Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Kɔ emu nsɛm afã hɔ

Sɛnea Wosiesie Ɔhaw Ahorow

Sɛnea Wosiesie Ɔhaw Ahorow

Nea Ɛma Abusua Nya Anigye

Sɛnea Wosiesie Ɔhaw Ahorow

Ɔbarima no ka sɛ: “Mmofra no wɔ he?”

Ɔbea no ka sɛ: “Wɔrekɔtotɔ ntade foforo wɔ sotɔɔ kɛse no mu.”

Ɔbarima no ka sɛ: [Ɔde abufuw teɛteɛɛm] “Wose dɛn, ‘wɔrekɔtɔ ntade foforo’? Ɛnyɛ bosome a etwaam yi ara na wɔtɔɔ ntade foforo?”

Ɔbea no ka sɛ: [Oyi ne ho ano, ɛyɛ ne yaw sɛ ne kunu rebɔ no sobo] “Wɔatetew nneɛma so ntia, nanso wodii kan bisaa me, na mekae sɛ wobetumi akɔ.”

Ɔbarima no ka sɛ: [Ne bo fuw na ɔteɛteɛɛm] “Wunim sɛ mempɛ sɛ yɛn mmabea no bɛtotɔ nneɛma a minnim ho hwee! Dɛn nti na woperee wo ho sii gyinae saa a woanka ankyerɛ me?”

ƆHAW bɛn na wususuw sɛ awarefo a yɛafa wɔn asɛm aka yi wɔ a ɛsɛ sɛ wosiesie? Ɛda adi sɛ ɔbarima no ntumi nhyɛ n’abufuw so. Ɛno akyi no, ɛte sɛ nea awarefo no adwene nhyia wɔ nneɛma a ɛsɛ sɛ wɔma wɔn mma no kwan ma wɔyɛ ho. Na ɛte sɛ nea wɔn ntam nkitahodi nso nyɛ papa.

Aware biara nni hɔ a ɔhaw nni mu. Awarefo nyinaa behyia ɔhaw bi wɔ wɔn aware mu. Sɛ́ ebia ɔhaw no so anaa esua no, ɛho hia paa sɛ okunu ne ɔyere sua sɛnea wobesiesie ɔhaw no. Dɛn ntia?

Sɛ ɔhaw bi sɔre na wɔanka ho asɛm ma amfi hɔ a, bere kɔ so no ɛbɛyɛ te sɛ ɔfasu a esiw nkitahodi kwan. Ɔhene nyansafo Salomo kae sɛ: “Atutuw te sɛ abankɛse akyi adaban.” (Mmebusɛm 18:19) Sɛ moresiesie ɔhaw bi a, dɛn na wobɛyɛ na moatumi adi nkitaho yiye?

Nkitahodi yɛ ade titiriw wɔ aware mu, nanso ɔdɔ ne obu ho hia na ama nkitahodi akɔ so yiye. (Efesofo 5:33) Sɛ awarefo resiesie ɔhaw bi a, ɔdɔ bɛka wɔn ma wɔabu wɔn ani agu mfomso bi a atwam ne yaw a ɛma wodii no so, na wɔde wɔn adwene asi asɛm a aba no so. (1 Korintofo 13:4, 5; 1 Petro 4:8) Awarefo a wɔda obu adi no ma kwan ma wɔn yɔnko fi ne komam kasa na wɔbɔ mmɔden sɛ wɔbɛte nea wɔn yɔnko reka no ase, na ɛnyɛ sɛ wobetie kɛkɛ.

Nneɛma Anan a Ɛboa Ma Wosiesie Ɔhaw

Susuw nneɛma anan a ɛwɔ ase ha yi ho, na hyɛ sɛnea Bible nnyinasosɛm yi betumi aboa wo ma moasiesie ɔhaw wɔ ɔdɔ ne obu mu no nsow.

