Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

BIBLE NO ADWENE

Awaresɛe

Awaresɛe

Nnipa dodow no ara kasa tia awaresɛe, nanso awaresɛe da so ara di mmusua pii nya.

Dɛn ne awaresɛe?

NEA NKURƆFO KA

Aman bi so no, sɛ obi fi ne hokafo akyi a, wɔmfa no asɛm biara. Na mmarima mpo deɛ, wɔkyerɛ sɛ wɔwɔ hokwan sɛ wɔyɛ saa. Ebinom nso afa awareɛ sɛ kuw bi a wɔbɛtumi adɔm nnɛ, ɔkyena na wɔafi mu.

NEA BIBLE KA

Bible ka awaresɛe a, nea ɛkyerɛ ne sɛ ɔbarima anaa ɔbaa bɛfi ne hokafo akyi ne obi foforo ada. (Hiob 24:15; Mmebusɛm 30:20) Onyankopɔn kyi awaresɛe kɔkɔɔkɔ. Tete Israel no, sɛ obi sɛe awareɛ a, na ɔde ne nkwa twa so. (Leviticus 18:20, 22, 29) Yesu kyerɛkyerɛɛ n’akyidifo sɛ wɔntwe wɔn ho mfi awaresɛe ho.—Mateo 5:27, 28; Luka 18:18-20.

NEA ENTI A ƐHO HIA

Obi sɛe awareɛ a, na wasɛe apam a ɔne ne hokafo ayɛ. Ɛyɛ ‘bɔne a ɛtia Onyankopɔn’ nso. (Genesis 39:7-9) Awaresɛe tumi tete awofo ne wɔn mma ntam yayaaya. Aniberesɛm a ɛwom koraa ne sɛ, Bible ka sɛ ‘Onyankopɔn bɛbu awaresɛefoɔ atɛn.’—Hebrifoɔ 13:4.

“Momma awareɛ ho mmra nyam, na monngu awareɛ mpa ho fĩ.”Hebrifoɔ 13:4.

Awaresɛe bɛtumi agu awareɛ koraa?

NEA BIBLE KA

Sɛ ɔbarima anaa ɔbaa fi ne hokafo akyi a, Bible ma kwan sɛ nea asɛm nni ne ho no bɛtumi agyae awareɛ. (Mateo 19:9) Ɔpɛ nso a ɔbɛkɔ so ne no atena; ɛyɛ ɔno ara gyinaesi.—Galatifoɔ 6:5.

Nanso ɛsɛ sɛ yɛkae sɛ Onyankopɔn bu awareɛ sɛ ade kronkron a ɛsɛ sɛ ɛtena hɔ afebɔɔ. (1 Korintofoɔ 7:39) Enti obi rentumi nnyina asɛm a ɛnyɛ asɛm biara so nnyaa awareɛ. Sɛ n’ani nnye ne hokafo ho mpo a, ɔrentumi nka sɛ ɔregyaa no. Onyankopɔn kyi biribi a ɛte saa koraa. Enti worentumi nsɔre kɛkɛ nka sɛ woregyae awareɛ.—Malaki 2:16; Mateo 19:3-6.

“Mese mo sɛ, sɛ ɛnyɛ adwamammɔ nti na obi gyaa ne yere a, ɛbɛtumi ama ɔbaa no asɛe awareɛ.”Mateo 5:32.

Sɛ obi sɛe awareɛ a Onyankopɔn remfa nkyɛ no koraa anaa?

NEA BIBLE KA

Dabi. Bible ka sɛ, sɛ obi yɛ bɔne na ɔnnu ne ho a Onyankopɔn de bɛkyɛ no. Saa ara na sɛ awaresɛefoɔ nu wɔn ho a, ɔde bɛkyɛ wɔn. (Asomafoɔ Nnwuma 3:19; Galatifoɔ 5:19-21) Nokwasɛm ni, Bible ma yɛhu sɛ mmarima ne mmaa bi wɔ hɔ a kan no na wɔyɛ awaresɛefoɔ, nanso wɔgyaee na wɔbɛyɛɛ Onyankopɔn nnamfo mpo.—1 Korintofoɔ 6:9-11.

Tete Israel hene Dawid faa ne sraani bi yere, nanso Onyankopɔn huu no mmɔbɔ. (2 Samuel 11:2-4) Bible kaa pefee sɛ ‘adeɛ a Dawid yɛeɛ no ansɔ Onyankopɔn ani.’ (2 Samuel 11:27) Onyankopɔn kaa Dawid anim na ɔno nso gyee ne mfomso toom, enti ɔde kyɛɛ no. Nanso Dawid amfa ne ho anni korakora; ɔtwaa ne bɔne no so aba. (2 Samuel 12:13, 14) Akyiri yi, Ɔhene Solomon kaa sɛ ‘obiara a ɔsɛe awareɛ no nni ti.’—Mmebusɛm 6:32.

NEA WOBƐTUMI AYƐ

Sɛ woasɛe awareɛ a, ɛsɛ sɛ wosrɛ Onyankopɔn hɔ bɔne fafiri na wopa wo hokafo kyɛw. (Dwom 51:1-5) Onyankopɔn kyi awaresɛe, enti ɛnsɛ sɛ wode di agorɔ koraa. (Dwom 97:10) Ɛnneɛ, si wo bo sɛ worenhwɛ ponografi na worennwennwene aguamansɛm ho. Afei mfi wo kunu anaa wo yere akyi mfa wo ho nhyehyɛ ɔbarima anaa ɔbaa foforo. Bɔ mmɔden sɛ wobɛkwati biribiara a ɛbɛma woakyerɛ obi a ɔnyɛ wo hokafo ho anigye.—Mateo 5:27, 28; Yakobo 1:14, 15.

Sɛ wo kunu anaa wo yere asɛe awareɛ a, ka wo koma to wo yam, efisɛ Onyankopɔn nim nea worefam. (Malaki 2:13, 14) Dan w’adesoa to ne so; ɔbɛkyekye wo werɛ, na “ɔbɛsɔ wo mu.” (Dwom 55:22) Sɛ wopɛ sɛ wode wo kunu anaa wo yere bɔne kyɛ no na mokɔ so ware a, ɛsɛ sɛ moyɛ nea mobɛtumi nyinaa ma awareɛ no gyina.—Efesofoɔ 4:32.

Bere a Dawid yɛɛ bɔne na ɔnuu ne ho no, odiyifo Natan ka kyerɛɛ no sɛ, “Yehowa nso de wo bɔne akyɛ wo.”2 Samuel 12:13.