Nnwom 27:1-14

  • Yehowa ne abannennen a me nkwa hyɛ ne nsa

    • Mede anigye hwɛ Onyankopɔn asɔrefi (4)

    • M’awofo po me mpo a, Yehowa begye me (10)

    • “Fa w’ani to Yehowa so” (14)

Dawid dwom. 27  Yehowa ne me hann+ ne me nkwagye. Hena na ɛsɛ sɛ misuro no?+ Yehowa ne abannennen a me nkwa hyɛ ne nsa.+ Hena na ɛsɛ sɛ me ho popo n’anim?   Bere a nnebɔneyɛfo baa me so sɛ wɔrebɛkyere me awe no,+M’atamfo ne wɔn a wokyi me no, wɔn na wohintiw hwehwee ase.   Sɛ dɔm betwa me ho hyia a,Me koma rentu.+ Sɛ ɔko mpo na ɛbɛba a,Mede me ho bɛto no so.   Ade baako na mesrɛ Yehowa,Na ɛno na mehwehwɛ akyi kwan;Ɛne sɛ mɛtena Yehowa fi me nkwa nna nyinaa,+Na mahwɛ Yehowa papayɛ,Na mede anigye* ahwɛ n’asɔrefi.*+   Ɔbɛkora me so wɔ ne hintabea ahohia da;+Ɔde me besie ahintawee wɔ ne ntamadan mu;+Ɔde me begyina ɔbotan so wɔ sorosoro.+   M’atamfo a wɔatwa me ho ahyia no, afei madi wɔn so nkonim;Mede osebɔ bɛbɔ afɔre wɔ ne ntamadan mu;Mɛto ayeyi nnwom* ama Yehowa.   O Yehowa, misu frɛ wo a tie me;+Hu me mmɔbɔ na gye me so.+   Meka w’asɛm yi wɔ me koma mu sɛ: “Monhwehwɛ m’anim dom.” O Yehowa, mɛhwehwɛ w’anim dom.+   Mfa w’ani nhintaw me.+ Mfa abufuw mpam w’akoa. Wone me boafo;+O me nkwagye Nyankopɔn, ntow me nkyene, na nnyaw me. 10  Sɛ me ara me papa ne me maame mpo po me a,+Yehowa begye me.+ 11  O Yehowa, kyerɛkyerɛ me wɔ wo kwan so,+M’atamfo nti, kyerɛ me ɔkwantrenee. 12  Mfa me nhyɛ m’atamfo* nsa;+Wodi adanse tia me,+Na wɔrepɛ me adi me bɔne. 13  Sɛ mannya gyidi sɛ mehu Yehowa papayɛ wɔ ateasefo asaase so a,Anka mewɔ he?*+ 14  Fa w’ani to Yehowa so;+Nya akokoduru na ma wo bo nyɛ duru.+ Yehowa so na fa w’ani to.

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “anisɔ.”
Anaa “ne tenabea kronkron.”
Anaa “Mɛbɔ nnwom.”
Anaa “m’atamfo kra.”
Ebetumi nso akyerɛ, “Anokwa, mewɔ gyidi sɛ mehu Yehowa papayɛ wɔ ateasefo asaase so.”