Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Ɛdɛn Na Bible Ka Fa Aware Ho?

Ɛdɛn Na Bible Ka Fa Aware Ho?

Nea Bible ka

 Bere a Onyankopɔn bɔɔ ɔbea ne ɔbarima a wodi kan no, ɔkaa wɔn boom sɛ awarefo. Ɔyɛɛ no sɛ, sɛ ɔbea ne barima ware a, wɔnka mmom denneennen a mframa mfa wɔn ntam na wɔnkyekyere abusua.—Genesis 1:27, 28; 2:18.

 Onyankopɔn pɛ sɛ awarefo ani gye. (Mmebusɛm 5:18) Wohwɛ Bible mu a, wakyerɛ sɛnea ɛsɛ sɛ aware yɛ. Afei wama yɛn akwankyerɛ ne afotusɛm a ɛsɛ sɛ awarefo de bɔ wɔn bra na ama wɔn aware asɔ.

Nea yɛrebɛka ho asɛm

 Onyankopɔn ani so no, dɛn ne aware?

 Bere a Onyankopɔn dii kan hyehyɛɛ aware no, ɔyɛɛ no sɛ, ɔbarima baako ne ɔbea baako na wɔbɛka abom sɛ awarefo. (Genesis 2:24) Onyankopɔn mpene aware dodow so. Ɔmpene so sɛ ɔbarima ne ɔbarima anaa ɔbea ne ɔbea bɛda, na ɔmpene mpena aware so. (1 Korintofo 6:19; 1 Tesalonikafo 4:3) Yesu kyerɛkyerɛɛ n’akyidifo sɛ, aware ho akwankyerɛ a Onyankopɔn de ama no, ɛsɛ sɛ wodi akyi pɛpɛɛpɛ.—Marko 10:6-8.

 Onyankopɔn ani so de, ɔpɛ sɛ aware tena hɔ daa. Sɛ ɔbarima ne ɔbea ware a, ɛkyerɛ sɛ obiara ahyɛ bɔ sɛ obedi nokware ama ne yɔnko, na wɔbɛtena abom akosi sɛ owu bɛtetew wɔn ntam. Onyankopɔn hwɛ kwan sɛ wɔn mu biara bedi saa bɔhyɛ no so.—Marko 10:9.

 Dɛn ne ntetewmu ne awaregyae?

 Ɛtɔ da a, biribi nti, okunu anaa ɔyere betumi agya ne hokafo hɔ kakra. Ebi ne sɛ, ebia na asɛm bi asi baako abusua mu, enti ɛsɛ sɛ ɔbɔ hwii kɔhwɛ ba. Nanso Bible nhyɛ awarefo nkuran sɛ wɔbɛka sɛ ɔhaw aba wɔn aware mu nti wɔatetew mu ama aware no konkɔn hɔ. Mmom ɛhyɛ awarefo nkuran sɛ, sɛ ɔhaw ba wɔn aware mu a, wɔnyere wɔn ho nsiesie wɔn ntam.—1 Korintofo 7:10.

 Awaresɛe nko ara na Bible ka sɛ obi betumi agyina so agyae aware. (Mateo 19:9) Enti sɛ ɛnyɛ sɛ obi afi ne kunu anaa ne yere akyi nti na wɔatetew mu anaa wɔagyae aware a, Bible mpene so sɛ wɔn mu biara ne obi foforo bɛhyehyɛ aware anaa ɔbɛware obi foforo.—Mateo 5:32; 1 Korintofo 7:11.

 Ehia sɛ awarefo de wɔn aware hyɛ mmara ase ansa na Onyankopɔn agye atom anaa?

 Aban mmara a ɛfa aware ho no, Onyankopɔn pɛ sɛ Kristofo di so. (Tito 3:1) Sɛ hokwan wɔ hɔ sɛ awarefo de wɔn aware no hyɛ mmara ase, na wɔyɛ saa a, ɛkyerɛ sɛ wobu aban no, na sɛnea Onyankopɔn pɛ sɛ aware tena hɔ daa no, wɔne no yɛ adwene. a

 Yɛhwɛ Bible mu a, okunu ne ɔyere asɛde ne sɛn?

