Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Nea Ɛma Abusua Nya Anigye

Sɛnea Wobɛkyerɛ Obu Ama Wo Hokafo

Sɛnea Wobɛkyerɛ Obu Ama Wo Hokafo

Will * ka sɛ: “Sɛ biribi haw Rachel a, otumi su saa ara. Sɛ yɛtena ase sɛ yɛresusuw nea ɛhaw no no ho a, ne bo fuw anaasɛ ommue n’ano mpo na wakasa. Ɛte sɛ nea meyɛ ho hwee a, ɛnyɛ yiye no. M’abam reyɛ abu.”

Rachel ka sɛ: “Bere a Will baa fie no, na meresu. Mebɔɔ mmɔden sɛ mɛkyerɛkyerɛ no nea ɛhaw me no mu akyerɛ no, nanso otwaa m’ano. Ɔka kyerɛɛ me sɛ, ɛnyɛ asɛm biara, enti mintwa so. Saa a ɔkae no koraa na ɛsɛe asɛm no.”

SO ƐTƆ bere bi a, wote nka te sɛ Will anaa Rachel? Wɔn baanu nyinaa pɛ sɛ wɔbɔ nkɔmmɔ, nanso ɛnkyɛ na wɔn abam abu. Dɛn ntia?

Ɛsono sɛnea mmarima ne mmea nyinaa kyerɛkyerɛ wɔn nsɛm mu, na ɛsono sɛnea wɔn mu biara nso te. Ebia ɔbea bɛpɛ sɛ mpɛn pii no ɔka ne komam asɛm penpen. Nanso, mmarima pii bɔ mmɔden sɛ wobesiesie ɔhaw ahorow a ɛsɔre no ntɛm sɛnea ɛbɛyɛ a asɛm no rennye nsam. Ɛnde, wobɛyɛ dɛn atumi adi nsonsonoe a ɛda ɔbarima ne ɔbea ntam yi so na woatumi ne wo hokafo abɔ nkɔmmɔ? Ɛno ara ne sɛ wobɛkyerɛ obu ama wo hokafo no.

Obi a obu ade di afoforo ni na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛte wɔn ase. Ebia wufi wo mmofraase asua sɛ wobɛkyerɛ obu ama mpanyimfo. Nanso, wɔ aware mu no, ebetumi ayɛ den sɛ wobɛkyerɛ obu ama obi a wo ne no bɔ atipɛn—wo hokafo. Linda a w’aware mfe awotwe ni no ka sɛ: “Ná minim sɛ Phil nya abotare tie obiara a ɔne no bɔ nkɔmmɔ, na ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛte onipa ko no ase. Na na mepɛ sɛ otie me nso saa ara.” Ebia wo nso, wunya abotare tie wo nnamfo ne mpo nnipa a wunnim wɔn, na wo ne wɔn kasa wɔ obu so. Nanso, so saa ara na woyɛ wo hokafo?

Animtiaabu de abufuw ba abusua mu, na ɛde wontwiwontwi nso ba. Ɔhene nyansafo bi kae sɛ: “Paanoo wosee a wodi wɔ asomdwoe mu ye sen apontow fie a akasakasa ahyɛ hɔ mã.” (Mmebusɛm 17:1, Contemporary English Version) Bible ka kyerɛ okunu sɛ onni ne yere ni. (1 Petro 3:7) Ɛsan ka kyerɛ ‘ɔyere sɛ onnya obu kɛse mma ne kunu.’—Efesofo 5:33.

Wobɛyɛ dɛn afi obu mu ne wo hokafo abɔ nkɔmmɔ? Susuw Bible mu afotusɛm a mfaso wɔ so yi ho.

