Nnwom 86:1-17

  • Onyame biara nte sɛ Yehowa

    • Yehowa yi ne yam de bɔne kyɛ (5)

    • Aman nyinaa bɛsom Yehowa (9)

    • “Kyerɛkyerɛ me ma minhu wo kwan” (11)

    • “Ma memfa me koma nyinaa nsuro wo” (11)

Dawid mpaebɔ. 86  O Yehowa, yɛ aso ma me,* na gye me so,Efisɛ m’asɛm yɛ mmɔbɔ na ahia me.+   Hwɛ me* so, na meyɛ ɔnokwafo.+ Gye w’akoa a mede me ho ato wo so,Efisɛ wone me Nyankopɔn.+   O Yehowa, hu me mmɔbɔ,+Na misu frɛ wo daa nyinaa.+   O Yehowa, ma w’akoa* nni ahurusi,Efisɛ wo na mede me werɛ ahyɛ wo mu.*   O Yehowa, wuye,+ na wuyi wo yam de bɔne kyɛ;+Wo dɔ a enni huammɔ no dɔɔso ma wɔn a wɔfrɛ wo nyinaa.+   O Yehowa, tie me mpaebɔ;Yɛ aso ma me sufrɛ.+   Mɛfrɛ wo m’ahohia da,+Na wubegye me so.+   O Yehowa, onyame biara nte sɛ wo,+Na obiara nnwuma ne wo de nsɛ.+   O Yehowa, aman a woayɛ wɔn nyinaaBɛba abɛkotow w’anim,+Na wɔbɛhyɛ wo din anuonyam.+ 10  Efisɛ woyɛ kɛse, na woyɛ anwonwade;+Wone Onyankopɔn, na obiara nka wo ho bio.+ 11  O Yehowa, kyerɛkyerɛ me ma minhu wo kwan.+ Mɛnantew wo nokware mu.+ Ma memfa me koma nyinaa nsuro* wo din.+ 12  O Yehowa me Nyankopɔn, mede me koma nyinaa beyi wo ayɛ,+Na mɛhyɛ wo din anuonyam akosi daa, 13  Efisɛ ɔdɔ a enni huammɔ a woada no adi akyerɛ me no dɔɔso,Na woagye me* afi Ɔdamoa* mu.+ 14  O Onyankopɔn, ahantanfo asɔre atia me;+Atirimɔdenfo dɔm rehwehwɛ me akum me,*Na wɔmfa wo nyɛ hwee.*+ 15  Nanso Yehowa, wo de, woyɛ Onyankopɔn a wowɔ mmɔborɔhunu ne ayamhyehye,*Wo bo mfuw ntɛm, wo dɔ a enni huammɔ nni ano, na wo nokwaredi dɔɔso.+ 16  Twa w’ani bɛhwɛ me, na dom me.+ Ma w’akoa ahoɔden,+Na w’afenaa ba no, gye no nkwa. 17  Ma minhu wo papayɛ ho sɛnkyerɛnne,*Na ama wɔn a wɔtan me no ahu na wɔn ani awu. O Yehowa, wo ne me boafo ne me werɛkyekyefo.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “bɔ wo mu ase na tie.”
Anaa “Hwɛ me kra.”
Anaa “w’akoa kra.”
Anaa “mema me kra so kyerɛ wo.”
Anaa “Ma me koma mũ, na minsuro.”
Anaa “Sheol,” kyerɛ sɛ, adasamma damoa. Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “woagye me kra.”
Anaa “rehwehwɛ me kra.”
Anaa “wɔmfaa wo nsii wɔn ani so.”
Anaa “Onyankopɔn mmɔborɔhunufo ne ɔdomfo.”
Anaa “adanse.”