1. Pɛ bere a mode besusuw asɛm no ho. “Ade biara wɔ ne bere a wɔahyɛ . . . kommyɛ wɔ ne bere, na kasa wɔ ne bere.” (Ɔsɛnkafo 3:1, 7) Sɛnea ɛda adi wɔ akasakasa a yedii kan kaa ho asɛm no mu no, ɔhaw no bi betumi de abufuw aba. Sɛ ɛba saa a, hyɛ wo ho so na twa asɛm no so—‘yɛ komm’—ansa na wo anaa wo hokafo no abufuw mu ayɛ den. Sɛ wutie Bible afotu yi a, wubetumi akwati aware mu ɔhaw pii: “Atutuw mfiase te sɛ nsu ano tue, enti ɔham mu nnya nyɛɛ den no, gyae.”—Mmebusɛm 17:14.

Nanso, “kasa [nso] wɔ ne bere.” Ɔhaw te sɛ wura, sɛ wugyae no a, enyin ntɛmntɛm. Enti mmu w’ani ngu ɔhaw no so, na nhwɛ kwan sɛ ebefi hɔ. Sɛ wutwa asɛm no so a, hwehwɛ bere pa a wode bɛka ho asɛm fa kyerɛ sɛ wubu wo hokafo no, nanso hwɛ sɛ ɛrenkyɛ pii ansa na woayɛ saa. Biribi a ɛte saa a wobɛyɛ no bɛboa mo baanu nyinaa ma mode Bible mu afotu yi ayɛ adwuma: “Mommma owia nnkɔtɔ mo so mo abufuw mu.” (Efesofo 4:26) Nokwarem no ɛsɛ sɛ wohwɛ di ho dwuma sɛnea wobɔɔ wo tirim no.

SƆ EYI HWƐ: Nnawɔtwe biara paw bere pɔtee bi a mubetumi de asusuw mo abusua mu ɔhaw ho. Sɛ wuhu sɛ bere pɔtee bi nyɛ mma wo sɛ wo ne wo hokafo besusuw ɔhaw bi ho—sɛ nhwɛso no, bere a woafi adwumam aba fie anaa ansa na wubedidi a—munsi gyinae sɛ morenka ho asɛm wɔ saa mmere no mu. Mmom no, paw bere a ɛda adi sɛ ɛbɛyɛ ama mo baanu nyinaa.

2. Fa obu ka nea ɛwɔ wo komam biara. “Mo mu biara nka nokware nkyerɛ ne yɔnko.” (Efesofo 4:25) Sɛ woaware a, nea ɔbɛn wo paa ne wo hokafo. Enti, sɛ worekasa akyerɛ wo hokafo a, fi wo komam ka asɛm pɔtee a ɛhaw wo. Margareta * a waware mfe 26 no ka sɛ: “Bere a mewaree foforo no, sɛ ɔhaw bi sɔre a, na mehwɛ kwan sɛ me kunu behu sɛnea mete nka. Mibehui sɛ ɛnte saa ankasa. Seesei mebɔ mmɔden sɛ mɛka nea ɛwɔ m’adwenem ne sɛnea mete nka no pefee.”

Ma ɛntra w’adwenem sɛ, sɛ moresusuw ɔhaw bi ho a, ɛnyɛ wo botae ne sɛ wubedi bem anaa wubedi wo tamfo bi so nkonim, na mmom sɛ́ wobɛma wo hokafo no ahu w’adwene. Sɛ wubetumi ayɛ saa yiye a, ka ɔhaw ko no, afei bere a ɛba, na kyerɛkyerɛ sɛnea ɛma wote nka mu. Sɛ nhwɛso no, sɛ wo hokafo gyaw nneɛma gu basabasa wɔ fie na ɛhyɛ wo abufuw a, wubetumi aka no obu mu sɛ, ‘Sɛ wufi adwuma ba fie na wode wo ntade gu fam a [bere a ɔhaw no ba ne ɔhaw ko], mete nka sɛ wunhu nea meyɛ wɔ fie ha [ɛkyerɛkyerɛ sɛnea wote nka ankasa mu].’ Afei fa anifere kwan so kyerɛ nea wususuw sɛ ebetumi ama ɔhaw no agyae.