Bere a Wo Hokafo Pɛ sɛ Ɔka Asɛm Kyerɛ Wo

Nsɛnnennen:

Nnipa pii ani gye ho sɛ wɔbɛkasa sen sɛ wobetie asɛm. So wote saa? Bible ka sɛ ɛyɛ nkwaseasɛm sɛ ‘obi bebua asɛm ansa na wate.’ (Mmebusɛm 18:13) Enti, ansa na wobɛkasa no, di kan tie asɛm no mu. Dɛn ntia? Kara a waware bɛyɛ mfe 26 ni no ka sɛ, “Sɛ me kunu di kan tie me na wanni me haw ho dwuma ntɛm ara mpo a, mepɛ. Ɛho nhia sɛ ɔne me yɛ adwene anaa ohu nea ɛde ɔhaw no bae. Nea merehwehwɛ ara ne sɛ obetie m’asɛm na wate m’ase.”

Nea ɛne eyi bɔ abira no, mmarima ne mmea binom twentwɛn wɔn nan ase sɛ wɔbɛka wɔn nsɛm akyerɛ afoforo, na sɛ wɔn hokafo hyɛ wɔn sɛ wɔnka nea ɛhaw wɔn nkyerɛ wɔn a, ɛma wɔyɛ basaa. Lorrie a ɔwaree nnansa yi ara no abehu sɛ ne kunu taa de nsɛm hyɛ ne mu kyɛ ansa na waka. Ɔka sɛ, “Sɛ ɛba saa a, ɛsɛ sɛ minya ne ho abotare kosi bere a n’ankasa pɛ sɛ ɔkasa.”

A Solution:

Sɛnea Wubedi Ho Dwuma: Sɛ ɛho hia sɛ wo ne wo hokafo susuw asɛm bi a ebetumi asɛe mo ntam asomdwoe ho a, ka ho asɛm bere a mo baanu nyinaa bo adwo na mubetumi akasa a abufuw biara remma. Na sɛ wo hokafo no mpɛ sɛ ɔkasa nso ɛ? Hyɛ no nsow sɛ “onipa komam nsusuwii te sɛ nsu a ɛwɔ abura a emu dɔ mu, na nea ɔwɔ nhumu na obetumi asaw.” (Mmebusɛm 20:5, Today’s English Version) Sɛ wotwe ade a wɔde saw nsu fi abura mu ɔhare so a, nsu no bebree behwie agu. Saa ara na sɛ wo ne wo hokafo ankasa yiye a, ɛbɛyɛ den ama no sɛ obegye ne mfomso atom na ɛremma wuntumi nhu nea ɛwɔ ne komam. Mmom no, tɔ wo bo ase na fa obu bisabisa wo hokafo no nsɛm, na sɛ mmuae no mma sɛnea wohwehwɛ mpo a, kɔ so nya ne ho abotare.

Sɛ wo hokafo rekasa a ‘yɛ ntɛm tie, na yɛ nyaa kasa, na yɛ nyaa fa abufuw.’ (Yakobo 1:19) Obi a ɔyɛ otiefo pa no ntie asɛm kɛkɛ na mmom ɔbɔ mmɔden sɛ ɔbɛte onipa no ase. Sɛ wo hokafo rekasa a, bɔ mmɔden sɛ wobɛte n’ase. Sɛnea wubetie wo hokafo no bɛma wahu sɛ wubu no anaa wummu no.

Yesu kyerɛkyerɛɛ yɛn sɛnea ɛsɛ sɛ yetie asɛm. Sɛ nhwɛso no, bere a ɔbarima bi a ɔyare kɔɔ Yesu nkyɛn sɛ ɔmmoa no no, Yesu anni ɔhaw no ho dwuma amonom hɔ ara. Odii kan tiee ɔbarima no adesrɛ. Na afei ɔmaa nea ɔtee no kaa no kɛse. Awie koraa no, ɔsaa ɔbarima no yare. (Marko 1:40-42) Sɛ wo hokafo rekasa a, suasua nea Yesu yɛe no. Kae sɛ, wo hokafo no pɛ sɛ wufi komam tie no, ɛnyɛ ɔhaw no ano aduru na ɔpɛ sɛ wode ma no ntɛm. Enti tie no yiye. Na bɔ mmɔden sɛ wobɛte nka ama no. Ɛno ansa na woadi wo hokafo no ahiade no ho dwuma. Sɛ woyɛ saa, na worekyerɛ sɛ wubu no.

