Nnwom 94:1-23

  • Ɔsrɛe sɛ Onyankopɔn ntua abɔnefo ka

    • “Enkosi da bɛn na nnebɔneyɛfo bɛkɔ so adi ahurusi?” (3)

    • Yah nteɛso de anigye ba (12)

    • Onyankopɔn rempo ne nkurɔfo (14)

    • “Wɔhyɛ mmara akyi de ɔhaw ba” (20)

94  O Yehowa Nyankopɔn a wutua bɔne so ka,+O Onyankopɔn a wutua bɔne so ka, ma w’anuonyam nhyerɛn!   O asaase Temmufo, ma wo mu so,+ Nea ahantanfo ayɛ no, tua wɔn so ka.+   O Yehowa, enkosi da bɛn?Enkosi da bɛn na nnebɔneyɛfo bɛkɔ so adi ahurusi?+   Wɔworo nsɛm, na wodwa wɔn anom;Amumɔyɛfo no nyinaa hoahoa wɔn ho.   O Yehowa, wɔbobɔ wo man pasaa,+Na wɔhyɛ w’agyapade so.   Wokum okunafo ne ɔhɔho,Na wokum agyanka nso.   Wɔka sɛ: “Yah aniwa nhu;+Yakob Nyankopɔn nnim nea ɛrekɔ so.”+   Mo a munni adwene, da bɛn na mubenya ntease?Agyimifo nso, da bɛn na mubenya nhumu?+   Enti nea ɔyɛɛ aso* no, ɔnte asɛm anaa? Na nea ɔyɛɛ aniwa no, onhu ade?+ 10  Nea ɔteɛ aman so,+ na ɔma nnipa nya nimdeɛ no, Ɔrentumi nka nkurɔfo anim anaa?+ 11  Yehowa nim nnipa adwene;Onim sɛ ɛte sɛ hwenem mframa kɛkɛ.+ 12  O Yah, anigye ne ɔbarima a woteɛ no so,+Ne nea wode wo mmara kyerɛkyerɛ no,+ 13  Sɛnea ɛbɛyɛ a mmusu ba a, ne ho bedwo noKosi sɛ nnebɔneyɛfo bɛtɔ amoa mu.+ 14  Yehowa rempo ne man,+Na ɔrennyaw n’agyapade.+ 15  Atemmu bɛsan asi trenee kwan so,Na komam teefo nyinaa bedi akyi. 16  Hena na ɔbɛsɔre ne nnebɔneyɛfo adi asi ama me? Hena na ɔbɛsɔre agyina na ɔne amumɔyɛfo ako ama me? 17  Sɛ Yehowa ammoa me a,Anka mewu ntɛm.*+ 18  Bere a mekae sɛ: “Mereyɛ ahwe ase” no, O Yehowa, wo dɔ a enni huammɔ na esoo me mu.+ 19  Bere a dadwen* hyɛɛ me so no,*Wokyekyee me werɛ na wokaa me koma too me yam.*+ 20  Ɛbɛyɛ dɛn na ahemfo* a adanmude* ahyɛ wɔn ma atumi ayɛ wo yɔnko,Bere a wɔhyɛ mmara akyi de ɔhaw ba?+ 21  Wɔtow hyɛ ɔtreneeni* so,+Na nea ne ho nni asɛm nso, wobu no kumfɔ.*+ 22  Nanso Yehowa bɛyɛ me guankɔbea a ɛyɛ den;*Me Nyankopɔn bɛyɛ me guankɔbea botan.+ 23  Ɔbɛma wɔn amumɔyɛsɛm adan aba wɔn so,+ Na wɔn ankasa mmusu na ɔde beyi wɔn afi hɔ.* Yɛn Nyankopɔn Yehowa beyi wɔn afi hɔ.*+

Ase Hɔ Nsɛm

Nt., “ɔde aso sisii hɔ.”
Anaa “Anka me kra reyɛ akɔ kommyɛ mu.”
Anaa “adwinnwen.”
Anaa “yɛɛ bebree wɔ me mu no.”
Anaa “W’awerɛkyekye na ɛmaa me kra ani gyei.”
Anaa “atemmufo.” Nt., “ahengua.”
Anaa “braeb.”
Nt., “nea ne ho nni asɛm nso, wobu ne mogya fɔ.”
Anaa “ɔtreneeni kra.”
Anaa “abantenten.”
Nt., “bɛma wɔaka wɔn ano atom.”
Nt., “bɛma wɔaka wɔn ano atom.”