  •   Awarefo nyinaa asɛde. Okunu ne ɔyere nyinaa, ɛsɛ sɛ wɔdodɔ wɔn ho na obiara bu ne yɔnko. (Efesofo 5:33) Ɛba ɔbarima ne ɔbea nna a, ɛsɛ sɛ obiara nya ɔdɔ ma ne yɔnko na ɔde nea ne yɔnko no hia ma no. Ɛnsɛ sɛ wɔn mu biara ne obi foforo kɔda anaa ɔne no yɛ biribiara a anka ɛsɛ sɛ ɔne ne kunu anaa ne yere na ɛyɛ. (1 Korintofo 7:3; Hebrifo 13:4) Sɛ mmofra wɔ aware no mu a, ɛyɛ okunu ne ɔyere nyinaa asɛde sɛ wɔtete wɔn.—Mmebusɛm 6:20.

     Sɛnea awarefo bɛkyɛ fie nnwuma, ne adwuma dodow a obiara bɛyɛ anya sika a wɔde bɛhwɛ fie de, Bible nka ho asɛm nkɔ akyiri. Awarefo no ara betumi ahwɛ nea ɛbɛboa wɔn abusua na wɔayɛ no saa.

  •   Okunu asɛde. Bible ka sɛ, “ɔyere ti ne ne kunu.” (Efesofo 5:23) Sɛ Bible ka sɛ okunu yɛ ne yere ti a, ɛkyerɛ sɛ ɔno na ɛsɛ sɛ ɔma n’abusua akwankyerɛ, na osisi gyinae a ɛbɛboa ne yere ne ne mma.

     Ɛsɛ sɛ ɔhwɛ hu sɛ abusua no wɔ nea wobedi, nea wɔbɛhyɛ, ne nea ɛkeka ho. Afei ɛsɛ sɛ ɔhwɛ ma wɔn ani gye, na ɔhwɛ ma wɔne Onyankopɔn ntam yɛ kama. (1 Timoteo 5:8) Ɛsɛ sɛ ɔkyerɛ sɛ n’ani sɔ nea ne yere tumi yɛ. Nea ɔbɛyɛ de akyerɛ saa ne sɛ ɔne ne yere bɛyɛ baako, na sɛ wɔresi gyinae bi nso a, watie ne yere adwenkyerɛ, na sɛnea ne yere te nka wɔ asɛm no ho nso, wafa no asɛnhia. (Mmebusɛm 31:11, 28) Bible ka sɛ, ɔdɔ na ɛsɛ sɛ okunu de yɛ n’asɛde.—Kolosefo 3:19.

  •   Ɔyere asɛde. Bible ka sɛ, ‘ɛsɛ sɛ ɔyere nya obu kɛse ma ne kunu.’ (Efesofo 5:33) Sɛ ɔyere gye asɛde a Onyankopɔn de ama ne kunu no tom a, ɛma Onyankopɔn ani gye.

     Ɔbea warefo asɛde ne sɛ ɔbɛboa ne kunu. Ɔboa no ma osisi gyinae pa, na asɛde a Yehowa de ama ne kunu sɛ abusua ti no nso, ɔboa no ma odi ho dwuma. (Genesis 2:18) Dwuma titiriw a wɔde ahyɛ mmea awarefo nsa no, mmea a wɔyɛ no yiye no, Bible kamfo wɔn paa.—Mmebusɛm 31:10.

 Ɛnnɛ mmere yi, Onyankopɔn ahyɛ mmara sɛ, sɛ obi ware a, kyinkyin ara a ɛsɛ sɛ ɔwo anaa?

 Daabi. Tete mmere mu no, Onyankopɔn hyɛɛ da maa ne nkurɔfo bi mmara sɛ wɔnwo. (Genesis 1:28; 9:1) Nanso Kristofo de, saa mmara no nkyekyere wɔn. Yesu anka wɔ baabiara sɛ ɛsɛ sɛ n’akyidifo wo mma. Saa ara nso na n’asuafo a wodi kan no biara nso anka wɔ baabiara sɛ ɛsɛ sɛ awarefo wo mma. Awarefo ankasa na ɛsɛ sɛ wosi gyinae sɛ wɔbɛwo anaa wɔrenwo.

 Sɛn na Bible betumi aboa me ama m’aware asɔ?

 Afotusɛm wɔ Bible mu a ebetumi aboa wɔn a wɔaware foforo ama wɔn aware asɔ. Sɛ awarefo de Bible afotusɛm yɛ adwuma a, ɛremma wati-me-waka-me mma wɔn aware mu, na sɛ ɔhaw bi ba aware no mu mpo a, wobetumi de Bible afotusɛm asiesie.

 Bible afotusɛm betumi aboa awarefo . . .

a Sɛ wopɛ nea Bible aka afa fie anaa amanne kwan so aware ho a, hwɛ October 15, 2006 Ɔwɛn-Aban no, kratafa 21, nkyekyɛm 12.