Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

ADESUA 12

Wobɛyɛ Dɛn Atumi Abɛn Onyankopɔn?

Wobɛyɛ Dɛn Atumi Abɛn Onyankopɔn?

1. So Onyankopɔn tie mpaebɔ nyinaa?

Onyankopɔn to nsa frɛ nnipa a wɔwɔ aman nyinaa so sɛ wɔmmɛn no wɔ mpaebɔ mu. (Dwom 65:2) Nanso, ɛnyɛ mpaebɔ nyinaa na otie, anaa ogye tom. Sɛ nhwɛso no, sɛ ɔbarima bi teetee ne yere a, ne mpaebɔ hokwan betumi asiw. (1 Petro 3:7) Afei nso, bere a Israelfo kɔɔ so yɛɛ bɔne no, Onyankopɔn antie wɔn mpaebɔ. Ɛda adi pefee sɛ, mpaebɔ yɛ hokwan kɛse a yɛanya. Nanso, sɛ abɔnefo a wodi amumɔyɛsɛm mpo sakra wɔn adwene a, Onyankopɔn tie wɔn mpaebɔ.​—Kenkan Yesaia 1:15; 55:7.

Hwɛ video a yɛato din So Onyankopɔn Tie Mpaebɔ Nyinaa?

2. Ɔkwan bɛn so na ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae?

Mpaebɔ ka yɛn som ho, enti Yehowa a ɔyɛ yɛn Bɔfo no nkutoo na ɛsɛ sɛ yɛbɔ no mpae. (Mateo 4:10; 6:9) Afei nso, esiane sɛ bɔne wɔ yɛn ho nti, ɛsɛ sɛ yɛbɔ mpae wɔ Yesu din mu efisɛ ɔno na owu maa yɛn bɔne. (Yohane 14:6) Yehowa mpɛ sɛ yɛkyere mpaebɔ bi gu yɛn tirim anaa yɛkyerɛw to hɔ na yɛbɔ saa mpae no bere nyinaa. Ɔpɛ sɛ yɛka yɛn komam asɛm kyerɛ no wɔ mpaebɔ mu.​—Kenkan Mateo 6:7; Filipifo 4:6, 7.

Sɛ yɛbɔ mpae na yɛammue yɛn ano mpo a, yɛn Bɔfo no betumi ate. (1 Samuel 1:12, 13) Ɔka kyerɛ yɛn sɛ yɛmmɔ mpae bere biara, sɛ́ ɛyɛ anɔpa anaa anwummere, adidibere, anaa bere a yɛrehyia ɔhaw ahorow no.​—Kenkan Dwom 55:22; Mateo 15:36.

3. Dɛn nti na Kristofo hyiam?

Ɛnyɛ mmerɛw sɛ yɛbɛbɛn Onyankopɔn efisɛ nnipa a yɛne wɔn te no nni Onyankopɔn mu gyidi, na wodi asomdwoe a wahyɛ bɔ sɛ ɔde bɛba asase so no ho fɛw. (2 Timoteo 3:1, 4; 2 Petro 3:3, 13) Enti ehia sɛ yɛne yɛn mfɛfo gyidifo hyiam na yɛhyehyɛ yɛn ho nkuran.​—Kenkan Hebrifo 10:24, 25.

Sɛ yɛne nnipa a wɔdɔ Onyankopɔn bɔ a, ɛboa yɛn ma yɛbɛn Onyankopɔn. Yehowa Adansefo nhyiam yɛ hokwan kɛse a ɛma obiara nya kwan hyɛ ne yɔnko gyidi den.​—Kenkan Romafo 1:11, 12.

4. Wobɛyɛ dɛn atumi abɛn Onyankopɔn?

Sɛ wudwinnwen nea woasua afi Yehowa Asɛm no mu ho a, ɛbɛma woatumi abɛn no. Dwinnwen ne nnwuma, n’afotu, ne ne bɔhyɛ ahorow ho. Sɛ yɛbɔ mpae na yedwinnwen nneɛma ho a, ɛbɛma yɛanya Onyankopɔn dɔ ne ne nyansa ho anisɔ.​—Kenkan Yosua 1:8; Dwom 1:1-3.

Sɛ wunya Onyankopɔn mu ahotoso ne ne mu gyidi nkutoo a, ɛnna wubetumi abɛn no. Nanso, gyidi te sɛ abɔde a nkwa wom, ehia nsu ne aduan. Ɛsɛ sɛ wokɔ so dwinnwen nea enti a wugye nneɛma bi di no ho bere nyinaa na ama wo gyidi ayɛ den.​—Kenkan Mateo 4:4; Hebrifo 11:1, 6.

5. Sɛ wobɛn Onyankopɔn a, mfaso bɛn na wubenya?

Yehowa dwen wɔn a wɔdɔ no no ho. Obetumi abɔ wɔn ho ban afi biribiara a ebetumi asɛe wɔn gyidi ne daa nkwa ho anidaso a wɔwɔ no ho. (Dwom 91:1, 2, 7-10) Ɔbɔ yɛn kɔkɔ wɔ nneyɛe a ebetumi asɛe yɛn apɔwmuden ne anigye a yɛwɔ no ho. Yehowa kyerɛkyerɛ yɛn ma yɛfa ɔkwan a eye sen biara wɔ abrabɔ mu no so.​—Kenkan Dwom 73:27, 28; Yakobo 4:4, 8.