Hesekiel 18:1-32

  • Obiara bɛsoa n’ankasa bɔne (1-32)

    • Ɔkra a ɔyɛ bɔne no bewu (4)

    • Ɔba rensoa n’agya bɔne (19, 20)

    • Ɛnyɛ nea ɔpɛ ne sɛ ɔbɔnefo bewu (23)

    • Obi twe ne ho fi bɔne ho a, obenya nkwa (27, 28)

18  Yehowa san ka kyerɛɛ me sɛ:  “Ɛbɛ a mubu wɔ Israel asaase so sɛ, ‘Agyanom di bobebun, nanso mma na wɔn se fem’+ no, ɛkyerɛ dɛn?  “Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni, ‘Mete ase yi de, morentumi mmu bɛ yi wɔ Israel bio.  Hwɛ, akra* nyinaa yɛ me dea. Sɛnea agya kra wɔ me no, saa ara na ɔba nso kra wɔ me. Ɔkra* a ɔyɛ bɔne no, ɔno na obewu.  “‘Fa no sɛ ɔbarima bi yɛ ɔtreneeni a odi asɛntrenee na ɔyɛ nea ɛteɛ.  Onni nneɛma a wɔde abɔ afɔre ama abosom wɔ bepɔw so,+ ɔmfa n’ani nto Israel fi abosom fĩ* so, ongu ne yɔnko yere ho fĩ,+ na ɔnkɔ ɔbea a wayɛ bra ho;+  ɔntan obiara ani,+ na mmom ɔde ade a ohiani de asi awowa san ma no,+ ɔmmɔ obiara apoo nhwim ne nsam nneɛma,+ na mmom ɔde n’aduan ma nea ɔkɔm de no,+ na nea ɔda adagyaw nso, ofura no ntama;+  ɔmmɔ bosea nnye nsiho anaa ɔmfa mpɛ mfaso bɔne,+ onsisi obiara,+ na mmom sɛ obi ne ne yɔnko nya asɛm a, obu atɛntrenee;+  ɔkɔ so nantew m’ahyɛde mu na odi m’atemmusɛm so; odi nokware. Onipa a ɔte saa no yɛ ɔtreneeni; nkwa na obenya,’+ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni. 10  “‘Nanso fa no sɛ ne ba yɛ ɔkorɔmfo-werɛmfo+ anaa owudifo*+ anaasɛ ɔyɛ saa nneɛma yi bi, 11  (nanso agya no de, ɔnyɛ eyinom biara bi)—ne ba no di nneɛma a wɔde abɔ afɔre ama abosom wɔ bepɔw so, ogu ne yɔnko yere ho fĩ, 12  ɔtan ɔbrɛfo ne ohiani ani,+ ohwim nkurɔfo nsam nneɛma, sɛ obi de biribi si awowa a, ɔnsan mfa mma no, ɔde n’ani to abosom fĩ so,+ ɔyɛ akyiwade,+ 13  ɔbɔ bosea gye nsiho anaa ɔde pɛ mfaso bɔne;+ ɛba saa a, ɛnde ɔrennya nkwa. Esiane sɛ wayɛ akyiwade yi nyinaa bi nti, okum na wobekum no. Ɔno ankasa mogya bebua ne ti so. 14  “‘Afei, fa no sɛ obi nso wɔ ɔba a ohu ne papa bɔne nyinaa, nanso ɔnyɛ bi. 15  Ɔnyɛ obi a odi nneɛma a wɔde abɔ afɔre ama abosom wɔ bepɔw so, ɔmfa n’ani nto Israel fi abosom fĩ so, na ongu ne yɔnko yere ho fĩ, 16  ɔntan obiara ani, ɔde ade a ohiani de asi awowa san ma no, ɔmmɔ obiara apoo nhwim ne nsam nneɛma, ɔde n’aduan ma nea ɔkɔm de no, na nea ne ho da so nso, ofura no ntama; 17  ɔnhyɛ ahiafo so, ɔmmɔ bosea nnye nsiho anaa ɔmfa mpɛ mfaso bɔne, odi m’atemmusɛm so na ɔnantew m’ahyɛde mu. Onipa a ɔte saa no renwu wɔ ne papa bɔne ho. Nkwa na obenya. 