae ahorow a ɛsɛ sɛ w’ankasa woyɛ no to hɔ. Okununom: Sɛ wonam ɔkwan a wofa so di wo tiyɛ no yiye anaa wunni no yiye so ma wo yere bo fuw a, bisa no sɛnea wubetumi adi tiyɛ no yiye, na afei kyerɛw nyansahyɛ no to hɔ. Ɔyerenom: Sɛ wo kunu te nka sɛ wummu no a, bisa no sɛnea wubetumi abu no yiye na hyɛ nyansahyɛ no nsow.

Hwɛ Nneɛma a Ntease Wom Kwan

Sua a wubesua sɛnea wobɛma anigye atena w’aware mu na asɔ no te sɛ nea wusua baesekre ka. Wohwɛ kwan sɛ ɛde wo bɛhwe hɔ kakra ansa na woahu so tena yiye. Saa ara nso na, ɛsɛ sɛ wohwɛ kwan sɛ wubedi mfomso ahorow bi a ɛbɛma woafɛre bere a worenya aware mu osuahu no.

Fa nsɛm no bi yɛ aseresɛm. Bu nneɛma a ɛhaw wo hokafo no aniberesɛm, nanso sua sɛnea wode mfomso a wudi no bɛyɛ aseresɛm. Fa hokwan ahorow di dwuma ma wo hokafo no ani nnye wɔ afe a edi kan wɔ mo aware mu no mu. (Deuteronomium 24:5) Nea ɛsen ne nyinaa no, momma Onyankopɔn asɛm nkyerɛ mo kwan wɔ mo aware mu. Sɛ moyɛ saa a, mo aware bɛkɔ so asɔ twann bere nyinaa.—w10-E 08/1.

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 9 Wɔasesa din ahorow no bi.

BISA WO HO SƐ . . .

▪ So mede me hokafo ayɛ obi a meka me kokoam nsɛm kyerɛ no, anaasɛ mepɛ sɛ me ne afoforo mmom susuw nsɛm ho?

▪ Dɛn pɔtee na mayɛ nnɛ de akyerɛ sɛ medɔ me hokafo no na mibu no?

[Adaka/Mfonini wɔ kratafa 15, 16]

Bible no Boaa Yɛn Aware Ma Angu

Ná Toru ne Akiko dodɔ wɔn ho bere a wɔwaree foforo no. Nanso asram awotwe pɛ akyi no, saa Japanfo awarefo yi sii gyinae sɛ wobegyae aware. Wɔka nea esii.

Toru: “Mihui sɛ me ne me yere adwene nhyia koraa sen sɛnea misusuwii no. Sɛ nhwɛso no, sɛ yɛhwɛ TV a, na mepɛ sɛ mehwɛ agumadi nanso na ɔno de, ɔpɛ sini. Ná metaa fi adi, nanso na ɔno de ɔpɛ fie tena.”

Akiko: “Ná Toru yɛ biribiara a n’abusuafo bisa no, nanso ná ɔne me nsusuw ho. Mibisaa no sɛ, ‘Hena na ne ho hia wo kɛse, me anaa wo maame?’ Afei nso, sɛnea ná Toru di atoro no maa me ho dwiriw me. Meka kyerɛɛ no sɛ, sɛ odi atoro biako a, ɛbɛma woakɔ so adi atoro, na sɛ wannyae a, yɛn aware no betumi agu.”

Toru: “M’abam bui, na mibisaa sɛnea ɛsɛ sɛ me ne me yere di ho afotu fii m’adwumam panyin bi hɔ. Ɔkae sɛ: ‘Ka kyerɛ no kɛkɛ sɛ ɔnka n’ano ntom. Sɛ onwiinwii a, bɔ no ma ɔnhwe fam.’ Da bi mebɔɔ Akiko ani so na medan ɔpon no butuwii. Akasakasa kɛse bi sii yɛn ntam, na ofii fie. Ná ɛsɛ sɛ mekɔfa no fi ahɔhodan bi a ɛwɔ Tokyo mu ba. Awiei koraa no, yesii gyinae sɛ yebegyae aware. Bere a mifii fie anɔpa kɔɔ adwuma no, me yere fii ase boaboaa ne nneɛma ano.”

Akiko: “Obi bɔɔ yɛn pon no ano dɔn no bere a na mede me bag rekogu ɔpon no ano no. Ná ɔbea bi gyina hɔ. Na ɔyɛ Yehowa Adansefo no mu biako. Meka kyerɛɛ no sɛ ɔmmra mu.”

Toru: “Bere a miduu m’adwumam no, m’adwenem fii ase yɛɛ me nãã wɔ awaregyae no ho, enti mesan baa fie ntɛm ara. Bere a mibedui no, mihui sɛ Akiko ne ɔbea yi rekasa. Ɔbea no ka kyerɛɛ me sɛ: ‘Muhia biribi a mo baanu betumi abom ayɛ. So mopɛ sɛ musua Bible no?’ Mekae sɛ: ‘Yiw. Yɛbɛyɛ biribiara a ɛremma yɛn aware ngu!’”

Akiko: “Ɔbea no yɛɛ nhyehyɛe a yɛde besua Bible no maa yɛn. Tebea no sakrae bere a yɛkenkan nea Bible no ka fa aware ho no. Ɛka sɛ: ‘Ɛno nti na ɔbarima begyaw ne papa ne ne maame hɔ na ɔde ne ho akɔfam ne yere ho na wɔayɛ ɔhonam koro.’”—Genesis 2:24.

Toru: “Metee asɛm no ase ntɛm ara. Meka kyerɛɛ m’awofo sɛ, ‘Efi nnɛ rekɔ no, me ne me yere besusuw nsɛm ho ansa na masi gyinae ahorow.’ Afei nso, migyaee sɛnea na menom nsa pii no. Na bere a misuae sɛ Onyankopɔn kyi atorodi no, mebɔɔ mmɔden sɛ mɛka nokware nkutoo.”

Akiko: “Me nso mesakrae. Sɛ nhwɛso no, ná Toru ka asɛm a mintie. Nanso bere a mihuu sɛnea ɔde Bible mu nnyinasosɛm redi dwuma no, meboaa no kɛse. (Efesofo 5:22-24) Mprempren yɛde anigye aware bɛboro mfe 28 ni. Esiane sɛ yehuu yɛn ho yiye na yɛde Bible mu afotu a nyansa wom dii dwuma nti, yetumi dii yɛn haw ahorow so.”