Kɔ emu nsɛm afã hɔ

MMOA A WƆDE MA ABUSUA NO | AWARE

Mma Abɛɛfo Mfiri Nnnye Wo Mmmɔ So

Mma Abɛɛfo Mfiri Nnnye Wo Mmmɔ So

 Abɛɛfo mfiri ayɛ ɔdomfo-kumfo; ebetumi ama w’aware ayɛ yiye na ebetumi nso ama no ayɛ basaa. Aka w’aware sɛn?

 Nea ɛsɛ sɛ wuhu

  •   Sɛ wode abɛɛfo mfiri yɛ adwuma ne kwan so a, ebetumi ama w’aware ayɛ yiye. Awarefo sei, sɛ obiara kɔ n’adwuma a, wotumi de di nkitaho sɛnea ɛbɛyɛ a obiara bɛte ne yɔnko nka.

     “Sɛ wokyerɛw text message ketewa bi kɔma wo kunu anaa wo yere ka kyerɛ no sɛ ‘Medɔ wo’ anaa ‘Mafe wo’ a, ɛboa paa.”—Jonathan.

  •   Sɛ woamfa abɛɛfo mfiri anyɛ adwuma ne kwan so a, ebetumi ama w’aware ayɛ basaa. Ebinom wɔ hɔ a, daa na wɔn ani si wɔn fon anaa wɔn kɔmputa so. Ɛba saa a, wonnya wɔn yere anaa wɔn kunu ho adagyew papa.

     “Minim paa sɛ da bi wɔ hɔ a, me kunu nyae a anka ɔne me bedi nkɔmmɔ paa, nanso fon a m’ani si so nti, ɛyɛ a na wapɛ ne baabi atena.”—Julissa.

  •   Ebinom ka sɛ, sɛ wɔn ani si fon anaa kɔmputa so mpo a, wobetumi ne wɔn yere anaa wɔn kunu adi nkɔmmɔ kama. Awuraa bi a yɛfrɛ no Sherry Turkle asua nnipa ho nsɛm kɔ akyiri paa. Ɔkyerɛkyerɛ mu sɛ, “Sɛ obi ka sɛ obetumi akeka nneɛma abɔ so ayɛ ne nyinaa yiye a, ɛnyɛ nokware.” Ebinom adwene yɛ wɔn sɛ, sɛ wutumi keka nneɛma pii bɔ so yɛ ne nyinaa a, ɛkyerɛ sɛ woyɛ adeɛ, nanso ɛnte saa. Awuraa no toaa n’asɛm no so sɛ, “Sɛ wokeka nneɛma bɔ so pii a, ebiara nni hɔ a wubetumi ayɛ no yiye.” a

     “Sɛ me ne me kunu bɔ nkɔmmɔ a, m’ani gye paa, nanso sɛ yɛrebɔ nkɔmmɔ na ɔresan ayɛ biribi foforo a, ɛmma m’ani nnye. Sɛ me ne no rebɔ nkɔmmɔ na ɔde ne fon anaa ne kɔmputa reyɛ biribi foforo a, ɛyɛ me sɛ me ho nhia no.”—Sarah.

 Nea yɛreka akosi: Abɛɛfo mfiri betumi ama w’aware ayɛ yiye, na ebetumi nso ama no agyigya. Ne nyinaa ne sɛnea wode bɛyɛ adwuma.

 Nea wubetumi ayɛ

 Yɛ nea ehia ansa na woayɛ nea ɛfata. Bible ka sɛ: ‘Yɛnhwehwɛ mu nhu nneɛma a ehia paa no.’ (Filipifo 1:10) Bisa wo ho sɛ, ‘Enti bere a me ne me yere sɛe no wɔ abɛɛfo mfiri ho nti, ɛmma yennya adagyew mma yɛn ho anaa?’

 “Ɛtɔ da a na barima ne ne yere apue akɔtena baabi redidi, nanso wobɛhwɛ na obiara ani si ne fon so. Ɛyɛ awerɛhow paa. Yɛmpɛ sɛ abɛɛfo mfiri de yɛn bɛyɛ nkoa ama yɛn werɛ afi ade a ɛho hia paa no. Ɛno ne adagyew yebenya ama yɛn ho.”—Matthew.

 Mma no nnnye wo bere nyinaa. Bible ka sɛ: “Monhwɛ mo abrabɔ yiye paa na sɛnea monantew no anyɛ sɛ wɔn a wonnim nyansa na mmom sɛ anyansafo, na momfa mo bere nyɛ nneɛma a ɛho hia.” (Efesofo 5:15, 16) Bisa wo ho sɛ, ‘Text message a ɛho nhia sɛ migyina so kan na mema ho mmuae no, metumi ayi bere bi asi hɔ a mede bɛyɛ ho adwuma na ankɔba sɛ message a ɛbɛba biara megyae nea mereyɛ akɔkan ama ho mmuae?’

 “Ɛyɛ a mede me fon to silent sɛnea ɛbɛyɛ a sɛ obi frɛ anaa obi sɛnde me message a ɛrenyɛ dede. Mahu sɛ ɛboa paa. Ɛntaa mma sɛ menya call anaa text message anaa e-mail a ehia sɛ migyina so ma ho mmuae ɛhɔ ara.”—Jonathan.

 Sɛ ɛbɛyɛ yiye a, mfa adwuma nkɔ fie. Bible ka sɛ: “Biribiara wɔ ne bere a wɔahyɛ ato hɔ.” (Ɔsɛnkafo 3:1) Bisa wo ho sɛ: ‘Meba fie a ɛyɛ a meyɛ adwuma wɔ fon so ma enti minnya bere mma me yere ne me mma anaa? Sɛ saa na ɛte a, bisa wo ho sɛ, aka m’aware sɛn? Sɛ yebisa me yere anaa me kunu a, ɛdɛn na ɔbɛka?’

 “Abɛɛfo mfiri nti, yetumi yɛ adwuma bere biara wɔ baabiara. Mabɔ me ho mmɔden paa sɛ, sɛ me ne me yere wɔ hɔ a, merentaa nhwɛ fon so na merentaa nyɛ m’adwuma ho biribiara wɔ fon.”—Matthew.

 Wo ne wo yere anaa wo kunu nsusuw ho nhwɛ sɛnea mode abɛɛfo mfiri bɛyɛ adwuma. Bible ka sɛ: “Obiara nnhwehwɛ nea eye ma ɔno nko ara, na mmom ɔnhwehwɛ ne yɔnko nso de bi.” (1 Korintofo 10:24) Wo ne wo yere, sɛnea obiara de abɛɛfo mfiri yɛ adwuma no, monka ho asɛm. Na sɛ ehia sɛ mosesa mu nso a, monka ho asɛm. Asɛm a yɛato din ‘nea ɛbɛboa mo ama moasusuw ho’ no, mubetumi de ayɛ adwuma.

 “Me ne me kunu nyinaa, sɛ obiara hu sɛ fon anaa tablet reyɛ agye ne yɔnko abɔ so a, yɛka ho asɛm; yɛmfa nsie. Yɛn nyinaa hu sɛ ebetumi de ɔhaw aba, enti sɛ obiara ka n’adwene a, obiara tie no yiye.”—Danielle.

 Nea yɛreka akosi: Hwɛ na woamma abɛɛfo mfiri amfa wo anyɛ akoa.

a Efi nhoma a yɛato din Reclaiming Conversation—The Power of Talk in a Digital Age mu.