18  Ne papa de, osisii nkurɔfo na ɔbɔɔ ne nua apoo hwim ne nneɛma, na nea enye na ɔyɛe wɔ ne man mu, enti obewu ne bɔne mu. 19  “‘Nanso mubebisa sɛ: “Dɛn nti na ɔba no ansoa ne papa bɔne no bi?” Ɔba no de, odii asɛntrenee yɛɛ nea ɛteɛ, na odii m’ahyɛde nyinaa so. Enti nkwa na obenya.+ 20  Ɔkra* a ɔyɛ bɔne no, ɔno na obewu.+ Ɔba rensoa n’agya bɔne, na agya nso rensoa ne ba bɔne. Ɔtreneeni benya n’ankasa trenee so akatua, na ɔbɔnefo nso benya n’ankasa bɔne so akatua.+ 21  “‘Sɛ ɔbɔnefo twe ne ho fi ne bɔne a wayɛ nyinaa ho bedi m’ahyɛde so, na odi asɛntrenee na ɔyɛ nea ɛteɛ a, nkwa na obenya; ɔrenwu.+ 22  Bɔne a wayɛ atwam biara no, ɛho asodi renna no so.*+ Adetrenee a wayɛ nti, obenya nkwa.’+ 23  “‘Nea mepɛ ne sɛ ɔbɔnefo bewu anaa?+ Ɛnyɛ nea m’ani gye ho mmom ne sɛ ɔbɛtwe ne ho afi n’akwan ho na wanya nkwa?’+ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni. 24  “‘Nanso sɛ ɔtreneeni twe ne ho fi ne trenee ho kɔyɛ nneɛma bɔne, na ɔyɛ akyiwade a abɔnefo yɛ no nyinaa bi a, obenya nkwa anaa? Adetrenee a wayɛ no mu biara nni hɔ a wɔbɛkae.+ Nokware a wanni ne ne bɔne nti, obewu.+ 25  “‘Na mobɛka sɛ: “Yehowa akwan nteɛ.”+ O Israel fi, mesrɛ mo, muntie! Ɛyɛ me na m’akwan nteɛ?+ Ɛnyɛ mo mmom na mo akwan nteɛ?+ 26  “‘Sɛ ɔtreneeni twe ne ho fi ne trenee ho kɔyɛ nneɛma bɔne na ɛno nti owu a, ɔno ara ne bɔne na ama wawu. 27  “‘Na sɛ ɔbɔnefo twe ne ho fi ne kwammɔne ho bedi asɛntrenee na ɔyɛ nea ɛteɛ a, obegye ne ho* nkwa.+ 28  Sɛ n’ani ba ne ho so na ogyae ne bɔne nyinaa a, nkwa na obenya; ɔrenwu. 29  “‘Nanso Israel fi bɛka sɛ: “Yehowa akwan nteɛ.” O Israel fi,+ ɛyɛ me na m’akwan nteɛ? Ɛnyɛ mo mmom na mo akwan nteɛ?’ 30  “‘Enti Israel fi, mebu mo mu biara atɛn sɛnea n’akwan te,’+ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni. ‘Monsan, montwe mo ho koraa mfi mo akwammɔne nyinaa ho, na mommma ɛnnyɛ hintidua mmma mo na asodi ammɛda mo so. 31  Montwe mo ho mfi mo bɔne nyinaa ho,+ na munnya* koma foforo ne honhom foforo.+ O Israel fi, adɛn nti na ɛsɛ sɛ muwu?’+ 32  “‘Ɛnyɛ nea mepɛ ne sɛ obi bewu.+ Enti monsakra na munnya nkwa,’+ Awurade Tumfo Yehowa asɛm ni.”

Ase Hɔ Nsɛm

Anaa “Onipa.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Anaa “nkwa.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Hebri asɛmfua a wɔde dii dwuma wɔ ha no, ebetumi aba sɛ ɛne asɛmfua “tiafi” na ɛnam, na wɔka de bu biribi animtiaa.
Nt., “obi a ohwie mogya gu.”
Anaa “Onipa.”
Nt., “wɔrenkae.”
Anaa “obegye ne kra.” Hwɛ Nkyerɛkyerɛmu afã hɔ.
Nt., “monyɛ.”