Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Mɛyɛ Dɛn Ahu Nokware Som?

Mɛyɛ Dɛn Ahu Nokware Som?

Nea Bible ka

 Bible ma yehu nsonsonoe a ɛda wɔn a wɔsom Onyankopɔn nokware mu ne wɔn a wɔnsom no nokware mu no ntam. Nea ɛbɛyɛ na yɛahu nsonsonoe no, Bible ma mfatoho bi sɛ: “Wɔn aba na mode behu wɔn. Wɔtetew bobe wɔ nsɔe so, anaasɛ wɔtetew borɔdɔma wɔ ohwirom so?” (Mateo 7:16) Sɛ wopɛ sɛ wuhu nsonsonoe a ɛda bobe dua ne nsɔe ntam a, wubetumi ahwɛ aba a ɛsow no. Saa ara nso na wopɛ sɛ wuhu nsonsonoe a ɛwɔ nokware som ne atoro som mu a, wubetumi ahwɛ wɔn aba anaa nneɛma a edidi so yi.

  1.   Wɔn a wɔwɔ nokware som mu no, wɔkyerɛkyerɛ nokware a ɛwɔ Bible mu, na ɛnyɛ nnipa nsusuwii. (Yohane 4:24; 17:17) Nea wɔkyerɛkyerɛ no, ebi ne nokwasɛm a ɛfa ɔkra ho, ne anidaso a nnipa wɔ sɛ wɔbɛtena ase daa wɔ paradise asase so. (Dwom 37:29; Yesaia 35:5, 6; Hesekiel 18:4) Afei nso, nokware asomfo nsuro sɛ wɔbɛma nnipa ahu sɛ nkyerɛkyerɛ bi yɛ atoro.​—Mateo 15:9; 23:27, 28.

  2.   Nokware som boa nkurɔfo ma wohu Onyankopɔn yiye, na ɛma wohu ne din Yehowa no. (Dwom 83:18; Yesaia 42:8; Yohane 17:3, 6) Wɔn a wɔwɔ nokware som mu no, wɔnkyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn de, wuntumi nte no ase. Wɔnkyerɛkyerɛ nso sɛ nnipa rentumi mmɛn Onyankopɔn. Mmom no, wɔkyerɛkyerɛ sɛ Onyankopɔn pɛ sɛ yɛfa no adamfo.​—Yakobo 4:8.

  3.   Nokware som ma yehu sɛ Yesu Kristo ne obi a Onyankopɔn nam ne so bɛma yɛanya nkwagye. (Asomafo Nnwuma 4:10, 12) Wɔn a wɔwɔ nokware som mu no di Yesu ahyɛde so na wɔbɔ mmɔden sɛ wobesuasua no.​—Yohane 13:15; 15:14.

  4.   Nokware som twe adwene si Onyankopɔn Ahenni no so sɛ ɛno nko ara ne nnipa anidaso. Nokware asomfo de ahokeka ka saa Ahenni no ho asɛm kyerɛ nkurɔfo.​—Mateo 10:7; 24:14.

  5.   Wɔn a wɔwɔ nokware som mu no wɔ ɔdɔ amapa ma wɔn ho. (Yohane 13:35) Wɔmmma abusua a wofi mu, ɔman a wofi mu, wɔn amammerɛ, wɔn kasa anaa wɔn nsɛm tebea, mpaapae wɔn mu. (Asomafo Nnwuma 10:34, 35) Ɔdɔ a wɔwɔ nti wɔnkɔ ako.​—Mika 4:3; 1 Yohane 3:11, 12.

  6.   Nokware asomfo nni asɔfo a wotua wɔn ka. Afei, wɔmmma wɔn ho nyamesom mu abodin akɛseakɛse biara.​—Mateo 23:8-12; 1 Petro 5:2, 3.

  7.   Nokware asomfo nnyina ɔfã biara wɔ amanyɔsɛm mu. (Yohane 17:16; 18:36) Nanso wɔkyerɛ obu ma aban a ɔwɔ wɔn man mu, na wodi ne mmara so. Eyi ne Bible asɛm yi hyia: “Muntua Kaesare de mma Kaesare [egyina hɔ ma aban mpanyimfo], na muntua Onyankopɔn de mma Onyankopɔn.”​—Marko 12:17; Romafo 13:1, 2.

  8.   Nokware som de, emufo de nea wɔka bɔ wɔn bra biribiara mu; wɔnkɔ asɔre kɛkɛ. Sɛnea Bible kyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ wɔbɔ wɔn bra no, saa pɛpɛɛpɛ na wɔyɛ. (Efesofo 5:3-5; 1 Yohane 3:18) Nanso ɛno nkyerɛ sɛ wɔyɛ katee, mmom wɔsom “anigye Nyankopɔn no” ma wɔn ani gye.​—1 Timoteo 1:11.

  9.   Wɔn a wɔsom Onyankopɔn nokware mu no, wɔnnɔɔso. (Mateo 7:13, 14) Esiane sɛ wɔyɛ Onyankopɔn apɛde nti, nkurɔfo taa bu wɔn animtiaa, wɔserew wɔn anaa wɔtaa wɔn.​—Mateo 5:10-12.

Me de, mempɛ nokware som

 Sɛ wugyina nea wopɛ nko ara so paw ɔsom a, ɛyɛ hu paa. Bible kaa sɛ, bere bi bɛba a nkurɔfo ‘bɛboaboa akyerɛkyerɛfo ano afa ma wɔanunu wɔn asom.’ (2 Timoteo 4:3) Nanso, Bible hyɛ yɛn nkuran sɛ “ɔsom a ɛho tew na efĩ biara nni ho yɛn Nyankopɔn ne Agya no ani so” no, ɛno na yɛmfa yɛn ho nhyɛ mu.​—Yakobo 1:27; Yohane 15:18, 19.