Nnwom 31:1-24

  • Yehowa ne me guankɔbea

    • “Wo nsam na mede me honhom hyɛ” (5)

    • ‘Yehowa ne nokware Nyankopɔn’ (5)

    • Onyankopɔn papayɛ dɔɔso (19)

Wɔde ma dwom kyerɛfo. Dawid dwom. 31  O Yehowa, wo na mede wo ayɛ me guankɔbea.+ Mma m’anim nngu ase da.+ Wo trenee nti gye me.+   Yɛ aso ma* me. Yɛ ntɛm begye me.+ Bɛyɛ sɛ abannennen a ɛwɔ botan mu ma me,Na yɛ sɛ guankɔbea a ɛhɔ yɛ den, na gye me.+   Wone me botan ne m’abannennen,+Na wo din nti,+ wubedi m’anim na woakyerɛ me kwan.+   Sɛ wosum me afiri a, wubegye me na anyi me,*+Efisɛ wone me guankɔbea.+   Wo nsam na mede me honhom hyɛ.+ O Yehowa, nokware Nyankopɔn,* woagye me.+   Wɔn a wodi abosonhuhuw a mfaso biara nni so akyi no, mikyi wɔn;Me de, Yehowa na mede me ho ato no so.   Wo dɔ a enni huammɔ nti, medi ahurusi kɛse,Efisɛ woahu m’amanehunu,+Na wunim m’ahohia* bebrebe no.   Woamfa me anhyɛ atamfo nsa.Mmom woama magyina baabi a bɔne biara renka me.*   O Yehowa, dom me, na me ho hiahia me. Awerɛhow ama m’aniwa resɛe,+ na aka me nipadua nyinaa.*+ 10  Awerɛhow ahyɛ m’asetena ma,+Na me nkwa nna nyinaa misi apini.+ Me mfomso nti m’ahoɔden so retew,Na me nnompe mu ayɛ mmerɛw.+ 11  M’atamfo nyinaa di me ho fɛw,+Titiriw wɔn a wɔte bɛn me; M’amannifo suro me.Wohu me wɔ abɔnten a, na wɔreguan.+ 12  Wɔayi me adi wɔ wɔn koma mu te sɛ obi a wawu; wɔnkae me bio.Mayɛ sɛ ahina a abɔ. 13  Mate nsɛmmɔne pii a wɔkeka fa me ho no;Nneɛma a ɛyɛ hu atwa me ho ahyia.+ Sɛ wɔka wɔn ti bom na wɔfa me ho adwene a,Wɔbɔ pɔw sɛ wobeyi me afi hɔ.*+ 14  Nanso me de, mede me ho ato wo so, O Yehowa.+ Meka sɛ: “Wone me Nyankopɔn.”+ 15  Me nkwa nna hyɛ wo nsa. Gye me fi m’atamfo ne wɔn a wɔtaa me no nsam.+ 16  Tew w’anim ma w’akoa.+ Wo dɔ a enni huammɔ nti, gye me. 17  O Yehowa, sɛ misu frɛ wo a, mma m’anim nngu ase.+ Ma nnebɔneyɛfo ani nwu;+Ma wɔnka wɔn ano ntom wɔ Ɔdamoa* mu.+ 18  Ma atorofo nka wɔn ano ntom;+Wɔn na wɔde ahantan ne ahomaso keka atreneefo ho nsɛm de gu wɔn anim ase. 19  Wo papayɛ dɔɔso sɛ!+ Wode asie ama wɔn a wosuro wo no,+Na wɔn a wɔde wo yɛ guankɔbea no, woda no adi kyerɛ wɔn wɔ nnipa nyinaa anim.+ 20  Wobɛkora wɔn so w’anim wɔ wo hintabea+Na nnipa a wɔabɔ wɔn ho pɔw no annya wɔn.Wode wɔn besie wo ntamadan muAfi adapaatwa* ho.+ 21  Ayeyi nka Yehowa,Efisɛ wada ɔdɔ a enni huammɔ adi akyerɛ me paa+ wɔ kurow a atamfo atwa ho ahyia mu.+ 22  Me de, ehu kaa me na mekae sɛ: “Mɛyera afi w’anim.”+ Nanso, misu frɛɛ wo, na wutiee me sufrɛ.+ 23  Mo a mudi Yehowa nokware nyinaa, monnɔ no!+ Yehowa bɔ anokwafo ho ban,+Na ahantanfo de, otua wɔn ka ma ɛboro so.+ 24  Mo a moretwɛn Yehowa nyinaa,+Munnya akokoduru na mo bo nyɛ duru.+

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Bɔ wo mu ase na tie.”
Nt., “Asau a wɔde ahintaw me no, wubegye me afi mu.”
Anaa “Onyankopɔn nokwafo.”
Anaa “me kra ahohia.”
Anaa “baabi a ɛhɔ trɛw.”
Anaa “me kra ne me yafunu.”
Anaa “wobegye me kra afi me nsam.”
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “tɛkrɛma a ɛreham.”