Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 7

Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni?

Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni?

1. Dɛn ne Onyankopɔn Ahenni?

Dɛn na ɛma Yesu yɛ Ɔhene a ɔfata?​—MARKO 1:40-42.

Onyankopɔn Ahenni yɛ nniso a ɛwɔ soro. Ɛno na ɛbɛba abesi nniso ahorow nyinaa ananmu, na ɛbɛma wɔayɛ Onyankopɔn apɛde wɔ ɔsoro ne asase so. Ɛyɛ anigye sɛ Onyankopɔn de n’Ahenni no bɛyɛ saa adwuma yi. Onyankopɔn Ahenni no bɛma nnipa anya nniso papa a wɔrehwehwɛ nnansa yi ara. Ɛbɛma nnipa a wɔte asase so nyinaa ayɛ biako.​—Kenkan Daniel 2:44; Mateo 6:9, 10; 24:14.

Ahenni biara wɔ ɔhene a odi so. Yehowa apaw ne Ba Yesu Kristo sɛ N’Ahenni no so Hene.​—Kenkan Adiyisɛm 11:15.

Hwɛ video a yɛato din Dɛn Ne Onyankopɔn Ahenni?

2. Dɛn nti na Yesu yɛ Ɔhene a ɔfata?

Onyankopɔn Ba no yɛ Ɔhene a ɔfata efisɛ ne yam ye, na ɔyɛ nea ɛteɛ bere nyinaa. (Mateo 11:28-30) Afei nso, ɔwɔ tumi a ɔde bɛboa nnipa efisɛ ɔbɛtena soro na adi asase so hene. Bere a wonyan no fii awufo mu no, ɔforo kɔɔ soro, na ɔkɔtenaa Yehowa nsa nifa so twɛnee. (Hebrifo 10:12, 13) Awiei koraa no, Onyankopɔn maa no tumi ma ofii ase dii hene.​—Kenkan Daniel 7:13, 14.

3. Henanom na wɔne Yesu bedi hene?

Nnipakuw bi a wɔfrɛ wɔn “akronkronfo” ne Yesu bedi hene wɔ soro. (Daniel 7:27) Akronkronfo a wodii kan paw wɔn ne Yesu asomafo anokwafo no. Yehowa akɔ so apaw mmarima ne mmea anokwafo sɛ akronkronfo de abesi nnɛ. Wɔn nso, wonyan wɔn wɔ honhom nipaduam sɛnea wonyanee Yesu no.​—Kenkan Yohane 14:1-3; 1 Korintofo 15:42-44.

Nnipa a wɔbɛkɔ soro no dodow yɛ ahe? Yesu frɛɛ wɔn sɛ “nguankuw ketewa.” (Luka 12:32) Awiei koraa no, wɔn dodow bɛba abɛyɛ 144,000. Wɔne Yesu bedi asase so hene.​—Kenkan Adiyisɛm 14:1.

4. Bere a Yesu fii ase dii hene no, dɛn na esii?

Onyankopɔn Ahenni no fii ase dii tumi wɔ afe 1914 mu. * Ade a edi kan a Yesu yɛe bere a obedii ade sɛ Ɔhene ne sɛ ɔtow Satan ne n’adaemone no fi soro guu asase so. Satan bo fuwii yiye, na ofii ase de amanehunu baa asase nyinaa so. (Adiyisɛm 12:7-10, 12) Efi saa bere no, amanehunu a nnipa wom no mu akɔ so ayɛ den kɛse. Akodi, aduankɔm, ɔyaredɔm, ne asasewosow a ɛrekɔ so no nyinaa ka “sɛnkyerɛnne” a ɛkyerɛ sɛ Ahenni no bedi asase nyinaa so tumi nnansa yi ara no ho.​—Kenkan Luka 21:7, 10, 11, 31.

5. Dɛn na Onyankopɔn Ahenni reyɛ?

Onyankopɔn Ahenni no nam asɛnka adwuma a wɔreyɛ wɔ wiase nyinaa no so afi ase reboaboa nnipakuw kɛse bi a wɔayɛ biako a wofi amanaman nyinaa mu ano. Nnipa ahobrɛasefo ɔpepem pii regye Yesu tom sɛ wɔn hene. Onyankopɔn Ahenni no bɛbɔ wɔn ho ban bere a ɛresɛe nneɛma nhyehyɛe bɔne a ɛwɔ asase so seesei no. Enti ɛsɛ sɛ wɔn a wɔpɛ sɛ wonya Onyankopɔn Ahenni no mu tena nyinaa sua sɛ wɔbɛyɛ nkoa a wɔn aso yɛ mmerɛw ama Yesu.​—Kenkan Adiyisɛm 7:9, 14, 16, 17.

Wɔ mfe 1,000 no mu no, Ahenni no bɛma Onyankopɔn atirimpɔw a mfiase no na ɔwɔ ma nnipa no abam. Asase nyinaa bɛdan paradise. Awiei koraa no, Yesu bɛsan de Ahenni no ama n’Agya. (1 Korintofo 15:24-26) So wunim obi a w’ani begye ho sɛ wobɛka Onyankopɔn Ahenni no ho asɛm akyerɛ no?​—Kenkan Dwom 37:10, 11, 29.

 

^ nky. 6 Sɛ wopɛ sɛ wuhu sɛnea Bible hyɛɛ afe 1914 ho nkɔm ho nsɛm pii a, hwɛ Dɛn na Yebetumi Asua Afi Bible Mu? nhoma no kratafa 215-218.