Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ƆFÃ 3

Sɛnea Mubesiesie Mo Ntam Nsɛmnsɛm

Sɛnea Mubesiesie Mo Ntam Nsɛmnsɛm

“Monnodɔ mo ho denneennen, efisɛ ɔdɔ kata bɔne pii so.”​—1 Petro 4:8

Woware a, ɛnyɛ dɛn ara a, nsɛnnennen bɛsɔre wɔ mo ntam. Adɛn ntia? Ɛsono sɛnea mo mu biara susuw nneɛma ho. Sɛnea mote nka wɔ nsɛm ho nso nyɛ pɛ, na ɛsono ntetee a obiara nyae. Ebia ɔhaw no betumi afi baabi aba anaasɛ tebea bi a monhwɛ kwan na ɛde bɛba.

Awarefo hyia ɔhaw a, anhwɛ a wɔde bɛkɔ sɛ afoforo nsiesie mma wɔn. Nanso, Bible tu yɛn fo sɛ yɛne obi nya asɛm a yɛn ankasa nhwɛ nsiesie. (Mateo 5:23, 24) Enti sɛ muhyia ɔhaw wɔ mo aware mu na mode Bible afotu yɛ adwuma a, mubetumi asiesie.

1 MONKA ƆHAW NO HO ASƐM

NEA BIBLE NO KA: “Ɔkasa . . . wɔ ne bere.” (Ɔsɛnkafo 3: 1, 7) Monnye bere ntena ase nka ɔhaw no ho asɛm. Ma wo yere anaa wo kunu nhu sɛnea wote nka wɔ asɛm no ho; ka nea ɛwɔ wo komam kyerɛ no. Obiara “nka nokware” nkyerɛ ne yɔnko bere nyinaa. (Efesofo 4:25) Sɛ mo bo fuw sɛ dɛn koraa a, monhwɛ yiye na annan ntɔkwaw. Sɛ asɛm bi a ɛnyɛ asɛm reyɛ adan ntɔkwaw a, mmuae bɔkɔɔ betumi ama asɛm no adwo.​—Mmebusɛm 15:4; 26:20.

Ɛba sɛ wo ne wo yere anaa wo kunu adwene nhyia mpo a, ka nsɛm a ɛyɛ dɛ kyerɛ no, ma onhu sɛ wodɔ no na wubu no nso. (Kolosefo 4:6) Sɛ asɛm bi si mo ntam a, monhwɛ nyi mfi hɔ ntɛm, ɛnsɛ sɛ moyɛ aka.​—Efesofo 4:26.

NEA WUBETUMI AYƐ:

  • Mompɛ bere a mode besusuw asɛm no ho

  • Sɛ mo mu baako rekasa a ntwa n’ano, mmom yɛ komm tie. Twɛn edu wo so a, na woaka wo de

2 YƐ OTIEFO PA NA KYERƐ SƐ WOTE ASƐM ASE

NEA BIBLE NO KA: “Momma mo yam nhyehye mo mma mo ho. . . . Munni kan mfa nidi mma mo ho mo ho.” (Romafo 12:10) Sɛnea wutie asɛm ho hia paa. Enti wo yɔnko rekasa a, nya “tema” na fi “ahobrɛase” mu tie no na te no ase. (1 Petro 3:8; Yakobo 1:19) Nyɛ wo ho sɛ woretie bere a w’adwene nenam baabi. Ɛbɛyɛ yiye a, gyae biribiara a woreyɛ na tie no. Sɛ worentumi nnyae nea woreyɛ a, ka kyerɛ no, na monka ho asɛm bere foforo. Sɛ wubu wo hokafo sɛ wo boafo na ɛnyɛ obi a wo ne no resi akan a, worempere ‘wo ho mfa abufuw.’​—Ɔsɛnkafo 7:9.

NEA WUBETUMI AYƐ:

  • Wo yere anaa wo kunu ne wo rekasa na w’ani nnye ho mpo a, fa adwempa tie no

  • Bɔ mmɔden hu nea ɔrepɛ akyerɛ. Hwɛ sɛ wubehu nea enti a ɔreyɛ n’ade saa no anaa

3 MONYƐ NEA MOAKA NO

NEA BIBLE NO KA: “Ɔbrɛ biara mu wɔ mfaso, na ano- sɛm de, ohia nko ara.” (Mmebusɛm 14:23) Sɛ musi asɛm bi ho gyinae a, na ɛnsae. Ɛsɛ sɛ mohwɛ yɛ nea moaka no. Ebia ebegye adwumaden ne mmɔdenbɔ na moatumi ayɛ eyi, nanso sɛ mummia mo ani yɛ a, mubehu sɛ mfaso wɔ so. (Mmebusɛm 10:4) Sɛ mobom yɛ adwuma a, mubenya mo brɛ so “akatua pa.”​—Ɔsɛnkafo 4:9.

NEA WUBETUMI AYƐ:

  • Obiara nhwɛ ade pɔtee a obetumi ayɛ, na moatumi adi ɔhaw no ho dwuma

  • Ɛwom ara a, monhwɛ sɛ biribiara rekɔ yiye anaa