SƆ EYI HWƐ: Bere foforo a wo hokafo ne wo bɛkasa no, bɔ mmɔden sɛ worempere wo ho mma no mmuae. Twɛn ma n’ano nsi ansa woakasa, na ɛbɛma woate nea ɔkae no ase. Afei akyiri yi bisa wo hokafo no sɛ, “So wotee nka sɛ na meretie w’asɛm no yiye?”

Bere a Wopɛ sɛ Wokyerɛ W’adwene

Nsɛnnennen:

Linda a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no ahyɛ no nsow sɛ, “Wɔn a woyi nsɛnkwaa wɔ TV so no ama ayɛ te sɛ nea sɛ obi ka ne hokafo ho asɛmmɔne, n’ano yɛ yaw, anaa otutu nsɛm bumbum a, mfomso biara nni ho.” Wɔtetee ebinom wɔ afie a wɔpɛ atɛnnidi mu. Akyiri yi sɛ wɔware a, ɛyɛ den ma wɔn sɛ wobegyae saa su no. Ivy a ɔte Canada ka sɛ: “Wɔtetee me wɔ beae a atɛnnidi, nteɛteɛm ne animtiaabu kɔ so daa.”

Sɛnea Wubedi Ho Dwuma:

Sɛ wo ne afoforo redi wo hokafo ho nkɔmmɔ a, ka ‘asɛm biara a eye ma nkɔso a ehia, na ɛde nsɛm a mfaso wɔ so ma atiefo.’ (Efesofo 4:29) Sɛ woreka wo hokafo ho asɛm a, ka nsɛm a ɛbɛma afoforo abu no.

Sɛ ɛka wo ne wo hokafo nkutoo mpo a, bɔ mmɔden sɛ worenni no atɛm anaa woremmu no animtiaa. Wɔ tete Israel no, Mikal bo fuw ne kunu Ɔhene Dawid. Ɔkasa tiaa no kae sɛ, ɔyɛɛ n’ade tɛ sɛ “mmarima ahuhufo no bi.” Mikal nsɛm no hyɛɛ Dawid abufuw, na Onyankopɔn nso ani annye nsɛm a Mikal kae no ho. (2 Samuel 6:20-23) Dɛn na yesua fi mu? Sɛ wo ne wo hokafo rekasa a, hwɛ wo kasa yiye. (Kolosefo 4:6) Phil a w’aware mfe awotwe no ka sɛ ɛnyɛ bere nyinaa na ɔne ne yere adwene hyia wɔ nsɛm ho. Wahyɛ no nsow sɛ, ɛtɔ mmere bi a, asɛm a ɔka no sɛe asɛm no koraa. “M’ahu sɛ mmɔden a mebɔ sɛ mɛma m’asɛm ayɛ dɛ no mmom na ɛsɛe asɛm no. M’ahu sɛ sɛ yɛbɔ mmɔden ma asomdwoe tena yɛn ntam a, ɛma yɛn akomatɔyam na yɛn ani gye nso.”

Okunafo bi a ɔtenaa ase tete bere mu no hyɛɛ ne nsenom nkuran sɛ “munnya homebea wɔ mo kununom fie.” (Rut 1:9) Sɛ awarefo di wɔn ho wɔn ho ni a, wɔma wɔn fie yɛ “homebea.”