SƆ EYI HWƐ: Nea ɛbɛboa wo ma woahu nea wobɛka yiye ansa na wo ne wo hokafo akasa no, kyerɛw nea wususuw sɛ ɛde ɔhaw no aba ne sɛnea wobɛpɛ sɛ musiesie ɔhaw no.

3. Tie wo hokafo na hu sɛnea ɔte nka. Osuani Yakobo kyerɛwee sɛ ɛsɛ sɛ Kristofo yɛ ‘ntɛm asɛntie ho, yɛ nyaa ɔkasa ho, yɛ nyaa abufuw ho.’ (Yakobo 1:19) Ade biako a ebetumi ayɛ yaw paa wɔ aware mu ne sɛ wubenya adwene sɛ wo hokafo nhu sɛnea wote nka wɔ ɔhaw bi ho no. Enti si wo bo sɛ worennya adwene a ɛte saa wɔ wo hokafo ho!—Mateo 7:12.

Wolfgang a waware mfe 35 no ka sɛ, “Sɛ yɛresusuw nneɛma a ɛhaw yɛn ho a, ɛyɛ a meyɛ basaa, titiriw bere a mete nka sɛ me yere nte m’asɛm ase no.” Dianna, a seesei waware mfe 20 no ka sɛ, “Metaa ka kyerɛ me kunu sɛ, sɛ yɛresusuw nsɛm ho a, ontie nea meka ankasa.” Wobɛyɛ dɛn adi saa ɔhaw yi so?

Nyɛ w’adwene sɛ wunim nea ɛwɔ wo hokafo tirim anaa sɛnea ɔte nka. Onyankopɔn Asɛm ka sɛ, “Ahantan de atutuw nko na ɛba, na wɔn a wotie afotu, nyansa ne wɔn te.” (Mmebusɛm 13:10) Ma wo hokafo kwan ma ɔnkasa a wuntwa n’ano fa kyerɛ sɛ wudi no ni. Afei, sɛnea ɛbɛyɛ a wubehu sɛ wotee nea ɔkae ase no, san fa wo ara wo nsɛm tĩ nea wo hokafo kae no mu kyerɛ no, a womfa abufuw nka anaa wunni ne ho fɛw. Sɛ woante biribi a wo hokafo no kae ase yiye a, ma kwan ma ɔnkyerɛkyerɛ mu yiye nkyerɛ wo. Nnye asɛm no nyinaa mmɔ so. Mo mu biara mma ne yɔnko kwan ma ɔnkyerɛkyerɛ n’asɛm mu kosi sɛ obiara bɛte adwene a ne yɔnko kura ne sɛnea ɔte nka ase.

Nokwarem no, egye ahobrɛase ne abotare na woatumi atie wo hokafo yiye na woagye ne nsusuwii atom. Nanso sɛ wudi kan di wo hokafo ni wɔ saa kwan no so a, ɛbɛyɛ mmerɛw ama no sɛ ɔno nso bedi wo ni.—Mateo 7:2; Romafo 12:10.

SƆ EYI HWƐ: Sɛ woretĩ wo hokafo asɛm a ɔkae mu a, fa wo ara wo nsɛm ka. Bɔ mmɔden sɛ wubefi ayamye mu aka sɛnea wote nea wo hokafo no reka ne sɛnea ɔte nka no ase.—1 Petro 3:8.

4. Momma mo adwene nhyia wɔ nea mobɛyɛ ho. “Baanu ye sen obiako, efisɛ wɔn brɛ mu akatua pa wɔ hɔ ma wɔn; na sɛ wɔhwe ase a, obiako bɛma ne yɔnko so.” (Ɔsɛnkafo 4:9, 10) Sɛ awarefo baanu no bom yɛ ade na wɔboa wɔn ho wɔn ho a, wobetumi adi wɔn aware mu ɔhaw pii ho dwuma.

