Mmebusɛm 26:1-28

  • Akwadwofo suban (13-16)

  • Mfa w’ano nto obi ntɔkwaw mu (17)

  • Mfa nneɛma bi nni agoru (18, 19)

  • Anyina nni hɔ a, ogya dum (20, 21)

  • Nea ɔsɛe nkurɔfo din no, ne nsɛm te sɛ aduan a ɛyɛ dɛ (22)

26  Sɛnea sukyerɛmma ntɔ ahohuru bere mu, na osu ntɔ twabere mu no,Saa ara na anuonyam mfata ɔkwasea.+   Sɛnea anomaa nguan kwa, na asomfena ntu kwa no,Saa ara na nnome mma kwa.*   Abaa* wɔ hɔ ma ɔpɔnkɔ, nnareka wɔ hɔ ma afurum,+Na abaa wɔ hɔ ma nkwaseafo akyi.+   Mma ɔkwasea mmuae sɛnea ne nkwaseasɛm te,Na woanyɛ sɛ ɔno.*   Ma ɔkwasea mmuae wɔ ne nkwaseasɛm ho,Na n’adwene anyɛ no sɛ onim nyansa.+   Nea ɔde asɛm hyɛ ɔkwasea nsa no,Ɔte sɛ onipa a obubu ɔno ara ne nan na opira ne ho.*   Sɛnea apakye nan wosowosow* no,Saa ara na abebusɛm te wɔ nkwaseafo anom.+   Sɛnea ɔbo a wɔde ataabo akyekyere te no,Saa ara na ɔkwasea a wɔhyɛ no anuonyam te.+   Sɛnea nsɔe dua te wɔ ɔsabofo nsam no,Saa ara na nkwaseafo anom abebusɛm te. 10  Sɛnea obi a ɔtow agyan pirapira nkurɔfo basabasa* te no,Saa ara na obi a ɔbɔ nkwaseafo anaa wɔn a wɔretwam paa no te. 11  Sɛnea ɔkraman a ɔsan kɔ ne fe ho te no,Saa ara na ɔkwasea tĩ ne nkwaseasɛm mu.+ 12  Woahu onipa a n’adwene yɛ no sɛ ɔyɛ onyansafo?+ Anidaso wɔ hɔ ma ɔkwasea sen no. 13  Ɔkwadwofo ka sɛ: “Gyata a ne ho yɛ den wɔ kwan so,Gyata bi wɔ abɔnten!”+ 14  Sɛnea ɔpon kɔ n’anim ba n’akyi no,*Saa ara na ɔkwadwofo dannan ne ho wɔ ne mpa so.+ 15  Ɔkwadwofo de ne nsa ato ayowa mu,Nanso wabrɛ dodo sɛ ɔde bɛkɔ n’ano.+ 16  Ɔkwadwofo adwene yɛ no sɛ onim nyansaSen nnipa baason a wɔma mmuae a nyansa wom. 17  Nea ɔretwam a ntɔkwaw a ɛmfa ne ho ma ne bo fuw* no,Ɔte sɛ obi a oso ɔkraman aso.+ 18  Sɛnea ɔbɔdamfo totow peaw a ogya wɔ ano ne agyan a edi awu* no, 19  Saa ara na onipa a ɔdaadaa ne yɔnko na ɔka sɛ: “Ɛyɛ agoru na meredi” no te.+ 20  Sɛ anyina nni hɔ a, ogya dum,Na sɛ dinsɛefo nni hɔ a, ntɔkwaw to twa.+ 21  Sɛnea gyabiriw wɔ hɔ ma nsramma a ɛredum, na anyina wɔ hɔ ma ogya no,Saa ara na ntɔkwapɛfo soso ogya gu akasakasa mu.+ 22  Nea ɔsɛe nkurɔfo din no, ne nsɛm te sɛ aduan a ɛyɛ dɛ;*Nkurɔfo memene kogu wɔn yafunu mu tɔnn.+ 23  Nsɛm a ɛyɛ dɛ* a efi koma bɔne mu no,Ɛte sɛ ayowa sin a wɔde dwetɛ adura ho.+ 24  Nea ɔtan nkurɔfo no, ɔde n’ano kata ɔtan no so,Nanso ɔde nnaadaa hyɛ ne mu. 25  Ɔbɛka nsɛm dɛdɛɛdɛ, nanso nnye no nni,Efisɛ akyiwade ason wɔ ne koma mu.* 26  Ɔde nnaadaa akata ɔtan no so,Nanso ne bɔne bɛda adi asafo mu. 27  Nea otu amoa no, ɔbɛtɔ mu,Na obiara a opia ɔbo no, ɛbɛsan aba no so.+ 28  Atoro tɛkrɛma tan wɔn a epira wɔn no,Na ano a ɛdɛfɛdɛfɛ sɛe ade.+

Ase Hɔ Nsɛm

Ebetumi nso akyerɛ, “Saa ara na nnome a ɛmfata remma mu.”
Anaa “Mpire.”
Anaa “Na wo ne no anyɛ pɛ.”
Nt., “ɔnom awudisɛm.”
Anaa “sensɛn hɔ.”
Anaa “pira obiara.”
Anaa “Sɛnea ɔpon dannan ne ho wɔ ne mpontɛre so no.”
Ebetumi nso akyerɛ, “ɔde ne ho gye ntɔkwaw a ɛmfa ne ho mu.”
Anaa “agyan ne owu.”
Anaa “ne nsɛm te sɛ trɔma a wɔde adifudepɛ memene.”
Nt., “ano a ɛredɛw.”
Anaa “Efisɛ ne koma yɛ akyiwade koraa.”