SƆ EYI HWƐ: Wo ne wo hokafo mpɛ bere mfa nsusuw nyansahyɛ ahorow a wɔde ama wɔ asɛmti ketewa yi ase no ho. Bisa wo hokafo no sɛ: “Sɛ meka wo ho asɛm wɔ baguam a, so wote nka sɛ m’adi wo ni anaasɛ m’abrɛ wo ase? Nsakrae bɛn na ɛfata sɛ meyɛ?” Sɛ wo hokafo rekasa a, yɛ aso tie no yiye. Bɔ mmɔden sɛ wode nyansahyɛ ahorow no bedi dwuma.

Gye Tom sɛ Wo Ne Wo Hokafo Nyɛ Pɛ

Nsɛnnennen:

Wɔn a wɔaware foforo no mu bi di mfomso susuw sɛ, sɛ Bible ka sɛ wɔyɛ “ɔhonam koro” a, ɛkyerɛ sɛ ɛsɛ sɛ awarefo no nsusuwii anaa wɔn suban yɛ biako. (Mateo 19:5) Nanso ɛnkyɛ koraa na wɔabehu sɛ adwene a ɛte saa nteɛ. Enti sɛ wonya ware a, sɛnea wɔn mu biara suban te no taa de akasakasa ba wɔn ntam. Linda ka sɛ: “Nsonsonoe kɛse biako a ɛda mene Phil ntam ne sɛ ɔmfa nneɛma nhaw ne ho pii te sɛ me. Ɛtɔ bere bi na sɛ asɛm bi haw me a, mihu sɛ ɔno de hwee nhaw no, na sɛ ɛba saa a me bo tumi fuw, efisɛ ɛma mete nka sɛ hwee mfa ne ho.”

Sɛnea Wubedi Ho Dwuma:

Gye tom sɛ ɛsono wo hokafo no ɛnna ɛsono wo nso, enti sɛnea wo hokafo te biara no, kyerɛ obu ma no. Mfatoho bi ni: Ɛsono w’ani na ɛsono w’aso; nanso wɔbom yɛ adwuma na ama watumi atwa kar kwan mu a asiane biara nto wo. Adrienne a waware bɛyɛ mfe aduasa ni no ka sɛ: “Mpɛn dodow a yɛn nsusuwii ntia Onyankopɔn Asɛm no, yegye obiara adwenkyerɛ tom. Anyɛ yiye koraa no, yɛyɛ awarefo, na yɛnyɛ nipadua biako.”

Sɛ wo ne wo hokafo adwene nhyia wɔ asɛm bi ho a, nhwɛ nea ɛfa wo nkutoo ho. Susuw sɛnea wo hokafo nso te nka no ho. (Filipifo 2:4) Adrienne kunu Kyle ka sɛ: “Ɛnyɛ bere nyinaa na mete me yere ase anaa mene no yɛ adwene wɔ nsɛm ho. Nanso memma me werɛ mmfi sɛ me dɔ me yere paa sen me nsusuwii. Sɛ n’ani gye a, me nso m’ani gye paa.”—w11-E 08/1.

SƆ EYI HWƐ: Kyerɛw akwan a wo hokafo fa so di nneɛma ho dwuma a eye sen sɛnea wudi nneɛma ho dwuma no.—Filipifo 2:3.

Ɔkwan biako a awarefo bɛfa so anya anigye na wɔn aware atena hɔ daa ne sɛ wɔbɛkyerɛ obu ama wɔn ho. Linda a yɛkaa ne ho asɛm mfiase no ka sɛ, “Sɛ awarefo da obu adi wɔ wɔn aware mu a, ɛma wonya ahobammɔ ne abotɔyam. Ɛda adi pefee sɛ obu yɛ su pa a ɛsɛ sɛ awarefo nya.”

^ nky. 3 Wɔasesa din ahorow no.

BISA WO HO SƐ . . .

  • Ɔkwan bɛn so na sɛnea me hokafo te no boa yɛn abusua no?

  • Dɛn nti na ɛyɛ papa sɛ mete me hokafo ase bere biara a nea ɔka no ntia Bible nnyinasosɛm no?