Nokwarem no, Yehowa apaw okunu no sɛ abusua no ti. (1 Korintofo 11:3; Efesofo 5:23) Nanso sɛ ɔbarima yɛ ti a, ɛnkyerɛ sɛ ɔkasa a, ɛnsɛ sɛ obi ka bi. Okunu a onim nyansa renkwati ne yere nsisi gyinae. David, a waware mfe 20 no ka sɛ, “Mebɔ mmɔden sɛ me ne me yere adwene behyia wɔ nsɛm ho, na misi gyinae a ɛbɛboa yɛn baanu nyinaa.” Tanya a seesei waware mfe ason no ka sɛ: “Ɛnyɛ nea n’asɛm yɛ dɛ anaa n’asɛm nyɛ dɛ ne asɛm no. Ɛtɔ mmere bi a, ɛsono adwene a obiara kura wɔ sɛnea yebesiesie ɔhaw bi no ho. Mahu sɛ nea ɛboa ne sɛ wobɛyɛ fakaa na woanya ntease.”

SƆ EYI HWƐ: Sɛ mo baanu nyinaa kyerɛw akwan horow a mususuw sɛ mubetumi afa so asiesie ɔhaw no a, ebetumi ama moayɛ nneɛma abom. Sɛ wunnya biribiara nkyerɛw bio a, san hwɛ nea woakyerɛw no mu na fa nea mo baanu begye atom no yɛ adwuma. Nea edi hɔ no, paw bere bi a enni akyi pii a wode bɛhwɛ sɛ nea mugye toom no, wode ayɛ adwuma na ekowiee dɛn.

Mommom Nyɛ Ade, Obiara Ntew Ne Ho

Yesu de aware totoo kɔndua ho. (Mateo 19:6) Wɔ Yesu bere so no, na kɔndua yɛ dua a wɔde to mmoa abien kɔn mu sɛnea ɛbɛyɛ a wɔde bɛyɛ adwuma. Sɛ mmoa no anyɛ biako a, wɔrentumi nyɛ adwuma yiye na kɔndua no bemia wɔn kɔn. Sɛ wɔyɛ adwuma bom a, wobetumi atwe nneɛma a emu yɛ duru anaa wɔafuntum asase.

Saa ara na sɛ okunu ne ɔyere anyɛ adwuma ammom a, wobetumi ahyia ɔhaw pii wɔ wɔn aware mu. Nanso, sɛ wosua sɛ wɔbɛyɛ ade abom a, ɛkame ayɛ sɛ wobetumi asiesie ɔhaw biara, na ɛbɛboa wɔn paa. Ɔbarima bi a wɔfrɛ no Kalala a ɔwɔ anigye wɔ n’aware mu bɔ asɛm yi mua saa kwan yi so sɛ: “Mfe 25 ni, me ne me yere fi yɛn komam aka nea ɛhaw yɛn akyerɛ yɛn ho, yɛanya tema ama yɛn ho yɛn ho, yɛabɔ mpae ahwehwɛ Yehowa mmoa, na yɛde Bible nnyinasosɛm ayɛ adwuma de asiesie yɛn haw ahorow.” Wubetumi ayɛ saa?

BISA WO HO SƐ . . .

▪ Ɔhaw bɛn paa na mepɛ sɛ me ne me hokafo susuw ho?

▪ Mɛyɛ dɛn ahu sɛ mete sɛnea me hokafo te nka ankasa wɔ asɛm yi ho no ase?

▪ Sɛ mepɛ sɛ meyɛ nea mepɛ bere nyinaa a, ɔhaw bɛn na metumi ama asɔre?

[Ase hɔ asɛm]

^ nky. 17 Ɛnyɛ wɔn din ankasa ne no.